Isaiah 42 (BOATCB)
1 “Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie,deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani;mede me Honhom bɛgu no sona ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no. 2 Ɔrenteam anaa ɔremma ne nne so.Ɔremma ne nne so wɔ mmɔntene so. 3 Demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu.Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum.Nokorɛ mu na ɔbɛda tenenee adi; 4 ɔrenhinhim na nʼabamu remmukɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so.Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.” 5 Yei ne deɛ Onyankopɔn, AWURADE no seɛ,deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu,deɛ ɔtwee asase mu ne deɛ ɛfiri mu nyinaa,deɛ ɔma wɔn a wɔte so ahome,na ɔma wɔn a wɔnante soɔ no nkwa: 6 “Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu;mɛsɔ wo nsa.Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛapam ama nkurɔfoɔ none kanea ama amanamanmufoɔ, 7 na woabue ani a afira,na woayi nneduafoɔ afiri afiasena woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no. 8 “Mene AWURADE; me din ne no!Meremfa mʼanimuonyam mma obianaa mʼayɛyie mma ahoni. 9 Hwɛ, nneɛma dada no atwam,na nneɛma foforɔ no mepae mu ka;ansa na ɛbɛba mu nomeka kyerɛ mo.” 10 Monto dwom foforɔ mma AWURADE!Nʼayɛyie mfiri asase ano,mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa,mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa. 11 Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so;ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho.Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom;ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi! 12 Ma wɔnhyɛ AWURADE animuonyam;na wɔmpae mu nka nʼayɛyie no wɔ nsupɔ no so. 13 AWURADE bɛpue aba sɛ ɔkatakyie,te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den;ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛna ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim. 14 “Mayɛ komm akyɛre,mayɛ dinn na mahyɛ me ho so.Nanso, afei, te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ no,meteam, mehome a ɛnsi so na mehome ɔherɛ so. 15 Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ nona mahye ɛso afifideɛ nyinaa.Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ,na mama atadeɛ awewe. 16 Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so,akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan.Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim,na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom.Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ;merennya wɔn mu. 17 Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,mɛpam wɔn animguaseɛ mu.” 18 “Tie, wo ɔsotifoɔ;hwɛ, wo onifirani na hunu! 19 Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ,na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ?Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu?Anaa hwan na nʼani afira sɛ AWURADE ɔsomfoɔ? 20 Woahunu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho;Wʼasom da ɛkwan, nanso wonte hwee.” 21 Ɛsɔɔ AWURADE anine tenenee entisɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam. 22 Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi,wɔn nyinaa aka amena muanaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu.Wɔayɛ wɔn afodeɛna wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn;wɔayɛ wɔn korɔnodeɛna wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.” 23 Mo mu hwan na ɔbɛtie yeianaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi? 24 Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ,na ɔde Israel maa afomfoɔ?Ɛnyɛ AWURADE ayɛayɛ bɔne atia no no?Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so;na wɔanni ne mmara so. 25 Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,akodie mu basabasayɛ.Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ.Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho.
In Other Versions
Isaiah 42 in the ANGEFD
Isaiah 42 in the ANTPNG2D
Isaiah 42 in the AS21
Isaiah 42 in the BAGH
Isaiah 42 in the BBPNG
Isaiah 42 in the BBT1E
Isaiah 42 in the BDS
Isaiah 42 in the BEV
Isaiah 42 in the BHAD
Isaiah 42 in the BIB
Isaiah 42 in the BLPT
Isaiah 42 in the BNT
Isaiah 42 in the BNTABOOT
Isaiah 42 in the BNTLV
Isaiah 42 in the BOATCB2
Isaiah 42 in the BOBCV
Isaiah 42 in the BOCNT
Isaiah 42 in the BOECS
Isaiah 42 in the BOGWICC
Isaiah 42 in the BOHCB
Isaiah 42 in the BOHCV
Isaiah 42 in the BOHLNT
Isaiah 42 in the BOHNTLTAL
Isaiah 42 in the BOICB
Isaiah 42 in the BOILNTAP
Isaiah 42 in the BOITCV
Isaiah 42 in the BOKCV
Isaiah 42 in the BOKCV2
Isaiah 42 in the BOKHWOG
Isaiah 42 in the BOKSSV
Isaiah 42 in the BOLCB
Isaiah 42 in the BOLCB2
Isaiah 42 in the BOMCV
Isaiah 42 in the BONAV
Isaiah 42 in the BONCB
Isaiah 42 in the BONLT
Isaiah 42 in the BONUT2
Isaiah 42 in the BOPLNT
Isaiah 42 in the BOSCB
Isaiah 42 in the BOSNC
Isaiah 42 in the BOTLNT
Isaiah 42 in the BOVCB
Isaiah 42 in the BOYCB
Isaiah 42 in the BPBB
Isaiah 42 in the BPH
Isaiah 42 in the BSB
Isaiah 42 in the CCB
Isaiah 42 in the CUV
Isaiah 42 in the CUVS
Isaiah 42 in the DBT
Isaiah 42 in the DGDNT
Isaiah 42 in the DHNT
Isaiah 42 in the DNT
Isaiah 42 in the ELBE
Isaiah 42 in the EMTV
Isaiah 42 in the ESV
Isaiah 42 in the FBV
Isaiah 42 in the FEB
Isaiah 42 in the GGMNT
Isaiah 42 in the GNT
Isaiah 42 in the HARY
Isaiah 42 in the HNT
Isaiah 42 in the IRVA
Isaiah 42 in the IRVB
Isaiah 42 in the IRVG
Isaiah 42 in the IRVH
Isaiah 42 in the IRVK
Isaiah 42 in the IRVM
Isaiah 42 in the IRVM2
Isaiah 42 in the IRVO
Isaiah 42 in the IRVP
Isaiah 42 in the IRVT
Isaiah 42 in the IRVT2
Isaiah 42 in the IRVU
Isaiah 42 in the ISVN
Isaiah 42 in the JSNT
Isaiah 42 in the KAPI
Isaiah 42 in the KBT1ETNIK
Isaiah 42 in the KBV
Isaiah 42 in the KJV
Isaiah 42 in the KNFD
Isaiah 42 in the LBA
Isaiah 42 in the LBLA
Isaiah 42 in the LNT
Isaiah 42 in the LSV
Isaiah 42 in the MAAL
Isaiah 42 in the MBV
Isaiah 42 in the MBV2
Isaiah 42 in the MHNT
Isaiah 42 in the MKNFD
Isaiah 42 in the MNG
Isaiah 42 in the MNT
Isaiah 42 in the MNT2
Isaiah 42 in the MRS1T
Isaiah 42 in the NAA
Isaiah 42 in the NASB
Isaiah 42 in the NBLA
Isaiah 42 in the NBS
Isaiah 42 in the NBVTP
Isaiah 42 in the NET2
Isaiah 42 in the NIV11
Isaiah 42 in the NNT
Isaiah 42 in the NNT2
Isaiah 42 in the NNT3
Isaiah 42 in the PDDPT
Isaiah 42 in the PFNT
Isaiah 42 in the RMNT
Isaiah 42 in the SBIAS
Isaiah 42 in the SBIBS
Isaiah 42 in the SBIBS2
Isaiah 42 in the SBICS
Isaiah 42 in the SBIDS
Isaiah 42 in the SBIGS
Isaiah 42 in the SBIHS
Isaiah 42 in the SBIIS
Isaiah 42 in the SBIIS2
Isaiah 42 in the SBIIS3
Isaiah 42 in the SBIKS
Isaiah 42 in the SBIKS2
Isaiah 42 in the SBIMS
Isaiah 42 in the SBIOS
Isaiah 42 in the SBIPS
Isaiah 42 in the SBISS
Isaiah 42 in the SBITS
Isaiah 42 in the SBITS2
Isaiah 42 in the SBITS3
Isaiah 42 in the SBITS4
Isaiah 42 in the SBIUS
Isaiah 42 in the SBIVS
Isaiah 42 in the SBT
Isaiah 42 in the SBT1E
Isaiah 42 in the SCHL
Isaiah 42 in the SNT
Isaiah 42 in the SUSU
Isaiah 42 in the SUSU2
Isaiah 42 in the SYNO
Isaiah 42 in the TBIAOTANT
Isaiah 42 in the TBT1E
Isaiah 42 in the TBT1E2
Isaiah 42 in the TFTIP
Isaiah 42 in the TFTU
Isaiah 42 in the TGNTATF3T
Isaiah 42 in the THAI
Isaiah 42 in the TNFD
Isaiah 42 in the TNT
Isaiah 42 in the TNTIK
Isaiah 42 in the TNTIL
Isaiah 42 in the TNTIN
Isaiah 42 in the TNTIP
Isaiah 42 in the TNTIZ
Isaiah 42 in the TOMA
Isaiah 42 in the TTENT
Isaiah 42 in the UBG
Isaiah 42 in the UGV
Isaiah 42 in the UGV2
Isaiah 42 in the UGV3
Isaiah 42 in the VBL
Isaiah 42 in the VDCC
Isaiah 42 in the YALU
Isaiah 42 in the YAPE
Isaiah 42 in the YBVTP
Isaiah 42 in the ZBP