1 Chronicles 16 (BOATCB)

1 Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn anim. 2 Dawid wieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ AWURADE din mu. 3 Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam. 4 Dawid yii saa Lewifoɔ yi sɛ wɔnni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ AWURADE Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna AWURADE, Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no. 5 Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. 6 Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntotorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim. 7 Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma AWURADE yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ: 8 Ɛda AWURADE ase na da ne kɛseyɛ adi.Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. 9 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. 10 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;momma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no nnya akoma mu anigyeɛ. 11 Momma mo ani nna AWURADE ne nʼahoɔden so;na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara. 12 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ,ne nsɛnkyerɛnneɛ ne atemmuo a ɔbuiɛ. 13 Ao Israel mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,Ao Yakob mma a wapa wɔn. 14 Ɔyɛ AWURADE, yɛn Onyankopɔn;nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa. 15 Ɔkae nʼapam daa nyinaa,asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no. 16 Yei ne apam a ɔne Abraham yɛeɛne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak. 17 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ; 18 “Mede Kanaan asase no bɛma wosɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.” 19 Ɔkaa yei wɔ ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan. 20 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so,firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu. 21 Nanso, wamma obi anhyɛ wɔn so;wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ; 22 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.” 23 Momma asase nyinaa nto dwom mma AWURADE!Ɛda biara mompae mu nka asɛmpa no sɛ ɔgye nkwa. 24 Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu.Monka anwanwadeɛ a ɔyɛ nkyerɛ obiara. 25 AWURADE yɛ kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie!Ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. 26 Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,nanso AWURADE na ɔbɔɔ ɔsoro! 27 Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenaeɛ. 28 Momfa mma AWURADE, Ao amanaman mmusuakuo,momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE. 29 Momfa animuonyam a ɛfata mma AWURADE!Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra mmɛsom no.Monsɔre AWURADE wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu. 30 Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.Wɔatim ewiase denden a ɛntumi nhinhim. 31 Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho!Momma aman nyinaa nte sɛ, “AWURADE yɛ ɔhene!” 32 Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no.Momma mfuo ne wɔn nnɔbaeɛ mfa ahosɛpɛ mpue. 33 Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛnyɛ ayɛyie AWURADE anim!Ɛfiri sɛ ɔrebɛbu asase atɛn. 34 Monna AWURADE ase, ɛfiri sɛ ɔyɛna nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. 35 Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!Boa yɛn ano, na gye yɛn firi amanaman nsam,na yɛatumi ada wo din kronkron ase,na yɛadi ahurisie akamfo wo.” 36 Ayɛyie nka AWURADE, Israel Onyankopɔn,ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo AWURADE. 37 Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ AWURADE Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara. 38 Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ. 39 Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa AWURADE Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom AWURADE anim wɔ hɔ. 40 Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ sɛ AWURADE mmara a ɔde ama Israel no so. 41 Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ, wɔnna AWURADE ase “Na nʼadɔeɛ no tim hɔ daa.” 42 Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ. 43 Na nnipa no nyinaa sane kɔɔ wɔn afie mu. Dawid nso sane kɔɔ ne fie, kɔhyiraa ne fiefoɔ.

In Other Versions

1 Chronicles 16 in the ANGEFD

1 Chronicles 16 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 16 in the AS21

1 Chronicles 16 in the BAGH

1 Chronicles 16 in the BBPNG

1 Chronicles 16 in the BBT1E

1 Chronicles 16 in the BDS

1 Chronicles 16 in the BEV

1 Chronicles 16 in the BHAD

1 Chronicles 16 in the BIB

1 Chronicles 16 in the BLPT

1 Chronicles 16 in the BNT

1 Chronicles 16 in the BNTABOOT

1 Chronicles 16 in the BNTLV

1 Chronicles 16 in the BOATCB2

1 Chronicles 16 in the BOBCV

1 Chronicles 16 in the BOCNT

1 Chronicles 16 in the BOECS

1 Chronicles 16 in the BOGWICC

1 Chronicles 16 in the BOHCB

1 Chronicles 16 in the BOHCV

1 Chronicles 16 in the BOHLNT

1 Chronicles 16 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 16 in the BOICB

1 Chronicles 16 in the BOILNTAP

1 Chronicles 16 in the BOITCV

1 Chronicles 16 in the BOKCV

1 Chronicles 16 in the BOKCV2

1 Chronicles 16 in the BOKHWOG

1 Chronicles 16 in the BOKSSV

1 Chronicles 16 in the BOLCB

1 Chronicles 16 in the BOLCB2

1 Chronicles 16 in the BOMCV

1 Chronicles 16 in the BONAV

1 Chronicles 16 in the BONCB

1 Chronicles 16 in the BONLT

1 Chronicles 16 in the BONUT2

1 Chronicles 16 in the BOPLNT

1 Chronicles 16 in the BOSCB

1 Chronicles 16 in the BOSNC

1 Chronicles 16 in the BOTLNT

1 Chronicles 16 in the BOVCB

1 Chronicles 16 in the BOYCB

1 Chronicles 16 in the BPBB

1 Chronicles 16 in the BPH

1 Chronicles 16 in the BSB

1 Chronicles 16 in the CCB

1 Chronicles 16 in the CUV

1 Chronicles 16 in the CUVS

1 Chronicles 16 in the DBT

1 Chronicles 16 in the DGDNT

1 Chronicles 16 in the DHNT

1 Chronicles 16 in the DNT

1 Chronicles 16 in the ELBE

1 Chronicles 16 in the EMTV

1 Chronicles 16 in the ESV

1 Chronicles 16 in the FBV

1 Chronicles 16 in the FEB

1 Chronicles 16 in the GGMNT

1 Chronicles 16 in the GNT

1 Chronicles 16 in the HARY

1 Chronicles 16 in the HNT

1 Chronicles 16 in the IRVA

1 Chronicles 16 in the IRVB

1 Chronicles 16 in the IRVG

1 Chronicles 16 in the IRVH

1 Chronicles 16 in the IRVK

1 Chronicles 16 in the IRVM

1 Chronicles 16 in the IRVM2

1 Chronicles 16 in the IRVO

1 Chronicles 16 in the IRVP

1 Chronicles 16 in the IRVT

1 Chronicles 16 in the IRVT2

1 Chronicles 16 in the IRVU

1 Chronicles 16 in the ISVN

1 Chronicles 16 in the JSNT

1 Chronicles 16 in the KAPI

1 Chronicles 16 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 16 in the KBV

1 Chronicles 16 in the KJV

1 Chronicles 16 in the KNFD

1 Chronicles 16 in the LBA

1 Chronicles 16 in the LBLA

1 Chronicles 16 in the LNT

1 Chronicles 16 in the LSV

1 Chronicles 16 in the MAAL

1 Chronicles 16 in the MBV

1 Chronicles 16 in the MBV2

1 Chronicles 16 in the MHNT

1 Chronicles 16 in the MKNFD

1 Chronicles 16 in the MNG

1 Chronicles 16 in the MNT

1 Chronicles 16 in the MNT2

1 Chronicles 16 in the MRS1T

1 Chronicles 16 in the NAA

1 Chronicles 16 in the NASB

1 Chronicles 16 in the NBLA

1 Chronicles 16 in the NBS

1 Chronicles 16 in the NBVTP

1 Chronicles 16 in the NET2

1 Chronicles 16 in the NIV11

1 Chronicles 16 in the NNT

1 Chronicles 16 in the NNT2

1 Chronicles 16 in the NNT3

1 Chronicles 16 in the PDDPT

1 Chronicles 16 in the PFNT

1 Chronicles 16 in the RMNT

1 Chronicles 16 in the SBIAS

1 Chronicles 16 in the SBIBS

1 Chronicles 16 in the SBIBS2

1 Chronicles 16 in the SBICS

1 Chronicles 16 in the SBIDS

1 Chronicles 16 in the SBIGS

1 Chronicles 16 in the SBIHS

1 Chronicles 16 in the SBIIS

1 Chronicles 16 in the SBIIS2

1 Chronicles 16 in the SBIIS3

1 Chronicles 16 in the SBIKS

1 Chronicles 16 in the SBIKS2

1 Chronicles 16 in the SBIMS

1 Chronicles 16 in the SBIOS

1 Chronicles 16 in the SBIPS

1 Chronicles 16 in the SBISS

1 Chronicles 16 in the SBITS

1 Chronicles 16 in the SBITS2

1 Chronicles 16 in the SBITS3

1 Chronicles 16 in the SBITS4

1 Chronicles 16 in the SBIUS

1 Chronicles 16 in the SBIVS

1 Chronicles 16 in the SBT

1 Chronicles 16 in the SBT1E

1 Chronicles 16 in the SCHL

1 Chronicles 16 in the SNT

1 Chronicles 16 in the SUSU

1 Chronicles 16 in the SUSU2

1 Chronicles 16 in the SYNO

1 Chronicles 16 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 16 in the TBT1E

1 Chronicles 16 in the TBT1E2

1 Chronicles 16 in the TFTIP

1 Chronicles 16 in the TFTU

1 Chronicles 16 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 16 in the THAI

1 Chronicles 16 in the TNFD

1 Chronicles 16 in the TNT

1 Chronicles 16 in the TNTIK

1 Chronicles 16 in the TNTIL

1 Chronicles 16 in the TNTIN

1 Chronicles 16 in the TNTIP

1 Chronicles 16 in the TNTIZ

1 Chronicles 16 in the TOMA

1 Chronicles 16 in the TTENT

1 Chronicles 16 in the UBG

1 Chronicles 16 in the UGV

1 Chronicles 16 in the UGV2

1 Chronicles 16 in the UGV3

1 Chronicles 16 in the VBL

1 Chronicles 16 in the VDCC

1 Chronicles 16 in the YALU

1 Chronicles 16 in the YAPE

1 Chronicles 16 in the YBVTP

1 Chronicles 16 in the ZBP