1 Corinthians 1 (BOATCB)

1 Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn, 2 Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no: 3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo. 4 Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. 5 Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. 6 Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu, 7 ɛno enti, ɛsiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no enti, nhyira biara, monya bi. 8 Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara. 9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ. 10 Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako. 11 Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe efie apae mu aka akyerɛ me sɛ, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. 12 Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Yei ka sɛ, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforɔ sɛ, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ɔse, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.” 13 Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafoɔ anaa? 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. 15 Obiara rentumi nka sɛ wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafoɔ. 16 Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforɔ asu bio. 17 Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa. 18 Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19 Atwerɛsɛm no ka sɛ,“Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.” 20 Enti, onyansafoɔ wɔ he? Onimdefoɔ nso wɔ he? Ewiase yi mu akyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase yi mu nyansa yɛ ohunu. 21 Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa. 22 Yudafoɔ hwehwɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa. 23 Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ; 24 nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. 25 Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden. 26 Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso. 27 Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. 28 Ɔfaa deɛ ewiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ ewiase susu sɛ ɛho hia no. 29 Yei kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. 30 Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho. 31 Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ deɛ Awurade ayɛ mu.”

In Other Versions

1 Corinthians 1 in the ANGEFD

1 Corinthians 1 in the ANTPNG2D

1 Corinthians 1 in the AS21

1 Corinthians 1 in the BAGH

1 Corinthians 1 in the BBPNG

1 Corinthians 1 in the BBT1E

1 Corinthians 1 in the BDS

1 Corinthians 1 in the BEV

1 Corinthians 1 in the BHAD

1 Corinthians 1 in the BIB

1 Corinthians 1 in the BLPT

1 Corinthians 1 in the BNT

1 Corinthians 1 in the BNTABOOT

1 Corinthians 1 in the BNTLV

1 Corinthians 1 in the BOATCB2

1 Corinthians 1 in the BOBCV

1 Corinthians 1 in the BOCNT

1 Corinthians 1 in the BOECS

1 Corinthians 1 in the BOGWICC

1 Corinthians 1 in the BOHCB

1 Corinthians 1 in the BOHCV

1 Corinthians 1 in the BOHLNT

1 Corinthians 1 in the BOHNTLTAL

1 Corinthians 1 in the BOICB

1 Corinthians 1 in the BOILNTAP

1 Corinthians 1 in the BOITCV

1 Corinthians 1 in the BOKCV

1 Corinthians 1 in the BOKCV2

1 Corinthians 1 in the BOKHWOG

1 Corinthians 1 in the BOKSSV

1 Corinthians 1 in the BOLCB

1 Corinthians 1 in the BOLCB2

1 Corinthians 1 in the BOMCV

1 Corinthians 1 in the BONAV

1 Corinthians 1 in the BONCB

1 Corinthians 1 in the BONLT

1 Corinthians 1 in the BONUT2

1 Corinthians 1 in the BOPLNT

1 Corinthians 1 in the BOSCB

1 Corinthians 1 in the BOSNC

1 Corinthians 1 in the BOTLNT

1 Corinthians 1 in the BOVCB

1 Corinthians 1 in the BOYCB

1 Corinthians 1 in the BPBB

1 Corinthians 1 in the BPH

1 Corinthians 1 in the BSB

1 Corinthians 1 in the CCB

1 Corinthians 1 in the CUV

1 Corinthians 1 in the CUVS

1 Corinthians 1 in the DBT

1 Corinthians 1 in the DGDNT

1 Corinthians 1 in the DHNT

1 Corinthians 1 in the DNT

1 Corinthians 1 in the ELBE

1 Corinthians 1 in the EMTV

1 Corinthians 1 in the ESV

1 Corinthians 1 in the FBV

1 Corinthians 1 in the FEB

1 Corinthians 1 in the GGMNT

1 Corinthians 1 in the GNT

1 Corinthians 1 in the HARY

1 Corinthians 1 in the HNT

1 Corinthians 1 in the IRVA

1 Corinthians 1 in the IRVB

1 Corinthians 1 in the IRVG

1 Corinthians 1 in the IRVH

1 Corinthians 1 in the IRVK

1 Corinthians 1 in the IRVM

1 Corinthians 1 in the IRVM2

1 Corinthians 1 in the IRVO

1 Corinthians 1 in the IRVP

1 Corinthians 1 in the IRVT

1 Corinthians 1 in the IRVT2

1 Corinthians 1 in the IRVU

1 Corinthians 1 in the ISVN

1 Corinthians 1 in the JSNT

1 Corinthians 1 in the KAPI

1 Corinthians 1 in the KBT1ETNIK

1 Corinthians 1 in the KBV

1 Corinthians 1 in the KJV

1 Corinthians 1 in the KNFD

1 Corinthians 1 in the LBA

1 Corinthians 1 in the LBLA

1 Corinthians 1 in the LNT

1 Corinthians 1 in the LSV

1 Corinthians 1 in the MAAL

1 Corinthians 1 in the MBV

1 Corinthians 1 in the MBV2

1 Corinthians 1 in the MHNT

1 Corinthians 1 in the MKNFD

1 Corinthians 1 in the MNG

1 Corinthians 1 in the MNT

1 Corinthians 1 in the MNT2

1 Corinthians 1 in the MRS1T

1 Corinthians 1 in the NAA

1 Corinthians 1 in the NASB

1 Corinthians 1 in the NBLA

1 Corinthians 1 in the NBS

1 Corinthians 1 in the NBVTP

1 Corinthians 1 in the NET2

1 Corinthians 1 in the NIV11

1 Corinthians 1 in the NNT

1 Corinthians 1 in the NNT2

1 Corinthians 1 in the NNT3

1 Corinthians 1 in the PDDPT

1 Corinthians 1 in the PFNT

1 Corinthians 1 in the RMNT

1 Corinthians 1 in the SBIAS

1 Corinthians 1 in the SBIBS

1 Corinthians 1 in the SBIBS2

1 Corinthians 1 in the SBICS

1 Corinthians 1 in the SBIDS

1 Corinthians 1 in the SBIGS

1 Corinthians 1 in the SBIHS

1 Corinthians 1 in the SBIIS

1 Corinthians 1 in the SBIIS2

1 Corinthians 1 in the SBIIS3

1 Corinthians 1 in the SBIKS

1 Corinthians 1 in the SBIKS2

1 Corinthians 1 in the SBIMS

1 Corinthians 1 in the SBIOS

1 Corinthians 1 in the SBIPS

1 Corinthians 1 in the SBISS

1 Corinthians 1 in the SBITS

1 Corinthians 1 in the SBITS2

1 Corinthians 1 in the SBITS3

1 Corinthians 1 in the SBITS4

1 Corinthians 1 in the SBIUS

1 Corinthians 1 in the SBIVS

1 Corinthians 1 in the SBT

1 Corinthians 1 in the SBT1E

1 Corinthians 1 in the SCHL

1 Corinthians 1 in the SNT

1 Corinthians 1 in the SUSU

1 Corinthians 1 in the SUSU2

1 Corinthians 1 in the SYNO

1 Corinthians 1 in the TBIAOTANT

1 Corinthians 1 in the TBT1E

1 Corinthians 1 in the TBT1E2

1 Corinthians 1 in the TFTIP

1 Corinthians 1 in the TFTU

1 Corinthians 1 in the TGNTATF3T

1 Corinthians 1 in the THAI

1 Corinthians 1 in the TNFD

1 Corinthians 1 in the TNT

1 Corinthians 1 in the TNTIK

1 Corinthians 1 in the TNTIL

1 Corinthians 1 in the TNTIN

1 Corinthians 1 in the TNTIP

1 Corinthians 1 in the TNTIZ

1 Corinthians 1 in the TOMA

1 Corinthians 1 in the TTENT

1 Corinthians 1 in the UBG

1 Corinthians 1 in the UGV

1 Corinthians 1 in the UGV2

1 Corinthians 1 in the UGV3

1 Corinthians 1 in the VBL

1 Corinthians 1 in the VDCC

1 Corinthians 1 in the YALU

1 Corinthians 1 in the YAPE

1 Corinthians 1 in the YBVTP

1 Corinthians 1 in the ZBP