Ezekiel 14 (BOATCB)
1 Israel mpanimfoɔ no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatena mʼanim. 2 Afei AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 3 “Onipa ba, saa mmarimma yi de ahoni ahyɛ wɔn akoma mu na wɔde amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wɔbisa mʼase koraa anaa? 4 Enti kasa kyerɛ wɔn na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ nʼakoma mu na ɔde amumuyɛ suntidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn a, me AWURADE, mɛma no mmuaeɛ a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. 5 Mɛyɛ yei de atwe Israelfoɔ a wɔagya me akɔdi wɔn abosom akyi no akoma aba bio.’ 6 “Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Monsakra mo adwene. Momfiri mo ahoni ho na monnyae mo nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no! 7 “ ‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho firi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ nʼakoma mu de amumuyɛ suntidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifoɔ nkyɛn kɔbisa mʼase a, me, AWURADE ankasa bɛbua no. 8 Mɛtu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛsoɔ ne akasabɛbuo. Mɛyi no afiri me nkurɔfoɔ mu. Afei mobɛhunu sɛ mene AWURADE no. 9 “ ‘Na sɛ odiyifoɔ no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me AWURADE na madaadaa odiyifoɔ no, mɛtene me nsa wɔ ne so na matwa no afiri me nkurɔfoɔ Israelfoɔ mu. 10 Wɔbɛsoa wɔn afɔdie; odiyifoɔ no ne deɛ ɔkɔhunuu no no nyinaa bɛdi fɔ. 11 Na Israelfoɔ renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.’ ” 12 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 13 “Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokorɛ na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na metene me nsa wɔ wɔn so na megyae wɔn aduane ma, na mema ɛkɔm ba bɛkunkum emu nnipa ne wɔn mmoa a, 14 mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn tenenee bɛgye wɔn nko ara nkwa, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 15 “Anaa sɛ mema wiram mmoa kɔ saa asase no so na wɔkunkum ɛso nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so ɛsiane wiram mmoa no enti a, 16 sɛ mete ase yi, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmammarima ne mmammaa nkwa. Wɔn nko ara na wɔbɛgye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe. 17 “Sɛ nso metwe akofena wɔ asase no so, na meka sɛ, ‘Ma akofena no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mekunkum ɛso nnipa ne wɔn mmoa, 18 sɛ mete ase yi, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmammarima ne mmammaa nkwa. Wɔn nko ara na wɔbɛnya nkwa. 19 “Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuhyeɛ so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum ɛso nnipa ne wɔn mmoa a, 20 sɛ mete ase yi, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nye ɔbabarima anaa ɔbabaa nkwa. Wɔn tenenee enti wɔbɛgye wɔn ho nkwa. 21 “Na sei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: Ɛbɛyɛ hu mmorosoɔ sɛ mɛma mʼatemmuo huuhuuhu ɛnan, a ɛyɛ akofena, ɔkɔm, wiram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akɔkunkum ne mmarima ne wɔn mmoa! 22 Nanso ebinom bɛka, mmammarima ne mmammaa a wɔbɛyi wɔn afiri mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn wɔ Babilon, na sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho. 23 Sɛ mohunu wɔn su ne wɔn nneyɛɛ a, mo bo bɛtɔ mo yam, ɛfiri sɛ mobɛhunu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a ɛnni farebae, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.”
In Other Versions
Ezekiel 14 in the ANGEFD
Ezekiel 14 in the ANTPNG2D
Ezekiel 14 in the AS21
Ezekiel 14 in the BAGH
Ezekiel 14 in the BBPNG
Ezekiel 14 in the BBT1E
Ezekiel 14 in the BDS
Ezekiel 14 in the BEV
Ezekiel 14 in the BHAD
Ezekiel 14 in the BIB
Ezekiel 14 in the BLPT
Ezekiel 14 in the BNT
Ezekiel 14 in the BNTABOOT
Ezekiel 14 in the BNTLV
Ezekiel 14 in the BOATCB2
Ezekiel 14 in the BOBCV
Ezekiel 14 in the BOCNT
Ezekiel 14 in the BOECS
Ezekiel 14 in the BOGWICC
Ezekiel 14 in the BOHCB
Ezekiel 14 in the BOHCV
Ezekiel 14 in the BOHLNT
Ezekiel 14 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 14 in the BOICB
Ezekiel 14 in the BOILNTAP
Ezekiel 14 in the BOITCV
Ezekiel 14 in the BOKCV
Ezekiel 14 in the BOKCV2
Ezekiel 14 in the BOKHWOG
Ezekiel 14 in the BOKSSV
Ezekiel 14 in the BOLCB
Ezekiel 14 in the BOLCB2
Ezekiel 14 in the BOMCV
Ezekiel 14 in the BONAV
Ezekiel 14 in the BONCB
Ezekiel 14 in the BONLT
Ezekiel 14 in the BONUT2
Ezekiel 14 in the BOPLNT
Ezekiel 14 in the BOSCB
Ezekiel 14 in the BOSNC
Ezekiel 14 in the BOTLNT
Ezekiel 14 in the BOVCB
Ezekiel 14 in the BOYCB
Ezekiel 14 in the BPBB
Ezekiel 14 in the BPH
Ezekiel 14 in the BSB
Ezekiel 14 in the CCB
Ezekiel 14 in the CUV
Ezekiel 14 in the CUVS
Ezekiel 14 in the DBT
Ezekiel 14 in the DGDNT
Ezekiel 14 in the DHNT
Ezekiel 14 in the DNT
Ezekiel 14 in the ELBE
Ezekiel 14 in the EMTV
Ezekiel 14 in the ESV
Ezekiel 14 in the FBV
Ezekiel 14 in the FEB
Ezekiel 14 in the GGMNT
Ezekiel 14 in the GNT
Ezekiel 14 in the HARY
Ezekiel 14 in the HNT
Ezekiel 14 in the IRVA
Ezekiel 14 in the IRVB
Ezekiel 14 in the IRVG
Ezekiel 14 in the IRVH
Ezekiel 14 in the IRVK
Ezekiel 14 in the IRVM
Ezekiel 14 in the IRVM2
Ezekiel 14 in the IRVO
Ezekiel 14 in the IRVP
Ezekiel 14 in the IRVT
Ezekiel 14 in the IRVT2
Ezekiel 14 in the IRVU
Ezekiel 14 in the ISVN
Ezekiel 14 in the JSNT
Ezekiel 14 in the KAPI
Ezekiel 14 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 14 in the KBV
Ezekiel 14 in the KJV
Ezekiel 14 in the KNFD
Ezekiel 14 in the LBA
Ezekiel 14 in the LBLA
Ezekiel 14 in the LNT
Ezekiel 14 in the LSV
Ezekiel 14 in the MAAL
Ezekiel 14 in the MBV
Ezekiel 14 in the MBV2
Ezekiel 14 in the MHNT
Ezekiel 14 in the MKNFD
Ezekiel 14 in the MNG
Ezekiel 14 in the MNT
Ezekiel 14 in the MNT2
Ezekiel 14 in the MRS1T
Ezekiel 14 in the NAA
Ezekiel 14 in the NASB
Ezekiel 14 in the NBLA
Ezekiel 14 in the NBS
Ezekiel 14 in the NBVTP
Ezekiel 14 in the NET2
Ezekiel 14 in the NIV11
Ezekiel 14 in the NNT
Ezekiel 14 in the NNT2
Ezekiel 14 in the NNT3
Ezekiel 14 in the PDDPT
Ezekiel 14 in the PFNT
Ezekiel 14 in the RMNT
Ezekiel 14 in the SBIAS
Ezekiel 14 in the SBIBS
Ezekiel 14 in the SBIBS2
Ezekiel 14 in the SBICS
Ezekiel 14 in the SBIDS
Ezekiel 14 in the SBIGS
Ezekiel 14 in the SBIHS
Ezekiel 14 in the SBIIS
Ezekiel 14 in the SBIIS2
Ezekiel 14 in the SBIIS3
Ezekiel 14 in the SBIKS
Ezekiel 14 in the SBIKS2
Ezekiel 14 in the SBIMS
Ezekiel 14 in the SBIOS
Ezekiel 14 in the SBIPS
Ezekiel 14 in the SBISS
Ezekiel 14 in the SBITS
Ezekiel 14 in the SBITS2
Ezekiel 14 in the SBITS3
Ezekiel 14 in the SBITS4
Ezekiel 14 in the SBIUS
Ezekiel 14 in the SBIVS
Ezekiel 14 in the SBT
Ezekiel 14 in the SBT1E
Ezekiel 14 in the SCHL
Ezekiel 14 in the SNT
Ezekiel 14 in the SUSU
Ezekiel 14 in the SUSU2
Ezekiel 14 in the SYNO
Ezekiel 14 in the TBIAOTANT
Ezekiel 14 in the TBT1E
Ezekiel 14 in the TBT1E2
Ezekiel 14 in the TFTIP
Ezekiel 14 in the TFTU
Ezekiel 14 in the TGNTATF3T
Ezekiel 14 in the THAI
Ezekiel 14 in the TNFD
Ezekiel 14 in the TNT
Ezekiel 14 in the TNTIK
Ezekiel 14 in the TNTIL
Ezekiel 14 in the TNTIN
Ezekiel 14 in the TNTIP
Ezekiel 14 in the TNTIZ
Ezekiel 14 in the TOMA
Ezekiel 14 in the TTENT
Ezekiel 14 in the UBG
Ezekiel 14 in the UGV
Ezekiel 14 in the UGV2
Ezekiel 14 in the UGV3
Ezekiel 14 in the VBL
Ezekiel 14 in the VDCC
Ezekiel 14 in the YALU
Ezekiel 14 in the YAPE
Ezekiel 14 in the YBVTP
Ezekiel 14 in the ZBP