Revelation 6 (BOATCB2)
1 Afei mihuu sɛ Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka se, “Bra!” 2 Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔɔ sɛ nkonimdifo kodii nkonim. 3 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!” 4 Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Ɔmaa nea ɔte ne so no tumi se ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no afoa kɛse bi. 5 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kura nsania abien. 6 Metee biribi te sɛ nne bi fii ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukoraa yɛ da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso nsɛe ngo ne bobesa no!” 7 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anan no ano na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!” 8 Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din “Owu,” na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn. 9 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi, na ase na wɔn a wokum wɔn wɔ asɛmpa no ne gyidi no ho adansedi akra wɔ. 10 Wɔde nne a ano yɛ den kae se, “Otumfo Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wokunkum yɛn?” 11 Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra nkosi sɛ wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho. 12 Na mihuu sɛ Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano yɛ den ba maa owia yɛɛ tumm sɛ birisii, na ɔsram yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. 13 Na nsoromma tetew fii soro bɛhwee asase so te sɛnea mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bun ma ɛtetew gu fam pɛ. 14 Ɔsoro yeraa te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne asupɔw fii wɔn atenae. 15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. 16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani renhu yɛn, na yemfi Oguamma no abufuw ano. 17 Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?”
In Other Versions
Revelation 6 in the ANGEFD
Revelation 6 in the ANTPNG2D
Revelation 6 in the AS21
Revelation 6 in the BAGH
Revelation 6 in the BBPNG
Revelation 6 in the BBT1E
Revelation 6 in the BDS
Revelation 6 in the BEV
Revelation 6 in the BHAD
Revelation 6 in the BIB
Revelation 6 in the BLPT
Revelation 6 in the BNT
Revelation 6 in the BNTABOOT
Revelation 6 in the BNTLV
Revelation 6 in the BOATCB
Revelation 6 in the BOBCV
Revelation 6 in the BOCNT
Revelation 6 in the BOECS
Revelation 6 in the BOGWICC
Revelation 6 in the BOHCB
Revelation 6 in the BOHCV
Revelation 6 in the BOHLNT
Revelation 6 in the BOHNTLTAL
Revelation 6 in the BOICB
Revelation 6 in the BOILNTAP
Revelation 6 in the BOITCV
Revelation 6 in the BOKCV
Revelation 6 in the BOKCV2
Revelation 6 in the BOKHWOG
Revelation 6 in the BOKSSV
Revelation 6 in the BOLCB
Revelation 6 in the BOLCB2
Revelation 6 in the BOMCV
Revelation 6 in the BONAV
Revelation 6 in the BONCB
Revelation 6 in the BONLT
Revelation 6 in the BONUT2
Revelation 6 in the BOPLNT
Revelation 6 in the BOSCB
Revelation 6 in the BOSNC
Revelation 6 in the BOTLNT
Revelation 6 in the BOVCB
Revelation 6 in the BOYCB
Revelation 6 in the BPBB
Revelation 6 in the BPH
Revelation 6 in the BSB
Revelation 6 in the CCB
Revelation 6 in the CUV
Revelation 6 in the CUVS
Revelation 6 in the DBT
Revelation 6 in the DGDNT
Revelation 6 in the DHNT
Revelation 6 in the DNT
Revelation 6 in the ELBE
Revelation 6 in the EMTV
Revelation 6 in the ESV
Revelation 6 in the FBV
Revelation 6 in the FEB
Revelation 6 in the GGMNT
Revelation 6 in the GNT
Revelation 6 in the HARY
Revelation 6 in the HNT
Revelation 6 in the IRVA
Revelation 6 in the IRVB
Revelation 6 in the IRVG
Revelation 6 in the IRVH
Revelation 6 in the IRVK
Revelation 6 in the IRVM
Revelation 6 in the IRVM2
Revelation 6 in the IRVO
Revelation 6 in the IRVP
Revelation 6 in the IRVT
Revelation 6 in the IRVT2
Revelation 6 in the IRVU
Revelation 6 in the ISVN
Revelation 6 in the JSNT
Revelation 6 in the KAPI
Revelation 6 in the KBT1ETNIK
Revelation 6 in the KBV
Revelation 6 in the KJV
Revelation 6 in the KNFD
Revelation 6 in the LBA
Revelation 6 in the LBLA
Revelation 6 in the LNT
Revelation 6 in the LSV
Revelation 6 in the MAAL
Revelation 6 in the MBV
Revelation 6 in the MBV2
Revelation 6 in the MHNT
Revelation 6 in the MKNFD
Revelation 6 in the MNG
Revelation 6 in the MNT
Revelation 6 in the MNT2
Revelation 6 in the MRS1T
Revelation 6 in the NAA
Revelation 6 in the NASB
Revelation 6 in the NBLA
Revelation 6 in the NBS
Revelation 6 in the NBVTP
Revelation 6 in the NET2
Revelation 6 in the NIV11
Revelation 6 in the NNT
Revelation 6 in the NNT2
Revelation 6 in the NNT3
Revelation 6 in the PDDPT
Revelation 6 in the PFNT
Revelation 6 in the RMNT
Revelation 6 in the SBIAS
Revelation 6 in the SBIBS
Revelation 6 in the SBIBS2
Revelation 6 in the SBICS
Revelation 6 in the SBIDS
Revelation 6 in the SBIGS
Revelation 6 in the SBIHS
Revelation 6 in the SBIIS
Revelation 6 in the SBIIS2
Revelation 6 in the SBIIS3
Revelation 6 in the SBIKS
Revelation 6 in the SBIKS2
Revelation 6 in the SBIMS
Revelation 6 in the SBIOS
Revelation 6 in the SBIPS
Revelation 6 in the SBISS
Revelation 6 in the SBITS
Revelation 6 in the SBITS2
Revelation 6 in the SBITS3
Revelation 6 in the SBITS4
Revelation 6 in the SBIUS
Revelation 6 in the SBIVS
Revelation 6 in the SBT
Revelation 6 in the SBT1E
Revelation 6 in the SCHL
Revelation 6 in the SNT
Revelation 6 in the SUSU
Revelation 6 in the SUSU2
Revelation 6 in the SYNO
Revelation 6 in the TBIAOTANT
Revelation 6 in the TBT1E
Revelation 6 in the TBT1E2
Revelation 6 in the TFTIP
Revelation 6 in the TFTU
Revelation 6 in the TGNTATF3T
Revelation 6 in the THAI
Revelation 6 in the TNFD
Revelation 6 in the TNT
Revelation 6 in the TNTIK
Revelation 6 in the TNTIL
Revelation 6 in the TNTIN
Revelation 6 in the TNTIP
Revelation 6 in the TNTIZ
Revelation 6 in the TOMA
Revelation 6 in the TTENT
Revelation 6 in the UBG
Revelation 6 in the UGV
Revelation 6 in the UGV2
Revelation 6 in the UGV3
Revelation 6 in the VBL
Revelation 6 in the VDCC
Revelation 6 in the YALU
Revelation 6 in the YAPE
Revelation 6 in the YBVTP
Revelation 6 in the ZBP