Isaiah 42 (BOATCB2)
1 “Me somfo a mahyɛ no den ni,nea mayi no na ɔsɔ mʼani;mede me Honhom begu no sona ɔde atɛntrenee bɛbrɛ aman no. 2 Ɔrenteɛ mu anaa ɔremma ne nne so.Ɔremma ne nne so wɔ mmɔnten so. 3 Demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu.Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum.Nokware mu na ɔbɛda trenee adi; 4 ɔrenhinhim na ɔrempa abawkosi sɛ ɔde trenee bɛba asase so.Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛto.” 5 Sɛɛ na Onyankopɔn, AWURADE no se,nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛw mu,nea ɔtwee asase mu ne nea efi mu nyinaa,nea ɔma wɔn a wɔte so home,na ɔma wɔn a wɔnantew so no nkwa: 6 “Me, AWURADE, mafrɛ wo trenee mu;meso wo nsa.Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛapam ama nkurɔfo none kanea ama amanamanmufo, 7 na woabue ani a afura,na woayi nneduafo afi afiasena woagye wɔn a wɔda afiase amoa mu, wɔn a wɔte sum kabii mu no. 8 “Mene AWURADE; me din ne no!Meremfa mʼanuonyam mma obianaa mʼayeyi mma ahoni. 9 Hwɛ, nneɛma dedaw no asisi,na nneɛma foforo no mepae mu ka;ansa na ɛbɛba mu no,meka kyerɛ mo.” 10 Monto dwom foforo mma AWURADE!Nʼayeyi mfi asase ano,mo a mokɔ po so ne nea ɛwo mu nyinaa,mo asupɔw ne wɔn a wɔtete so nyinaa. 11 Ma nweatam ne so nkurow mma wɔn nne so;ma atenae a Kedar te so no nsɛpɛw wɔn ho.Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto nnwom nnye wɔn ani;ma wɔnteɛ mu mfi mmepɔw no atifi! 12 Ma wɔnhyɛ AWURADE anuonyam;na wɔmpae mu nka nʼayeyi no wɔ asupɔw no so. 13 AWURADE bepue aba sɛ ɔkatakyi,te sɛ ɔkofo no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den;ɔde nteɛmu bɛyɛ ɔkofo nkanyanna obedi nʼatamfo so nkonim. 14 “Mayɛ komm akyɛ,mayɛ dinn na mahyɛ me ho so.Nanso afei, te sɛ ɔbea a ɔrewo no,meteɛ mu, mehome a ensi so na mehome afrɛ so. 15 Mɛsɛe mmepɔw ne nkoko nona mahyew so afifide nyinaa.Mɛdan nsubɔnten ama ayɛ asupɔw,na mama atare ayoyow. 16 Medi anifuraefo anim afa akwan a wonnim so so,akwan a wonnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan.Mɛma sum no ayɛ hann wɔ wɔn anim,na mayɛ mmeae a ɛyɛ abonkyiabonkyi no trontrom.Eyinom ne nneɛma a mɛyɛ;merennyaw wɔn mu. 17 Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,na wɔka kyerɛ nsɛsode se, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,wɔbɛpam wɔn wɔ animguase mu.” 18 “Tie, wo ɔsotifo;hwɛ, wo onifuraefo na hu! 19 Hena ne onifuraefo sɛ me somfo,na ɔyɛ ɔsotifo sɛ ɔbɔfo a mesoma no?Hena na nʼani afura sɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ me mu,nʼani afura sɛ AWURADE somfo? 20 Woahu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho;Ɔkwan da wʼasom, nanso wonte hwee.” 21 Ɛsɔɔ AWURADE ani,ne trenee ntisɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛse na anya anuonyam. 22 Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafow wɔn yi,wɔn nyinaa aka amoa muanaa wɔde wɔn asie wɔ afiase.Wɔayɛ wɔn asadena wonni obi a obegye wɔn;wɔayɛ wɔn akorɔnnena wonni obi a ɔbɛka se, “Momfa wɔn nsan nkɔ.” 23 Mo mu hena na obetie eyianaa nʼani beku ho yiye akyiri yi? 24 Hena na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ akorɔnne,na ɔde Israel maa afowfo?Ɛnyɛ AWURADE ayɛayɛ bɔne atia no no?Efisɛ wɔannantew nʼakwan so;na wɔanni ne mmara so. 25 Enti ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so,akodi mu basabasayɛ.Ɛde ogyaframa bunkam wɔn so, nanso wɔante ase.Ɛhyew wɔn, nanso amfa wɔn ho.
In Other Versions
Isaiah 42 in the ANGEFD
Isaiah 42 in the ANTPNG2D
Isaiah 42 in the AS21
Isaiah 42 in the BAGH
Isaiah 42 in the BBPNG
Isaiah 42 in the BBT1E
Isaiah 42 in the BDS
Isaiah 42 in the BEV
Isaiah 42 in the BHAD
Isaiah 42 in the BIB
Isaiah 42 in the BLPT
Isaiah 42 in the BNT
Isaiah 42 in the BNTABOOT
Isaiah 42 in the BNTLV
Isaiah 42 in the BOATCB
Isaiah 42 in the BOBCV
Isaiah 42 in the BOCNT
Isaiah 42 in the BOECS
Isaiah 42 in the BOGWICC
Isaiah 42 in the BOHCB
Isaiah 42 in the BOHCV
Isaiah 42 in the BOHLNT
Isaiah 42 in the BOHNTLTAL
Isaiah 42 in the BOICB
Isaiah 42 in the BOILNTAP
Isaiah 42 in the BOITCV
Isaiah 42 in the BOKCV
Isaiah 42 in the BOKCV2
Isaiah 42 in the BOKHWOG
Isaiah 42 in the BOKSSV
Isaiah 42 in the BOLCB
Isaiah 42 in the BOLCB2
Isaiah 42 in the BOMCV
Isaiah 42 in the BONAV
Isaiah 42 in the BONCB
Isaiah 42 in the BONLT
Isaiah 42 in the BONUT2
Isaiah 42 in the BOPLNT
Isaiah 42 in the BOSCB
Isaiah 42 in the BOSNC
Isaiah 42 in the BOTLNT
Isaiah 42 in the BOVCB
Isaiah 42 in the BOYCB
Isaiah 42 in the BPBB
Isaiah 42 in the BPH
Isaiah 42 in the BSB
Isaiah 42 in the CCB
Isaiah 42 in the CUV
Isaiah 42 in the CUVS
Isaiah 42 in the DBT
Isaiah 42 in the DGDNT
Isaiah 42 in the DHNT
Isaiah 42 in the DNT
Isaiah 42 in the ELBE
Isaiah 42 in the EMTV
Isaiah 42 in the ESV
Isaiah 42 in the FBV
Isaiah 42 in the FEB
Isaiah 42 in the GGMNT
Isaiah 42 in the GNT
Isaiah 42 in the HARY
Isaiah 42 in the HNT
Isaiah 42 in the IRVA
Isaiah 42 in the IRVB
Isaiah 42 in the IRVG
Isaiah 42 in the IRVH
Isaiah 42 in the IRVK
Isaiah 42 in the IRVM
Isaiah 42 in the IRVM2
Isaiah 42 in the IRVO
Isaiah 42 in the IRVP
Isaiah 42 in the IRVT
Isaiah 42 in the IRVT2
Isaiah 42 in the IRVU
Isaiah 42 in the ISVN
Isaiah 42 in the JSNT
Isaiah 42 in the KAPI
Isaiah 42 in the KBT1ETNIK
Isaiah 42 in the KBV
Isaiah 42 in the KJV
Isaiah 42 in the KNFD
Isaiah 42 in the LBA
Isaiah 42 in the LBLA
Isaiah 42 in the LNT
Isaiah 42 in the LSV
Isaiah 42 in the MAAL
Isaiah 42 in the MBV
Isaiah 42 in the MBV2
Isaiah 42 in the MHNT
Isaiah 42 in the MKNFD
Isaiah 42 in the MNG
Isaiah 42 in the MNT
Isaiah 42 in the MNT2
Isaiah 42 in the MRS1T
Isaiah 42 in the NAA
Isaiah 42 in the NASB
Isaiah 42 in the NBLA
Isaiah 42 in the NBS
Isaiah 42 in the NBVTP
Isaiah 42 in the NET2
Isaiah 42 in the NIV11
Isaiah 42 in the NNT
Isaiah 42 in the NNT2
Isaiah 42 in the NNT3
Isaiah 42 in the PDDPT
Isaiah 42 in the PFNT
Isaiah 42 in the RMNT
Isaiah 42 in the SBIAS
Isaiah 42 in the SBIBS
Isaiah 42 in the SBIBS2
Isaiah 42 in the SBICS
Isaiah 42 in the SBIDS
Isaiah 42 in the SBIGS
Isaiah 42 in the SBIHS
Isaiah 42 in the SBIIS
Isaiah 42 in the SBIIS2
Isaiah 42 in the SBIIS3
Isaiah 42 in the SBIKS
Isaiah 42 in the SBIKS2
Isaiah 42 in the SBIMS
Isaiah 42 in the SBIOS
Isaiah 42 in the SBIPS
Isaiah 42 in the SBISS
Isaiah 42 in the SBITS
Isaiah 42 in the SBITS2
Isaiah 42 in the SBITS3
Isaiah 42 in the SBITS4
Isaiah 42 in the SBIUS
Isaiah 42 in the SBIVS
Isaiah 42 in the SBT
Isaiah 42 in the SBT1E
Isaiah 42 in the SCHL
Isaiah 42 in the SNT
Isaiah 42 in the SUSU
Isaiah 42 in the SUSU2
Isaiah 42 in the SYNO
Isaiah 42 in the TBIAOTANT
Isaiah 42 in the TBT1E
Isaiah 42 in the TBT1E2
Isaiah 42 in the TFTIP
Isaiah 42 in the TFTU
Isaiah 42 in the TGNTATF3T
Isaiah 42 in the THAI
Isaiah 42 in the TNFD
Isaiah 42 in the TNT
Isaiah 42 in the TNTIK
Isaiah 42 in the TNTIL
Isaiah 42 in the TNTIN
Isaiah 42 in the TNTIP
Isaiah 42 in the TNTIZ
Isaiah 42 in the TOMA
Isaiah 42 in the TTENT
Isaiah 42 in the UBG
Isaiah 42 in the UGV
Isaiah 42 in the UGV2
Isaiah 42 in the UGV3
Isaiah 42 in the VBL
Isaiah 42 in the VDCC
Isaiah 42 in the YALU
Isaiah 42 in the YAPE
Isaiah 42 in the YBVTP
Isaiah 42 in the ZBP