Ezekiel 14 (BOATCB2)

1 Israel mpanyimfo no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatenaa mʼanim. 2 Afei AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 3 “Onipa ba, saa mmarima yi de ahoni ahyɛ wɔn koma mu na wɔde amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wobisa mʼase koraa ana? 4 Enti kasa kyerɛ wɔn na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ ne koma mu na ɔde amumɔyɛ hintidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn a, me AWURADE, mɛma no mmuae a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. 5 Mɛyɛ eyi de atwe Israelfo a wɔagyaw me akodi wɔn abosom akyi no koma aba bio.’ 6 “Enti ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Monsakra mo adwene. Mumfi mo ahoni ho na munnyae mo nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no! 7 “ ‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho fi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ ne koma mu de amumɔyɛ hintidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn kobisa mʼase a, me, AWURADE ankasa bebua no. 8 Metu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛso ne kasabebui. Meyi no afi me nkurɔfo mu. Afei mubehu sɛ mene AWURADE no.’  9 “ ‘Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me AWURADE na madaadaa odiyifo no, mɛteɛ me nsa wɔ ne so na matwa no afi me nkurɔfo Israelfo mu. 10 Wɔbɛsoa wɔn afɔdi; odiyifo no ne nea okohuu no no nyinaa bedi fɔ. 11 Na Israelfo renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, Otumfo AWURADE asɛm ni.’ ” 12 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 13 “Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokware na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na meteɛ me nsa wɔ wɔn so na migyae wɔn aduanma, na mema ɔkɔm ba bekunkum mu nnipa ne wɔn mmoa a, 14 mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn trenee begye wɔn nko ara nkwa, Otumfo AWURADE asɛm ni. 15 “Anaa sɛ mema wuram mmoa kɔ saa asase no so na wokunkum so nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so, esiane wuram mmoa no nti a, 16 sɛ mete ase yi, Otumfo AWURADE asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobegye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe. 17 “Sɛ nso metwe afoa wɔ asase no so, na meka se, ‘Ma afoa no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mikunkum so nnipa ne wɔn mmoa, 18 sɛ mete ase yi, Otumfo AWURADE asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobenya nkwa. 19 “Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuwhyew so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum so nnipa ne wɔn mmoa a, 20 sɛ mete ase yi, Otumfo AWURADE asɛm ni, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nnye ɔbabarima anaa ɔbabea nkwa. Wɔn trenee nti wobegye wɔn nkwa. 21 “Na sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Ɛbɛyɛ hu mmoroso sɛ mɛma mʼatemmu huhuhuhu anan, a ɛyɛ afoa, ɔkɔm, wuram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akokunkum ne mmarima ne wɔn mmoa! 22 Nanso ebinom bɛka, mmabarima ne mmabea a wobeyi wɔn afi mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn na sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho, amanehunu a mede aba ne so biara. 23 Sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a mo bo bɛtɔ mo yam, efisɛ mubehu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a enni farebae, Otumfo AWURADE asɛm ni.”

In Other Versions

Ezekiel 14 in the ANGEFD

Ezekiel 14 in the ANTPNG2D

Ezekiel 14 in the AS21

Ezekiel 14 in the BAGH

Ezekiel 14 in the BBPNG

Ezekiel 14 in the BBT1E

Ezekiel 14 in the BDS

Ezekiel 14 in the BEV

Ezekiel 14 in the BHAD

Ezekiel 14 in the BIB

Ezekiel 14 in the BLPT

Ezekiel 14 in the BNT

Ezekiel 14 in the BNTABOOT

Ezekiel 14 in the BNTLV

Ezekiel 14 in the BOATCB

Ezekiel 14 in the BOBCV

Ezekiel 14 in the BOCNT

Ezekiel 14 in the BOECS

Ezekiel 14 in the BOGWICC

Ezekiel 14 in the BOHCB

Ezekiel 14 in the BOHCV

Ezekiel 14 in the BOHLNT

Ezekiel 14 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 14 in the BOICB

Ezekiel 14 in the BOILNTAP

Ezekiel 14 in the BOITCV

Ezekiel 14 in the BOKCV

Ezekiel 14 in the BOKCV2

Ezekiel 14 in the BOKHWOG

Ezekiel 14 in the BOKSSV

Ezekiel 14 in the BOLCB

Ezekiel 14 in the BOLCB2

Ezekiel 14 in the BOMCV

Ezekiel 14 in the BONAV

Ezekiel 14 in the BONCB

Ezekiel 14 in the BONLT

Ezekiel 14 in the BONUT2

Ezekiel 14 in the BOPLNT

Ezekiel 14 in the BOSCB

Ezekiel 14 in the BOSNC

Ezekiel 14 in the BOTLNT

Ezekiel 14 in the BOVCB

Ezekiel 14 in the BOYCB

Ezekiel 14 in the BPBB

Ezekiel 14 in the BPH

Ezekiel 14 in the BSB

Ezekiel 14 in the CCB

Ezekiel 14 in the CUV

Ezekiel 14 in the CUVS

Ezekiel 14 in the DBT

Ezekiel 14 in the DGDNT

Ezekiel 14 in the DHNT

Ezekiel 14 in the DNT

Ezekiel 14 in the ELBE

Ezekiel 14 in the EMTV

Ezekiel 14 in the ESV

Ezekiel 14 in the FBV

Ezekiel 14 in the FEB

Ezekiel 14 in the GGMNT

Ezekiel 14 in the GNT

Ezekiel 14 in the HARY

Ezekiel 14 in the HNT

Ezekiel 14 in the IRVA

Ezekiel 14 in the IRVB

Ezekiel 14 in the IRVG

Ezekiel 14 in the IRVH

Ezekiel 14 in the IRVK

Ezekiel 14 in the IRVM

Ezekiel 14 in the IRVM2

Ezekiel 14 in the IRVO

Ezekiel 14 in the IRVP

Ezekiel 14 in the IRVT

Ezekiel 14 in the IRVT2

Ezekiel 14 in the IRVU

Ezekiel 14 in the ISVN

Ezekiel 14 in the JSNT

Ezekiel 14 in the KAPI

Ezekiel 14 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 14 in the KBV

Ezekiel 14 in the KJV

Ezekiel 14 in the KNFD

Ezekiel 14 in the LBA

Ezekiel 14 in the LBLA

Ezekiel 14 in the LNT

Ezekiel 14 in the LSV

Ezekiel 14 in the MAAL

Ezekiel 14 in the MBV

Ezekiel 14 in the MBV2

Ezekiel 14 in the MHNT

Ezekiel 14 in the MKNFD

Ezekiel 14 in the MNG

Ezekiel 14 in the MNT

Ezekiel 14 in the MNT2

Ezekiel 14 in the MRS1T

Ezekiel 14 in the NAA

Ezekiel 14 in the NASB

Ezekiel 14 in the NBLA

Ezekiel 14 in the NBS

Ezekiel 14 in the NBVTP

Ezekiel 14 in the NET2

Ezekiel 14 in the NIV11

Ezekiel 14 in the NNT

Ezekiel 14 in the NNT2

Ezekiel 14 in the NNT3

Ezekiel 14 in the PDDPT

Ezekiel 14 in the PFNT

Ezekiel 14 in the RMNT

Ezekiel 14 in the SBIAS

Ezekiel 14 in the SBIBS

Ezekiel 14 in the SBIBS2

Ezekiel 14 in the SBICS

Ezekiel 14 in the SBIDS

Ezekiel 14 in the SBIGS

Ezekiel 14 in the SBIHS

Ezekiel 14 in the SBIIS

Ezekiel 14 in the SBIIS2

Ezekiel 14 in the SBIIS3

Ezekiel 14 in the SBIKS

Ezekiel 14 in the SBIKS2

Ezekiel 14 in the SBIMS

Ezekiel 14 in the SBIOS

Ezekiel 14 in the SBIPS

Ezekiel 14 in the SBISS

Ezekiel 14 in the SBITS

Ezekiel 14 in the SBITS2

Ezekiel 14 in the SBITS3

Ezekiel 14 in the SBITS4

Ezekiel 14 in the SBIUS

Ezekiel 14 in the SBIVS

Ezekiel 14 in the SBT

Ezekiel 14 in the SBT1E

Ezekiel 14 in the SCHL

Ezekiel 14 in the SNT

Ezekiel 14 in the SUSU

Ezekiel 14 in the SUSU2

Ezekiel 14 in the SYNO

Ezekiel 14 in the TBIAOTANT

Ezekiel 14 in the TBT1E

Ezekiel 14 in the TBT1E2

Ezekiel 14 in the TFTIP

Ezekiel 14 in the TFTU

Ezekiel 14 in the TGNTATF3T

Ezekiel 14 in the THAI

Ezekiel 14 in the TNFD

Ezekiel 14 in the TNT

Ezekiel 14 in the TNTIK

Ezekiel 14 in the TNTIL

Ezekiel 14 in the TNTIN

Ezekiel 14 in the TNTIP

Ezekiel 14 in the TNTIZ

Ezekiel 14 in the TOMA

Ezekiel 14 in the TTENT

Ezekiel 14 in the UBG

Ezekiel 14 in the UGV

Ezekiel 14 in the UGV2

Ezekiel 14 in the UGV3

Ezekiel 14 in the VBL

Ezekiel 14 in the VDCC

Ezekiel 14 in the YALU

Ezekiel 14 in the YAPE

Ezekiel 14 in the YBVTP

Ezekiel 14 in the ZBP