Titus 1 (BOATCB2)

1 Saa nhoma yi fi Onyankopɔn somfo ne Yesu Kristo somafo Paulo nkyɛn. Wɔpaw me na wɔsomaa me se memmɛtrɛw nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi mu no, na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde onyamesuro ba 2 wɔ nkwa a enni awiei ho anidaso a Onyankopɔn a onni atoro no hyɛɛ yɛn ho bɔ ansa na ɔrefi wiase ase; 3 na afei ne bere a ɛsɛ mu no, ɔfaa asɛnka a ɔno Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no hyɛ me sɛ menka no so daa no adi. 4 Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kura mu no mu: Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo! 5 Migyaw wo Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na woayi mpanyimfo atuatua asafo a ɛwɔ kurow biara mu no ano. 6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifo a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7 Ɛnsɛ sɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho, efisɛ Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomaso, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa sikaniberefo. 8 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye nea eye ho na nʼadwene mu da hɔ na ɔteɛ na ɔyɛ kronkron na ɔwɔ ahohyɛso. 9 Ɛsɛ sɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔsɔre tia asɛm no mu no nso mfomso adi. 10 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforo; ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu. 11 Ɛsɛ sɛ wusiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano, efisɛ wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu, nam so de pɛ sika. 12 Mpo Kreta adiyifo no mu baako kae se, “Kretafo no yɛ atorofo, mmoa atirimɔdenfo ne akwadwofo adidifo.” 13 Na asɛm a ɔkae no yɛ nokware. Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya gyidi pa, 14 na wɔantena ase amma twetiatwa atosɛm ne ɔhyɛ a efi nnipa a wɔapo nokware no. 15 Biribiara yɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron no, nanso biribiara nyɛ kronkron mma wɔn a wɔn ho agu fi na wonni gyidi no, efisɛ wɔn adwene ne wɔn tiboa ho agu fi. 16 Wɔka se wonim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfo a wontumi nyɛ ade pa biara.

In Other Versions

Titus 1 in the ANGEFD

Titus 1 in the ANTPNG2D

Titus 1 in the AS21

Titus 1 in the BAGH

Titus 1 in the BBPNG

Titus 1 in the BBT1E

Titus 1 in the BDS

Titus 1 in the BEV

Titus 1 in the BHAD

Titus 1 in the BIB

Titus 1 in the BLPT

Titus 1 in the BNT

Titus 1 in the BNTABOOT

Titus 1 in the BNTLV

Titus 1 in the BOATCB

Titus 1 in the BOBCV

Titus 1 in the BOCNT

Titus 1 in the BOECS

Titus 1 in the BOGWICC

Titus 1 in the BOHCB

Titus 1 in the BOHCV

Titus 1 in the BOHLNT

Titus 1 in the BOHNTLTAL

Titus 1 in the BOICB

Titus 1 in the BOILNTAP

Titus 1 in the BOITCV

Titus 1 in the BOKCV

Titus 1 in the BOKCV2

Titus 1 in the BOKHWOG

Titus 1 in the BOKSSV

Titus 1 in the BOLCB

Titus 1 in the BOLCB2

Titus 1 in the BOMCV

Titus 1 in the BONAV

Titus 1 in the BONCB

Titus 1 in the BONLT

Titus 1 in the BONUT2

Titus 1 in the BOPLNT

Titus 1 in the BOSCB

Titus 1 in the BOSNC

Titus 1 in the BOTLNT

Titus 1 in the BOVCB

Titus 1 in the BOYCB

Titus 1 in the BPBB

Titus 1 in the BPH

Titus 1 in the BSB

Titus 1 in the CCB

Titus 1 in the CUV

Titus 1 in the CUVS

Titus 1 in the DBT

Titus 1 in the DGDNT

Titus 1 in the DHNT

Titus 1 in the DNT

Titus 1 in the ELBE

Titus 1 in the EMTV

Titus 1 in the ESV

Titus 1 in the FBV

Titus 1 in the FEB

Titus 1 in the GGMNT

Titus 1 in the GNT

Titus 1 in the HARY

Titus 1 in the HNT

Titus 1 in the IRVA

Titus 1 in the IRVB

Titus 1 in the IRVG

Titus 1 in the IRVH

Titus 1 in the IRVK

Titus 1 in the IRVM

Titus 1 in the IRVM2

Titus 1 in the IRVO

Titus 1 in the IRVP

Titus 1 in the IRVT

Titus 1 in the IRVT2

Titus 1 in the IRVU

Titus 1 in the ISVN

Titus 1 in the JSNT

Titus 1 in the KAPI

Titus 1 in the KBT1ETNIK

Titus 1 in the KBV

Titus 1 in the KJV

Titus 1 in the KNFD

Titus 1 in the LBA

Titus 1 in the LBLA

Titus 1 in the LNT

Titus 1 in the LSV

Titus 1 in the MAAL

Titus 1 in the MBV

Titus 1 in the MBV2

Titus 1 in the MHNT

Titus 1 in the MKNFD

Titus 1 in the MNG

Titus 1 in the MNT

Titus 1 in the MNT2

Titus 1 in the MRS1T

Titus 1 in the NAA

Titus 1 in the NASB

Titus 1 in the NBLA

Titus 1 in the NBS

Titus 1 in the NBVTP

Titus 1 in the NET2

Titus 1 in the NIV11

Titus 1 in the NNT

Titus 1 in the NNT2

Titus 1 in the NNT3

Titus 1 in the PDDPT

Titus 1 in the PFNT

Titus 1 in the RMNT

Titus 1 in the SBIAS

Titus 1 in the SBIBS

Titus 1 in the SBIBS2

Titus 1 in the SBICS

Titus 1 in the SBIDS

Titus 1 in the SBIGS

Titus 1 in the SBIHS

Titus 1 in the SBIIS

Titus 1 in the SBIIS2

Titus 1 in the SBIIS3

Titus 1 in the SBIKS

Titus 1 in the SBIKS2

Titus 1 in the SBIMS

Titus 1 in the SBIOS

Titus 1 in the SBIPS

Titus 1 in the SBISS

Titus 1 in the SBITS

Titus 1 in the SBITS2

Titus 1 in the SBITS3

Titus 1 in the SBITS4

Titus 1 in the SBIUS

Titus 1 in the SBIVS

Titus 1 in the SBT

Titus 1 in the SBT1E

Titus 1 in the SCHL

Titus 1 in the SNT

Titus 1 in the SUSU

Titus 1 in the SUSU2

Titus 1 in the SYNO

Titus 1 in the TBIAOTANT

Titus 1 in the TBT1E

Titus 1 in the TBT1E2

Titus 1 in the TFTIP

Titus 1 in the TFTU

Titus 1 in the TGNTATF3T

Titus 1 in the THAI

Titus 1 in the TNFD

Titus 1 in the TNT

Titus 1 in the TNTIK

Titus 1 in the TNTIL

Titus 1 in the TNTIN

Titus 1 in the TNTIP

Titus 1 in the TNTIZ

Titus 1 in the TOMA

Titus 1 in the TTENT

Titus 1 in the UBG

Titus 1 in the UGV

Titus 1 in the UGV2

Titus 1 in the UGV3

Titus 1 in the VBL

Titus 1 in the VDCC

Titus 1 in the YALU

Titus 1 in the YAPE

Titus 1 in the YBVTP

Titus 1 in the ZBP