Deuteronomy 32 (BOATCB2)

1 Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa;tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom. 2 Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu;na me nsɛm nsian sɛ obosu,sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so,sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so. 3 Mɛbɔ AWURADE din.O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ! 4 Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni,na nʼakwan nyinaa ye.Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso,Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no. 5 Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma;wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo. 6 Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua AWURADE ka ni ana,mo nkwaseafo ne adwenharefo?Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no?Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso? 7 Monkae tete nna;munnwen tete awo ntoatoaso no ho.Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase. 8 Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade,na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no,ɔtotoo ahye maa nnipa nosɛnea Israelmma no dodow te. 9 Efisɛ Israelfo yɛ AWURADE kyɛfa;Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no. 10 Ohuu no wɔ sare asase so,asase kesee a hwee nni so so.Ɔde no sie hwɛɛ ne so;ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi, 11 sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw muna ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho,na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no,soaa no kɔɔ no. 12 Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan;na ananafo nyame biara nka ne ho. 13 Ɔma no nantew faa asase no nkoko so;na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama;Ɔde ɔbotan mu wone ngo a efi abohemaa mu, 14 nyɛmmoa mu nufusu ne srade,nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade,Basan adwennini a wɔpawne atoko muhumuhu siesiee no.Monom nsa papa a efi bobe mu. 15 Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden;aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee.Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam;wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no. 16 Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no hona wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw. 17 Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn,anyame a na wonnim wɔn,anyame a wɔbaa nnansa yi ara,anyame a na mo agyanom nsuro wɔn. 18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no. 19 AWURADE huu eyi na ɔpoo wɔnefisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw. 20 Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔnna wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛEfisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo;mma a wonni nokware. 21 Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwena wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw.Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo.Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw. 22 Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu,nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no.Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbaena ɛpaapae mmepɔw fapem. 23 “Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn sona matow me bɛmma awowɔ wɔn. 24 Mede ɔkɔm kɛse,atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade;mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so;nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre. 25 Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so;wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so.Mmerante ne mmabaa,mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew. 26 Mekae se mɛbɔ wɔn ahwetena mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu. 27 Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi,anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se,‘Yɛn nsa adi nkonim;Ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’ ” 28 Israel yɛ ɔman a wonni adwene.Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu. 29 Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase,na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ! 30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,na baanu bɛma mpem du aguan,gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔngye sɛ AWURADE ayi wɔn ama. 31 Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no. 32 Wɔn bobe fi Sodom bobe muna efi Gomora mfuw mu.Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma,na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama. 33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre;aprammiri ano bɔrewerɛmfo. 34 “So menkoraa eyi mmoroso,na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana 35 Mɛtɔ were; metua so ka.Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu;wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛnna wɔn sɛe taa wɔn.” 36 AWURADE bebu ne nkurɔfo atɛnna wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa,na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye. 37 Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he,ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea, 38 anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu sradena wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no?Ma wɔnsɔre mmɛboa mo!Ma womegye mo! 39 “Afei, munhu sɛ, me ara me ne no!Onyame biara nni hɔ sɛ me!Me na mikum na mema nkwa:Me na mipira, na mɛkyekye,na obi rentumi nnye mfi me nsam. 40 Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ:Sɛ mete ase daa yi, 41 sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw nona mifi atemmu mu so mu kuaw a,mɛtɔ mʼatamfo so werena matua wɔn a wokyi me ka. 42 Mɛma me bɛmma anom mogya abow,na mʼafoa adi ɔhonam,atɔfo ne nnommumfo mogya,atamfo ntuanofo no ti.” 43 Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi,efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were;ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo sona wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo. 44 Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. 45 Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no, 46 ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.” 48 Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no. 50 Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no. 51 Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ. 52 Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”

In Other Versions

Deuteronomy 32 in the ANGEFD

Deuteronomy 32 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 32 in the AS21

Deuteronomy 32 in the BAGH

Deuteronomy 32 in the BBPNG

Deuteronomy 32 in the BBT1E

Deuteronomy 32 in the BDS

Deuteronomy 32 in the BEV

Deuteronomy 32 in the BHAD

Deuteronomy 32 in the BIB

Deuteronomy 32 in the BLPT

Deuteronomy 32 in the BNT

Deuteronomy 32 in the BNTABOOT

Deuteronomy 32 in the BNTLV

Deuteronomy 32 in the BOATCB

Deuteronomy 32 in the BOBCV

Deuteronomy 32 in the BOCNT

Deuteronomy 32 in the BOECS

Deuteronomy 32 in the BOGWICC

Deuteronomy 32 in the BOHCB

Deuteronomy 32 in the BOHCV

Deuteronomy 32 in the BOHLNT

Deuteronomy 32 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 32 in the BOICB

Deuteronomy 32 in the BOILNTAP

Deuteronomy 32 in the BOITCV

Deuteronomy 32 in the BOKCV

Deuteronomy 32 in the BOKCV2

Deuteronomy 32 in the BOKHWOG

Deuteronomy 32 in the BOKSSV

Deuteronomy 32 in the BOLCB

Deuteronomy 32 in the BOLCB2

Deuteronomy 32 in the BOMCV

Deuteronomy 32 in the BONAV

Deuteronomy 32 in the BONCB

Deuteronomy 32 in the BONLT

Deuteronomy 32 in the BONUT2

Deuteronomy 32 in the BOPLNT

Deuteronomy 32 in the BOSCB

Deuteronomy 32 in the BOSNC

Deuteronomy 32 in the BOTLNT

Deuteronomy 32 in the BOVCB

Deuteronomy 32 in the BOYCB

Deuteronomy 32 in the BPBB

Deuteronomy 32 in the BPH

Deuteronomy 32 in the BSB

Deuteronomy 32 in the CCB

Deuteronomy 32 in the CUV

Deuteronomy 32 in the CUVS

Deuteronomy 32 in the DBT

Deuteronomy 32 in the DGDNT

Deuteronomy 32 in the DHNT

Deuteronomy 32 in the DNT

Deuteronomy 32 in the ELBE

Deuteronomy 32 in the EMTV

Deuteronomy 32 in the ESV

Deuteronomy 32 in the FBV

Deuteronomy 32 in the FEB

Deuteronomy 32 in the GGMNT

Deuteronomy 32 in the GNT

Deuteronomy 32 in the HARY

Deuteronomy 32 in the HNT

Deuteronomy 32 in the IRVA

Deuteronomy 32 in the IRVB

Deuteronomy 32 in the IRVG

Deuteronomy 32 in the IRVH

Deuteronomy 32 in the IRVK

Deuteronomy 32 in the IRVM

Deuteronomy 32 in the IRVM2

Deuteronomy 32 in the IRVO

Deuteronomy 32 in the IRVP

Deuteronomy 32 in the IRVT

Deuteronomy 32 in the IRVT2

Deuteronomy 32 in the IRVU

Deuteronomy 32 in the ISVN

Deuteronomy 32 in the JSNT

Deuteronomy 32 in the KAPI

Deuteronomy 32 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 32 in the KBV

Deuteronomy 32 in the KJV

Deuteronomy 32 in the KNFD

Deuteronomy 32 in the LBA

Deuteronomy 32 in the LBLA

Deuteronomy 32 in the LNT

Deuteronomy 32 in the LSV

Deuteronomy 32 in the MAAL

Deuteronomy 32 in the MBV

Deuteronomy 32 in the MBV2

Deuteronomy 32 in the MHNT

Deuteronomy 32 in the MKNFD

Deuteronomy 32 in the MNG

Deuteronomy 32 in the MNT

Deuteronomy 32 in the MNT2

Deuteronomy 32 in the MRS1T

Deuteronomy 32 in the NAA

Deuteronomy 32 in the NASB

Deuteronomy 32 in the NBLA

Deuteronomy 32 in the NBS

Deuteronomy 32 in the NBVTP

Deuteronomy 32 in the NET2

Deuteronomy 32 in the NIV11

Deuteronomy 32 in the NNT

Deuteronomy 32 in the NNT2

Deuteronomy 32 in the NNT3

Deuteronomy 32 in the PDDPT

Deuteronomy 32 in the PFNT

Deuteronomy 32 in the RMNT

Deuteronomy 32 in the SBIAS

Deuteronomy 32 in the SBIBS

Deuteronomy 32 in the SBIBS2

Deuteronomy 32 in the SBICS

Deuteronomy 32 in the SBIDS

Deuteronomy 32 in the SBIGS

Deuteronomy 32 in the SBIHS

Deuteronomy 32 in the SBIIS

Deuteronomy 32 in the SBIIS2

Deuteronomy 32 in the SBIIS3

Deuteronomy 32 in the SBIKS

Deuteronomy 32 in the SBIKS2

Deuteronomy 32 in the SBIMS

Deuteronomy 32 in the SBIOS

Deuteronomy 32 in the SBIPS

Deuteronomy 32 in the SBISS

Deuteronomy 32 in the SBITS

Deuteronomy 32 in the SBITS2

Deuteronomy 32 in the SBITS3

Deuteronomy 32 in the SBITS4

Deuteronomy 32 in the SBIUS

Deuteronomy 32 in the SBIVS

Deuteronomy 32 in the SBT

Deuteronomy 32 in the SBT1E

Deuteronomy 32 in the SCHL

Deuteronomy 32 in the SNT

Deuteronomy 32 in the SUSU

Deuteronomy 32 in the SUSU2

Deuteronomy 32 in the SYNO

Deuteronomy 32 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 32 in the TBT1E

Deuteronomy 32 in the TBT1E2

Deuteronomy 32 in the TFTIP

Deuteronomy 32 in the TFTU

Deuteronomy 32 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 32 in the THAI

Deuteronomy 32 in the TNFD

Deuteronomy 32 in the TNT

Deuteronomy 32 in the TNTIK

Deuteronomy 32 in the TNTIL

Deuteronomy 32 in the TNTIN

Deuteronomy 32 in the TNTIP

Deuteronomy 32 in the TNTIZ

Deuteronomy 32 in the TOMA

Deuteronomy 32 in the TTENT

Deuteronomy 32 in the UBG

Deuteronomy 32 in the UGV

Deuteronomy 32 in the UGV2

Deuteronomy 32 in the UGV3

Deuteronomy 32 in the VBL

Deuteronomy 32 in the VDCC

Deuteronomy 32 in the YALU

Deuteronomy 32 in the YAPE

Deuteronomy 32 in the YBVTP

Deuteronomy 32 in the ZBP