Exodus 35 (BOATCB)

1 Afei, Mose frɛɛ nnipa no nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne AWURADE mmara a ɛsɛ sɛ modi so. 2 Monyɛ adwuma nnansia. Na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, momfa nhome; ɛyɛ ɛda kronkron a ɛsɛ sɛ mode som AWURADE. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɔbɛwu. 3 Ɛda no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afie mu.” 4 Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Nsɛm a AWURADE ahyɛ sɛ monyɛ nie. 5 Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara mmrɛ AWURADE: “sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ; 6 ntoma a wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan ayɛ neabirekyie nwi, 7 odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne mmirekyie nhoma a wɔahyɛ,okuo dua; 8 kanea ngo, ɔsra ngo;nnuhwam a wɔhyeɛ; 9 aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu. 10 “Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribi yɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ deɛ AWURADE aka no nyinaa te sɛ: 11 “Ahyiaeɛ Ntomadan no so ntoma ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ, aponnwa nnua a ɛsisi mu, adum ne nnyinasoɔ; 12 Apam Adaka no ne nnua a ɛsisi ho; Mpata Beaeɛ ntwamutam a ɛkata kronkronbea hɔ, 13 Ɛpono ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Hyiadan mu Burodo; 14 nkanea nnua ne nʼakanea ne ngo; 15 aduhwam afɔrebukyia ne nnua a wɔde bɛsoa; srango ne aduhwam a ɛyi hwa pa,nsɛnanimu a wɔde bɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano; 16 kɔbere Afɔrebukyia a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, kɔbere otwitwadeɛ ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma,ne deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu, 17 adihɔ hɔ no ntwamutam, adum ne ne nnyinasoɔ, ntoma a wɔde bɛkata adihɔ hɔ ɛkwan ano, 18 Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ nnua ne ne ntampehoma, 19 asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.” 20 Enti, nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn ntomadan mu kɔyɛɛ akyɛdeɛ no ho ahoboa. 21 Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn akoma no de wɔn akyɛdeɛ a wɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ɛho nneɛma ne deɛ wɔde bɛpam atadeɛ kronkron no brɛɛ AWURADE. 22 Mmaa ne mmarima a asɛm no kaa wɔn akoma no nyinaa baeɛ. Wɔde sikakɔkɔɔ, agudeɛ, nsonkawa, nkawa, kɔnmuadeɛ ne sikadwinneɛ bebree brɛɛ AWURADE. 23 Wɔn a wɔwɔ ntoma pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibire, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nhoma a ɛyɛ fɛ nso de baeɛ. 24 Afoforɔ nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ AWURADE sɛ wɔn akyɛdeɛ. Ebinom de okuo nnua nso baeɛ. 25 Mmaa no bi a wɔnim adepam yie no too asaawa tuntum, bibire ne koogyan de yɛɛ ntoma a ɛyɛ fɛ de brɛɛ AWURADE. 26 Afoforɔ nso de anigyeɛ nam wɔn dom akyɛdeɛ so de abirekyie nwi yɛɛ ntoma. 27 Mpanimfoɔ a wɔdi wɔn anim no de aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ baeɛ sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotadeɛ no ne nʼadaaboɔ. 28 Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛfra srango no ne nnuhwam no ma adi mu no nso baeɛ. 29 Yei di ho adanseɛ sɛ Israel mmarima ne mmaa a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadie a AWURADE nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no firi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛdeɛ brɛɛ no. 30 Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “AWURADE ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ɔfiri Yuda abusua mu nana 31 no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 32 Ɔbɛtumi adi adwini afiri sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. 33 Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 34 Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusuakuo mu babarima adom akyɛdeɛ a wɔnam so kyerɛ afoforɔ adeɛ. 35 Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛdeɛ sononko sɛ adwumfoɔ, duadwumfoɔ, adenwonofoɔ a wɔtumi nwono nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan mu. Wɔnim saa adwinneɛ yi nyinaa di ma ɛboro so.

In Other Versions

Exodus 35 in the ANGEFD

Exodus 35 in the ANTPNG2D

Exodus 35 in the AS21

Exodus 35 in the BAGH

Exodus 35 in the BBPNG

Exodus 35 in the BBT1E

Exodus 35 in the BDS

Exodus 35 in the BEV

Exodus 35 in the BHAD

Exodus 35 in the BIB

Exodus 35 in the BLPT

Exodus 35 in the BNT

Exodus 35 in the BNTABOOT

Exodus 35 in the BNTLV

Exodus 35 in the BOATCB2

Exodus 35 in the BOBCV

Exodus 35 in the BOCNT

Exodus 35 in the BOECS

Exodus 35 in the BOGWICC

Exodus 35 in the BOHCB

Exodus 35 in the BOHCV

Exodus 35 in the BOHLNT

Exodus 35 in the BOHNTLTAL

Exodus 35 in the BOICB

Exodus 35 in the BOILNTAP

Exodus 35 in the BOITCV

Exodus 35 in the BOKCV

Exodus 35 in the BOKCV2

Exodus 35 in the BOKHWOG

Exodus 35 in the BOKSSV

Exodus 35 in the BOLCB

Exodus 35 in the BOLCB2

Exodus 35 in the BOMCV

Exodus 35 in the BONAV

Exodus 35 in the BONCB

Exodus 35 in the BONLT

Exodus 35 in the BONUT2

Exodus 35 in the BOPLNT

Exodus 35 in the BOSCB

Exodus 35 in the BOSNC

Exodus 35 in the BOTLNT

Exodus 35 in the BOVCB

Exodus 35 in the BOYCB

Exodus 35 in the BPBB

Exodus 35 in the BPH

Exodus 35 in the BSB

Exodus 35 in the CCB

Exodus 35 in the CUV

Exodus 35 in the CUVS

Exodus 35 in the DBT

Exodus 35 in the DGDNT

Exodus 35 in the DHNT

Exodus 35 in the DNT

Exodus 35 in the ELBE

Exodus 35 in the EMTV

Exodus 35 in the ESV

Exodus 35 in the FBV

Exodus 35 in the FEB

Exodus 35 in the GGMNT

Exodus 35 in the GNT

Exodus 35 in the HARY

Exodus 35 in the HNT

Exodus 35 in the IRVA

Exodus 35 in the IRVB

Exodus 35 in the IRVG

Exodus 35 in the IRVH

Exodus 35 in the IRVK

Exodus 35 in the IRVM

Exodus 35 in the IRVM2

Exodus 35 in the IRVO

Exodus 35 in the IRVP

Exodus 35 in the IRVT

Exodus 35 in the IRVT2

Exodus 35 in the IRVU

Exodus 35 in the ISVN

Exodus 35 in the JSNT

Exodus 35 in the KAPI

Exodus 35 in the KBT1ETNIK

Exodus 35 in the KBV

Exodus 35 in the KJV

Exodus 35 in the KNFD

Exodus 35 in the LBA

Exodus 35 in the LBLA

Exodus 35 in the LNT

Exodus 35 in the LSV

Exodus 35 in the MAAL

Exodus 35 in the MBV

Exodus 35 in the MBV2

Exodus 35 in the MHNT

Exodus 35 in the MKNFD

Exodus 35 in the MNG

Exodus 35 in the MNT

Exodus 35 in the MNT2

Exodus 35 in the MRS1T

Exodus 35 in the NAA

Exodus 35 in the NASB

Exodus 35 in the NBLA

Exodus 35 in the NBS

Exodus 35 in the NBVTP

Exodus 35 in the NET2

Exodus 35 in the NIV11

Exodus 35 in the NNT

Exodus 35 in the NNT2

Exodus 35 in the NNT3

Exodus 35 in the PDDPT

Exodus 35 in the PFNT

Exodus 35 in the RMNT

Exodus 35 in the SBIAS

Exodus 35 in the SBIBS

Exodus 35 in the SBIBS2

Exodus 35 in the SBICS

Exodus 35 in the SBIDS

Exodus 35 in the SBIGS

Exodus 35 in the SBIHS

Exodus 35 in the SBIIS

Exodus 35 in the SBIIS2

Exodus 35 in the SBIIS3

Exodus 35 in the SBIKS

Exodus 35 in the SBIKS2

Exodus 35 in the SBIMS

Exodus 35 in the SBIOS

Exodus 35 in the SBIPS

Exodus 35 in the SBISS

Exodus 35 in the SBITS

Exodus 35 in the SBITS2

Exodus 35 in the SBITS3

Exodus 35 in the SBITS4

Exodus 35 in the SBIUS

Exodus 35 in the SBIVS

Exodus 35 in the SBT

Exodus 35 in the SBT1E

Exodus 35 in the SCHL

Exodus 35 in the SNT

Exodus 35 in the SUSU

Exodus 35 in the SUSU2

Exodus 35 in the SYNO

Exodus 35 in the TBIAOTANT

Exodus 35 in the TBT1E

Exodus 35 in the TBT1E2

Exodus 35 in the TFTIP

Exodus 35 in the TFTU

Exodus 35 in the TGNTATF3T

Exodus 35 in the THAI

Exodus 35 in the TNFD

Exodus 35 in the TNT

Exodus 35 in the TNTIK

Exodus 35 in the TNTIL

Exodus 35 in the TNTIN

Exodus 35 in the TNTIP

Exodus 35 in the TNTIZ

Exodus 35 in the TOMA

Exodus 35 in the TTENT

Exodus 35 in the UBG

Exodus 35 in the UGV

Exodus 35 in the UGV2

Exodus 35 in the UGV3

Exodus 35 in the VBL

Exodus 35 in the VDCC

Exodus 35 in the YALU

Exodus 35 in the YAPE

Exodus 35 in the YBVTP

Exodus 35 in the ZBP