1 Samuel 12 (BOATCB)

1 Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio sɛ, “Deɛ mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. 2 Matwa me mmammarima ho ayi no, na megyina ha sɛ akɔkoraa tidwono. Masom sɛ mo ɔkannifoɔ firi me mmɔfraase. 3 Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina AWURADE ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.” 4 Wɔbuaa sɛ, “Dabi, wonsisii yɛn, na wonnii yɛn nya ɛkwan biara so, na wonnyee adanmudeɛ fua pɛ mpo.” 5 Samuel kaa sɛ, “AWURADE ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.”Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!” 6 Samuel toaa so sɛ, “Ɛyɛ AWURADE na ɔyii Mose ne Aaron. Ɔno na ɔyii mo agyanom firii Misraim asase so. 7 Seesei, monnyina ha dinn wɔ AWURADE anim ɛberɛ a megu so rekaakae mo nneɛma akɛseɛ a AWURADE ayɛ ama mo ne mo agyanom no. 8 “Ɛberɛ a na Israelfoɔ wɔ Misraim na wɔsu frɛɛ AWURADE no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wɔnnyi wɔn mfiri Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so. 9 “Nanso, ankyɛre biara na nnipa no werɛ firii AWURADE, wɔn Onyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor akodɔm sahene no ne Filistifoɔ ne Moabhene dii wɔn so. 10 Afei, wɔsu frɛɛ AWURADE bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afiri AWURADE ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wogye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’ 11 Na AWURADE somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ɔgyee mo firii mo atamfoɔ nsam na mobɛtenaa asomdwoeɛ mu. 12 “Nanso, mosuroo Amonfoɔ ɔhene Nahas enti, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na AWURADE mo Onyankopɔn yɛ mo so ɔhene. 13 Afei, mo ɔhene a moayi no nie; deɛ mobisaeɛ no. Hwɛ, AWURADE ayɛ mo apɛdeɛ ama mo. 14 Sɛ mosuro AWURADE, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no nyinaa di AWURADE, mo Onyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yie. 15 Na sɛ moantie AWURADE, na motia ne mmara a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛdeɛ ɛyɛɛ mo agyanom so no. 16 “Enti afei, monnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛseɛ a AWURADE rebɛyɛ. 17 Monim sɛ saa ɛberɛ yi a ɛyɛ ayuotwaberɛ yi, osuo nntɔ. Mɛma AWURADE adwa aprannaa na ama osuo atɔ. Afei mobɛhunu bɔne a moyɛeɛ sɛ mobisaa ɔhene no.” 18 Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ AWURADE, na ɛda no ara, AWURADE dwaa aprannaa, tɔɔ osuo. Nnipa no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel. 19 Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Bɔ AWURADE, wo Onyankopɔn, mpaeɛ ma wʼasomfoɔ sɛdeɛ yɛrenwuo, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahodoɔ nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.” 20 Samuel buaa sɛ, “Monnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi deɛ, nanso monnnane mo ani mfiri AWURADE so, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE. 21 Monnsane nkɔdi ahoni huhuo a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, ɛfiri sɛ, wɔn ho nni mfasoɔ. 22 Esiane ne din kɛseɛ no enti, AWURADE rempo ne nkurɔfoɔ. AWURADE afa mo sɛ nʼankasa nʼadeɛ. 23 Na me deɛ, merenyɛ bɔne ntia AWURADE sɛ meremmɔ mpaeɛ mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. 24 Nanso, monhwɛ sɛ mobɛsuro AWURADE na moasom no nokorɛm. 25 Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo ɔhene nyinaa.”

In Other Versions

1 Samuel 12 in the ANGEFD

1 Samuel 12 in the ANTPNG2D

1 Samuel 12 in the AS21

1 Samuel 12 in the BAGH

1 Samuel 12 in the BBPNG

1 Samuel 12 in the BBT1E

1 Samuel 12 in the BDS

1 Samuel 12 in the BEV

1 Samuel 12 in the BHAD

1 Samuel 12 in the BIB

1 Samuel 12 in the BLPT

1 Samuel 12 in the BNT

1 Samuel 12 in the BNTABOOT

1 Samuel 12 in the BNTLV

1 Samuel 12 in the BOATCB2

1 Samuel 12 in the BOBCV

1 Samuel 12 in the BOCNT

1 Samuel 12 in the BOECS

1 Samuel 12 in the BOGWICC

1 Samuel 12 in the BOHCB

1 Samuel 12 in the BOHCV

1 Samuel 12 in the BOHLNT

1 Samuel 12 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 12 in the BOICB

1 Samuel 12 in the BOILNTAP

1 Samuel 12 in the BOITCV

1 Samuel 12 in the BOKCV

1 Samuel 12 in the BOKCV2

1 Samuel 12 in the BOKHWOG

1 Samuel 12 in the BOKSSV

1 Samuel 12 in the BOLCB

1 Samuel 12 in the BOLCB2

1 Samuel 12 in the BOMCV

1 Samuel 12 in the BONAV

1 Samuel 12 in the BONCB

1 Samuel 12 in the BONLT

1 Samuel 12 in the BONUT2

1 Samuel 12 in the BOPLNT

1 Samuel 12 in the BOSCB

1 Samuel 12 in the BOSNC

1 Samuel 12 in the BOTLNT

1 Samuel 12 in the BOVCB

1 Samuel 12 in the BOYCB

1 Samuel 12 in the BPBB

1 Samuel 12 in the BPH

1 Samuel 12 in the BSB

1 Samuel 12 in the CCB

1 Samuel 12 in the CUV

1 Samuel 12 in the CUVS

1 Samuel 12 in the DBT

1 Samuel 12 in the DGDNT

1 Samuel 12 in the DHNT

1 Samuel 12 in the DNT

1 Samuel 12 in the ELBE

1 Samuel 12 in the EMTV

1 Samuel 12 in the ESV

1 Samuel 12 in the FBV

1 Samuel 12 in the FEB

1 Samuel 12 in the GGMNT

1 Samuel 12 in the GNT

1 Samuel 12 in the HARY

1 Samuel 12 in the HNT

1 Samuel 12 in the IRVA

1 Samuel 12 in the IRVB

1 Samuel 12 in the IRVG

1 Samuel 12 in the IRVH

1 Samuel 12 in the IRVK

1 Samuel 12 in the IRVM

1 Samuel 12 in the IRVM2

1 Samuel 12 in the IRVO

1 Samuel 12 in the IRVP

1 Samuel 12 in the IRVT

1 Samuel 12 in the IRVT2

1 Samuel 12 in the IRVU

1 Samuel 12 in the ISVN

1 Samuel 12 in the JSNT

1 Samuel 12 in the KAPI

1 Samuel 12 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 12 in the KBV

1 Samuel 12 in the KJV

1 Samuel 12 in the KNFD

1 Samuel 12 in the LBA

1 Samuel 12 in the LBLA

1 Samuel 12 in the LNT

1 Samuel 12 in the LSV

1 Samuel 12 in the MAAL

1 Samuel 12 in the MBV

1 Samuel 12 in the MBV2

1 Samuel 12 in the MHNT

1 Samuel 12 in the MKNFD

1 Samuel 12 in the MNG

1 Samuel 12 in the MNT

1 Samuel 12 in the MNT2

1 Samuel 12 in the MRS1T

1 Samuel 12 in the NAA

1 Samuel 12 in the NASB

1 Samuel 12 in the NBLA

1 Samuel 12 in the NBS

1 Samuel 12 in the NBVTP

1 Samuel 12 in the NET2

1 Samuel 12 in the NIV11

1 Samuel 12 in the NNT

1 Samuel 12 in the NNT2

1 Samuel 12 in the NNT3

1 Samuel 12 in the PDDPT

1 Samuel 12 in the PFNT

1 Samuel 12 in the RMNT

1 Samuel 12 in the SBIAS

1 Samuel 12 in the SBIBS

1 Samuel 12 in the SBIBS2

1 Samuel 12 in the SBICS

1 Samuel 12 in the SBIDS

1 Samuel 12 in the SBIGS

1 Samuel 12 in the SBIHS

1 Samuel 12 in the SBIIS

1 Samuel 12 in the SBIIS2

1 Samuel 12 in the SBIIS3

1 Samuel 12 in the SBIKS

1 Samuel 12 in the SBIKS2

1 Samuel 12 in the SBIMS

1 Samuel 12 in the SBIOS

1 Samuel 12 in the SBIPS

1 Samuel 12 in the SBISS

1 Samuel 12 in the SBITS

1 Samuel 12 in the SBITS2

1 Samuel 12 in the SBITS3

1 Samuel 12 in the SBITS4

1 Samuel 12 in the SBIUS

1 Samuel 12 in the SBIVS

1 Samuel 12 in the SBT

1 Samuel 12 in the SBT1E

1 Samuel 12 in the SCHL

1 Samuel 12 in the SNT

1 Samuel 12 in the SUSU

1 Samuel 12 in the SUSU2

1 Samuel 12 in the SYNO

1 Samuel 12 in the TBIAOTANT

1 Samuel 12 in the TBT1E

1 Samuel 12 in the TBT1E2

1 Samuel 12 in the TFTIP

1 Samuel 12 in the TFTU

1 Samuel 12 in the TGNTATF3T

1 Samuel 12 in the THAI

1 Samuel 12 in the TNFD

1 Samuel 12 in the TNT

1 Samuel 12 in the TNTIK

1 Samuel 12 in the TNTIL

1 Samuel 12 in the TNTIN

1 Samuel 12 in the TNTIP

1 Samuel 12 in the TNTIZ

1 Samuel 12 in the TOMA

1 Samuel 12 in the TTENT

1 Samuel 12 in the UBG

1 Samuel 12 in the UGV

1 Samuel 12 in the UGV2

1 Samuel 12 in the UGV3

1 Samuel 12 in the VBL

1 Samuel 12 in the VDCC

1 Samuel 12 in the YALU

1 Samuel 12 in the YAPE

1 Samuel 12 in the YBVTP

1 Samuel 12 in the ZBP