Genesis 46 (BOATCB)
1 Enti, Israel de nʼahodeɛ nyinaa siim kɔduruu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak somm no no afɔdeɛ wɔ hɔ. 2 Anadwo anisoadehunu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob sɛ, “Yakob! Yakob!”Yakob gyee so sɛ, “Me nie.” 3 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya somm no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, ɛfiri sɛ, mɛma wʼase adɔre ayɛ ɔman kɛseɛ wɔ hɔ. 4 Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim.” 5 Afei, Yakob siim firii Beer-Seba. Israel mma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde bɛfaa wɔn no mu. 6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim. 7 Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim. 8 Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan. 9 Ruben nso mmammarima edin na ɛdidi so yi:Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. 10 Simeon nso mmammarima yɛ:Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni. 11 Lewi mmammarima din na ɛdidi so yi:Gerson, Kohat ne Merari. 12 Yuda nso mmammarima yɛ:Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan deɛ, wɔwuwuiɛ wɔ Kanaan asase so, ansa na Israel reba Misraim asase so.Peres mmammarima yɛ:Hesron ne Hamul. 13 Isakar mmammarima nso yɛ:Tola, Puwa, Hiob ne Simron. 14 Sebulon mmammarima nso yɛ:Sered, Elon ne Yakleel. 15 Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woeɛ wɔ Paddan-Aram a ne babaa Dina nso ka ho. Saa mmammarima ne ne babaa yi nyinaa dodoɔ si nnipa aduasa mmiɛnsa. 16 Gad nso mma din na ɛdidi so yi:Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli. 17 Aser nso mma din na ɛdidi so yi:Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabaa Sera.Beria nso mma yɛ:Heber ne Malkiel. 18 Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia. 19 Yakob yere Rahel mma yɛ:Yosef ne Benyamin. 20 Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfoɔ babaa woo Manase ne Efraim wɔ Misraim. 21 Benyamin nso mmammarima din na ɛdidi so yi:Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard. 22 Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunan. 23 Dan babarima yɛHusim. 24 Naftali nso mmammarima din na ɛdidi so yi:Yahseel, Guni, Yeser ne Silem. 25 Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babaa Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodoɔ ano si nnipa baason. 26 Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefoɔ ankasa, a ne mmammarima yerenom nka ho dodoɔ ano si aduosia nsia. 27 Sɛ wɔde Yosef mmammarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodoɔ ano si nnipa aduɔson. 28 Israel somaa Yuda, ma ɔdii ɛkan kɔɔ Yosef hɔ kɔbisaa no Gosen ɛkwan. Akyire no, wɔkɔduruu Gosen. 29 Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kɔhyiaa nʼagya Israel. Yosef duruu nʼagya Yakob anim pɛ, ɔbam no, suiɛ ara kwansin. 30 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ohunu a mahunu wo sɛ wote ase yi enti, sɛ owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ.” 31 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fiefoɔ no sɛ, “Mɛkɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ, ‘Me nuammarimanom ne mʼagya fiefoɔ a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho. 32 Mmarima no yɛ nnwanhwɛfoɔ. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne biribiara a wɔwɔ aba.’ 33 Sɛ Farao frɛ mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’ 34 momma no mmuaeɛ sɛ, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa firi wɔn mmɔfraase, te sɛ deɛ yɛn agyanom yɛeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenaeɛ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ kɔkɔɔkɔ.”
In Other Versions
Genesis 46 in the ANGEFD
Genesis 46 in the ANTPNG2D
Genesis 46 in the AS21
Genesis 46 in the BAGH
Genesis 46 in the BBPNG
Genesis 46 in the BBT1E
Genesis 46 in the BDS
Genesis 46 in the BEV
Genesis 46 in the BHAD
Genesis 46 in the BIB
Genesis 46 in the BLPT
Genesis 46 in the BNT
Genesis 46 in the BNTABOOT
Genesis 46 in the BNTLV
Genesis 46 in the BOATCB2
Genesis 46 in the BOBCV
Genesis 46 in the BOCNT
Genesis 46 in the BOECS
Genesis 46 in the BOGWICC
Genesis 46 in the BOHCB
Genesis 46 in the BOHCV
Genesis 46 in the BOHLNT
Genesis 46 in the BOHNTLTAL
Genesis 46 in the BOICB
Genesis 46 in the BOILNTAP
Genesis 46 in the BOITCV
Genesis 46 in the BOKCV
Genesis 46 in the BOKCV2
Genesis 46 in the BOKHWOG
Genesis 46 in the BOKSSV
Genesis 46 in the BOLCB
Genesis 46 in the BOLCB2
Genesis 46 in the BOMCV
Genesis 46 in the BONAV
Genesis 46 in the BONCB
Genesis 46 in the BONLT
Genesis 46 in the BONUT2
Genesis 46 in the BOPLNT
Genesis 46 in the BOSCB
Genesis 46 in the BOSNC
Genesis 46 in the BOTLNT
Genesis 46 in the BOVCB
Genesis 46 in the BOYCB
Genesis 46 in the BPBB
Genesis 46 in the BPH
Genesis 46 in the BSB
Genesis 46 in the CCB
Genesis 46 in the CUV
Genesis 46 in the CUVS
Genesis 46 in the DBT
Genesis 46 in the DGDNT
Genesis 46 in the DHNT
Genesis 46 in the DNT
Genesis 46 in the ELBE
Genesis 46 in the EMTV
Genesis 46 in the ESV
Genesis 46 in the FBV
Genesis 46 in the FEB
Genesis 46 in the GGMNT
Genesis 46 in the GNT
Genesis 46 in the HARY
Genesis 46 in the HNT
Genesis 46 in the IRVA
Genesis 46 in the IRVB
Genesis 46 in the IRVG
Genesis 46 in the IRVH
Genesis 46 in the IRVK
Genesis 46 in the IRVM
Genesis 46 in the IRVM2
Genesis 46 in the IRVO
Genesis 46 in the IRVP
Genesis 46 in the IRVT
Genesis 46 in the IRVT2
Genesis 46 in the IRVU
Genesis 46 in the ISVN
Genesis 46 in the JSNT
Genesis 46 in the KAPI
Genesis 46 in the KBT1ETNIK
Genesis 46 in the KBV
Genesis 46 in the KJV
Genesis 46 in the KNFD
Genesis 46 in the LBA
Genesis 46 in the LBLA
Genesis 46 in the LNT
Genesis 46 in the LSV
Genesis 46 in the MAAL
Genesis 46 in the MBV
Genesis 46 in the MBV2
Genesis 46 in the MHNT
Genesis 46 in the MKNFD
Genesis 46 in the MNG
Genesis 46 in the MNT
Genesis 46 in the MNT2
Genesis 46 in the MRS1T
Genesis 46 in the NAA
Genesis 46 in the NASB
Genesis 46 in the NBLA
Genesis 46 in the NBS
Genesis 46 in the NBVTP
Genesis 46 in the NET2
Genesis 46 in the NIV11
Genesis 46 in the NNT
Genesis 46 in the NNT2
Genesis 46 in the NNT3
Genesis 46 in the PDDPT
Genesis 46 in the PFNT
Genesis 46 in the RMNT
Genesis 46 in the SBIAS
Genesis 46 in the SBIBS
Genesis 46 in the SBIBS2
Genesis 46 in the SBICS
Genesis 46 in the SBIDS
Genesis 46 in the SBIGS
Genesis 46 in the SBIHS
Genesis 46 in the SBIIS
Genesis 46 in the SBIIS2
Genesis 46 in the SBIIS3
Genesis 46 in the SBIKS
Genesis 46 in the SBIKS2
Genesis 46 in the SBIMS
Genesis 46 in the SBIOS
Genesis 46 in the SBIPS
Genesis 46 in the SBISS
Genesis 46 in the SBITS
Genesis 46 in the SBITS2
Genesis 46 in the SBITS3
Genesis 46 in the SBITS4
Genesis 46 in the SBIUS
Genesis 46 in the SBIVS
Genesis 46 in the SBT
Genesis 46 in the SBT1E
Genesis 46 in the SCHL
Genesis 46 in the SNT
Genesis 46 in the SUSU
Genesis 46 in the SUSU2
Genesis 46 in the SYNO
Genesis 46 in the TBIAOTANT
Genesis 46 in the TBT1E
Genesis 46 in the TBT1E2
Genesis 46 in the TFTIP
Genesis 46 in the TFTU
Genesis 46 in the TGNTATF3T
Genesis 46 in the THAI
Genesis 46 in the TNFD
Genesis 46 in the TNT
Genesis 46 in the TNTIK
Genesis 46 in the TNTIL
Genesis 46 in the TNTIN
Genesis 46 in the TNTIP
Genesis 46 in the TNTIZ
Genesis 46 in the TOMA
Genesis 46 in the TTENT
Genesis 46 in the UBG
Genesis 46 in the UGV
Genesis 46 in the UGV2
Genesis 46 in the UGV3
Genesis 46 in the VBL
Genesis 46 in the VDCC
Genesis 46 in the YALU
Genesis 46 in the YAPE
Genesis 46 in the YBVTP
Genesis 46 in the ZBP