Deuteronomy 32 (BOATCB)

1 Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa!Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom. 2 Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo;me kasa bɛgu sɛ obosuo.Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so,te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so. 3 Mɛbɔ AWURADE din;Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn. 4 Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ;Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ.Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ;Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no. 5 Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no;sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa?Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye. 6 Saa na ɛsɛ sɛ mo ne AWURADE di no?Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ.Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ?Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ? 7 Monkae tete nna;monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho.Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo. 8 Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman,na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no,ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa nosɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie. 9 Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ AWURADE dea;Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko. 10 Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase soAsase kesee a hwee nni so so.Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so;Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo. 11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma,na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho,saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn,sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro. 12 Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan.Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara. 13 Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so;Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ;ɔde abotan mu woɔ,ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn. 14 Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo,nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ.Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre,ne atokoɔ papa maa wɔn.Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu. 15 Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ;nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee!Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn;wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no. 16 Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ;wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo. 17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo,anyame a na wɔnnim wɔn dada,anyame a wɔbaa nnansa yi ara,anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn. 18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no. 19 AWURADE hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu.Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo. 20 Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ;Mɛma wɔn awieeɛ aba!Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye;mma a wɔnni nokorɛ. 21 Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe;wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo.Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere;mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo. 22 Mʼabufuo dɛre sɛ ogya,na ɛhye kɔsi damena mu.Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaana ɛpaapae mmepɔ fapem. 23 “Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn sona mato me bɛmma awowɔ wɔn. 24 Mede ɛkɔm kɛseɛ,huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so.Wɔde wiram mmoa sene awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn. 25 Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano,na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so.Mmeranteɛ ne mmabaawammɔfra ne mpanin nyinaa. 26 Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahweteama wɔn nkaeɛ ayera. 27 Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie,sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ,‘Yɛn tumi adi nkonim!Ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛeɛ!’ ” 28 Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene.Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ. 29 Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase!Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ! 30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,na baanu bɛma ɔpedu adwane,gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn.Gye sɛ AWURADE ayi wɔn ama. 31 Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,sɛdeɛ wɔhunu no. 32 Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mufiri Gomora bobe nturom.Wɔn bobe aba yɛ awudurona wɔn siaka nso yɛ nwono. 33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ;aprammire ano borɔ kɔdiawuo. 34 “Merekora saa nneɛma yi nyinaa,asɔ ano de asie mʼadekoradan mu. 35 Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka.Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri.Wɔn amanehunu da no bɛduru,na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.” 36 AWURADE bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛnna wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa,na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ. 37 Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he,ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no, 38 anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ nona wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no?Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo!Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea! 39 “Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no!Onyame biara nni hɔ sɛ me!Me na mekum na mema nkwa:Me na mepira, na mesa;obi ntumi nnye wo mfiri me nsam. 40 Afei, mepagya me nsa kyerɛ soroKa sɛ: Sɛ mete ase yi, 41 Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ anona mefiri atemmuo ase a,mɛtɔ mʼatamfoɔ so awerena matua wɔn a wɔtan me so ka. 42 Mɛma me bɛmma anom mogya abo,na mʼakofena asɛe honam,atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.” 43 Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie,ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were.Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awerena wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho. 44 Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. 45 Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no, 46 ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara. 47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.” 48 Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no. 50 Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no. 51 Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ. 52 Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”

In Other Versions

Deuteronomy 32 in the ANGEFD

Deuteronomy 32 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 32 in the AS21

Deuteronomy 32 in the BAGH

Deuteronomy 32 in the BBPNG

Deuteronomy 32 in the BBT1E

Deuteronomy 32 in the BDS

Deuteronomy 32 in the BEV

Deuteronomy 32 in the BHAD

Deuteronomy 32 in the BIB

Deuteronomy 32 in the BLPT

Deuteronomy 32 in the BNT

Deuteronomy 32 in the BNTABOOT

Deuteronomy 32 in the BNTLV

Deuteronomy 32 in the BOATCB2

Deuteronomy 32 in the BOBCV

Deuteronomy 32 in the BOCNT

Deuteronomy 32 in the BOECS

Deuteronomy 32 in the BOGWICC

Deuteronomy 32 in the BOHCB

Deuteronomy 32 in the BOHCV

Deuteronomy 32 in the BOHLNT

Deuteronomy 32 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 32 in the BOICB

Deuteronomy 32 in the BOILNTAP

Deuteronomy 32 in the BOITCV

Deuteronomy 32 in the BOKCV

Deuteronomy 32 in the BOKCV2

Deuteronomy 32 in the BOKHWOG

Deuteronomy 32 in the BOKSSV

Deuteronomy 32 in the BOLCB

Deuteronomy 32 in the BOLCB2

Deuteronomy 32 in the BOMCV

Deuteronomy 32 in the BONAV

Deuteronomy 32 in the BONCB

Deuteronomy 32 in the BONLT

Deuteronomy 32 in the BONUT2

Deuteronomy 32 in the BOPLNT

Deuteronomy 32 in the BOSCB

Deuteronomy 32 in the BOSNC

Deuteronomy 32 in the BOTLNT

Deuteronomy 32 in the BOVCB

Deuteronomy 32 in the BOYCB

Deuteronomy 32 in the BPBB

Deuteronomy 32 in the BPH

Deuteronomy 32 in the BSB

Deuteronomy 32 in the CCB

Deuteronomy 32 in the CUV

Deuteronomy 32 in the CUVS

Deuteronomy 32 in the DBT

Deuteronomy 32 in the DGDNT

Deuteronomy 32 in the DHNT

Deuteronomy 32 in the DNT

Deuteronomy 32 in the ELBE

Deuteronomy 32 in the EMTV

Deuteronomy 32 in the ESV

Deuteronomy 32 in the FBV

Deuteronomy 32 in the FEB

Deuteronomy 32 in the GGMNT

Deuteronomy 32 in the GNT

Deuteronomy 32 in the HARY

Deuteronomy 32 in the HNT

Deuteronomy 32 in the IRVA

Deuteronomy 32 in the IRVB

Deuteronomy 32 in the IRVG

Deuteronomy 32 in the IRVH

Deuteronomy 32 in the IRVK

Deuteronomy 32 in the IRVM

Deuteronomy 32 in the IRVM2

Deuteronomy 32 in the IRVO

Deuteronomy 32 in the IRVP

Deuteronomy 32 in the IRVT

Deuteronomy 32 in the IRVT2

Deuteronomy 32 in the IRVU

Deuteronomy 32 in the ISVN

Deuteronomy 32 in the JSNT

Deuteronomy 32 in the KAPI

Deuteronomy 32 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 32 in the KBV

Deuteronomy 32 in the KJV

Deuteronomy 32 in the KNFD

Deuteronomy 32 in the LBA

Deuteronomy 32 in the LBLA

Deuteronomy 32 in the LNT

Deuteronomy 32 in the LSV

Deuteronomy 32 in the MAAL

Deuteronomy 32 in the MBV

Deuteronomy 32 in the MBV2

Deuteronomy 32 in the MHNT

Deuteronomy 32 in the MKNFD

Deuteronomy 32 in the MNG

Deuteronomy 32 in the MNT

Deuteronomy 32 in the MNT2

Deuteronomy 32 in the MRS1T

Deuteronomy 32 in the NAA

Deuteronomy 32 in the NASB

Deuteronomy 32 in the NBLA

Deuteronomy 32 in the NBS

Deuteronomy 32 in the NBVTP

Deuteronomy 32 in the NET2

Deuteronomy 32 in the NIV11

Deuteronomy 32 in the NNT

Deuteronomy 32 in the NNT2

Deuteronomy 32 in the NNT3

Deuteronomy 32 in the PDDPT

Deuteronomy 32 in the PFNT

Deuteronomy 32 in the RMNT

Deuteronomy 32 in the SBIAS

Deuteronomy 32 in the SBIBS

Deuteronomy 32 in the SBIBS2

Deuteronomy 32 in the SBICS

Deuteronomy 32 in the SBIDS

Deuteronomy 32 in the SBIGS

Deuteronomy 32 in the SBIHS

Deuteronomy 32 in the SBIIS

Deuteronomy 32 in the SBIIS2

Deuteronomy 32 in the SBIIS3

Deuteronomy 32 in the SBIKS

Deuteronomy 32 in the SBIKS2

Deuteronomy 32 in the SBIMS

Deuteronomy 32 in the SBIOS

Deuteronomy 32 in the SBIPS

Deuteronomy 32 in the SBISS

Deuteronomy 32 in the SBITS

Deuteronomy 32 in the SBITS2

Deuteronomy 32 in the SBITS3

Deuteronomy 32 in the SBITS4

Deuteronomy 32 in the SBIUS

Deuteronomy 32 in the SBIVS

Deuteronomy 32 in the SBT

Deuteronomy 32 in the SBT1E

Deuteronomy 32 in the SCHL

Deuteronomy 32 in the SNT

Deuteronomy 32 in the SUSU

Deuteronomy 32 in the SUSU2

Deuteronomy 32 in the SYNO

Deuteronomy 32 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 32 in the TBT1E

Deuteronomy 32 in the TBT1E2

Deuteronomy 32 in the TFTIP

Deuteronomy 32 in the TFTU

Deuteronomy 32 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 32 in the THAI

Deuteronomy 32 in the TNFD

Deuteronomy 32 in the TNT

Deuteronomy 32 in the TNTIK

Deuteronomy 32 in the TNTIL

Deuteronomy 32 in the TNTIN

Deuteronomy 32 in the TNTIP

Deuteronomy 32 in the TNTIZ

Deuteronomy 32 in the TOMA

Deuteronomy 32 in the TTENT

Deuteronomy 32 in the UBG

Deuteronomy 32 in the UGV

Deuteronomy 32 in the UGV2

Deuteronomy 32 in the UGV3

Deuteronomy 32 in the VBL

Deuteronomy 32 in the VDCC

Deuteronomy 32 in the YALU

Deuteronomy 32 in the YAPE

Deuteronomy 32 in the YBVTP

Deuteronomy 32 in the ZBP