Luke 2 (BOATCB)

1 Saa ɛberɛ no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma ɔhempɔn hyɛɛ mmara bi sɛ wɔnkan ne ɔman no mu nnipa nyinaa. 2 Saa nnipakan yi ne deɛ ɛdi ɛkan a wɔkanee wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no berɛ so. 3 Obiara kɔɔ ne kurom na wɔtwerɛɛ ne din. 4 Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ sɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 5 Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ. 6 Wɔwɔ Betlehem no, awoɔ kaa Maria, 7 na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ. 8 Anadwo no ara, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ ɛserɛ no so baabi rewɛn wɔn nnwan. 9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ, na ɛmaa wɔn ho dwirii wɔn. 10 Ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11 Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. 12 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a mobɛhunu. Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.” 13 Amonom hɔ ara, abɔfokuo bɛkaa ɔbɔfoɔ a ɔwɔ hɔ no ho na wɔtoo ayɛyie dwom sɛ, 14 “Animuonyam nka Ɔsorosoro Onyankopɔn,na asomdwoeɛ mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.” 15 Ɛberɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ ɔsoro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.” 16 Wɔde ahoɔherɛ kɔɔ Betlehem kɔhunuu Maria ne Yosef. Na wɔhunuu abɔfra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Nnwanhwɛfoɔ no hunuu abɔfra no no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no. 18 Wɔn a wɔtee nnwanhwɛfoɔ yi asɛm no nyinaa ho dwirii wɔn. 19 Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. 20 Nnwanhwɛfoɔ no kɔhunuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ sane wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 21 Abɔfra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Ɛda no ara na wɔtwaa no twetia. 22 Ɛberɛ duruu sɛ Yosef ne Maria kɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, wɔde abɔfra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23 Sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbaa wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade.” 24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔdeɛ, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no: wɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu na wɔde bɔ afɔdeɛ no. 25 Ɛda no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa tenenee, ɔhotefoɔ a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu kɔsi sɛ ɔbɛhunu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27 Enti ɛberɛ a Maria ne Yosef duruu asɔredan no mu sɛ wɔde abɔfra no rekɔma Awurade sɛdeɛ mmara no te no, 28 wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abɔfra no hyɛɛ Awurade animuonyam sɛ, 29 “Awurade,afei ma wʼakoa nwu asomdwoeɛ mu 30 ɛfiri sɛ, mʼani ahunu Agyenkwa 31 a wohyɛɛ me ne ho bɔ no. 32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn ewiase nyinaana wahyɛ wo ɔman Israel animuonyam!” 33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne maame Maria nwanwa. 34 Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina. 35 Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wɔ wo mu.” 36 Saa ɛberɛ no, na Fanuel babaa odiyifoɔ Ana a ɔfiri Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyini. Ɔwaree ne mmabaawaberɛ mu ne ne kunu tenaeɛ mfeɛ nson pɛ na ne kunu no wuiɛ. 37 Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn. 38 Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa. 39 Wɔwiee amanneɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, 40 Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so. 41 Afe biara na Yesu awofoɔ kɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no. 42 Sɛdeɛ na wɔn amanneɛ te no, Yesu dii mfeɛ dumienu no, nʼawofoɔ de no kɔɔ Yerusalem kɔdii Twam Afahyɛ no. 43 Wɔwiee afahyɛ no di a wɔresane akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofoɔ no nnim. 44 Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn. 45 Na wɔanhunu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46 Ne nnansa akyi no, wɔkɔhunuu no Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuaeɛ nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwanwa. 48 Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.” 49 Yesu buaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya efie som no anaa?” 50 Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase. 51 Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim. 52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.

In Other Versions

Luke 2 in the ANGEFD

Luke 2 in the ANTPNG2D

Luke 2 in the AS21

Luke 2 in the BAGH

Luke 2 in the BBPNG

Luke 2 in the BBT1E

Luke 2 in the BDS

Luke 2 in the BEV

Luke 2 in the BHAD

Luke 2 in the BIB

Luke 2 in the BLPT

Luke 2 in the BNT

Luke 2 in the BNTABOOT

Luke 2 in the BNTLV

Luke 2 in the BOATCB2

Luke 2 in the BOBCV

Luke 2 in the BOCNT

Luke 2 in the BOECS

Luke 2 in the BOGWICC

Luke 2 in the BOHCB

Luke 2 in the BOHCV

Luke 2 in the BOHLNT

Luke 2 in the BOHNTLTAL

Luke 2 in the BOICB

Luke 2 in the BOILNTAP

Luke 2 in the BOITCV

Luke 2 in the BOKCV

Luke 2 in the BOKCV2

Luke 2 in the BOKHWOG

Luke 2 in the BOKSSV

Luke 2 in the BOLCB

Luke 2 in the BOLCB2

Luke 2 in the BOMCV

Luke 2 in the BONAV

Luke 2 in the BONCB

Luke 2 in the BONLT

Luke 2 in the BONUT2

Luke 2 in the BOPLNT

Luke 2 in the BOSCB

Luke 2 in the BOSNC

Luke 2 in the BOTLNT

Luke 2 in the BOVCB

Luke 2 in the BOYCB

Luke 2 in the BPBB

Luke 2 in the BPH

Luke 2 in the BSB

Luke 2 in the CCB

Luke 2 in the CUV

Luke 2 in the CUVS

Luke 2 in the DBT

Luke 2 in the DGDNT

Luke 2 in the DHNT

Luke 2 in the DNT

Luke 2 in the ELBE

Luke 2 in the EMTV

Luke 2 in the ESV

Luke 2 in the FBV

Luke 2 in the FEB

Luke 2 in the GGMNT

Luke 2 in the GNT

Luke 2 in the HARY

Luke 2 in the HNT

Luke 2 in the IRVA

Luke 2 in the IRVB

Luke 2 in the IRVG

Luke 2 in the IRVH

Luke 2 in the IRVK

Luke 2 in the IRVM

Luke 2 in the IRVM2

Luke 2 in the IRVO

Luke 2 in the IRVP

Luke 2 in the IRVT

Luke 2 in the IRVT2

Luke 2 in the IRVU

Luke 2 in the ISVN

Luke 2 in the JSNT

Luke 2 in the KAPI

Luke 2 in the KBT1ETNIK

Luke 2 in the KBV

Luke 2 in the KJV

Luke 2 in the KNFD

Luke 2 in the LBA

Luke 2 in the LBLA

Luke 2 in the LNT

Luke 2 in the LSV

Luke 2 in the MAAL

Luke 2 in the MBV

Luke 2 in the MBV2

Luke 2 in the MHNT

Luke 2 in the MKNFD

Luke 2 in the MNG

Luke 2 in the MNT

Luke 2 in the MNT2

Luke 2 in the MRS1T

Luke 2 in the NAA

Luke 2 in the NASB

Luke 2 in the NBLA

Luke 2 in the NBS

Luke 2 in the NBVTP

Luke 2 in the NET2

Luke 2 in the NIV11

Luke 2 in the NNT

Luke 2 in the NNT2

Luke 2 in the NNT3

Luke 2 in the PDDPT

Luke 2 in the PFNT

Luke 2 in the RMNT

Luke 2 in the SBIAS

Luke 2 in the SBIBS

Luke 2 in the SBIBS2

Luke 2 in the SBICS

Luke 2 in the SBIDS

Luke 2 in the SBIGS

Luke 2 in the SBIHS

Luke 2 in the SBIIS

Luke 2 in the SBIIS2

Luke 2 in the SBIIS3

Luke 2 in the SBIKS

Luke 2 in the SBIKS2

Luke 2 in the SBIMS

Luke 2 in the SBIOS

Luke 2 in the SBIPS

Luke 2 in the SBISS

Luke 2 in the SBITS

Luke 2 in the SBITS2

Luke 2 in the SBITS3

Luke 2 in the SBITS4

Luke 2 in the SBIUS

Luke 2 in the SBIVS

Luke 2 in the SBT

Luke 2 in the SBT1E

Luke 2 in the SCHL

Luke 2 in the SNT

Luke 2 in the SUSU

Luke 2 in the SUSU2

Luke 2 in the SYNO

Luke 2 in the TBIAOTANT

Luke 2 in the TBT1E

Luke 2 in the TBT1E2

Luke 2 in the TFTIP

Luke 2 in the TFTU

Luke 2 in the TGNTATF3T

Luke 2 in the THAI

Luke 2 in the TNFD

Luke 2 in the TNT

Luke 2 in the TNTIK

Luke 2 in the TNTIL

Luke 2 in the TNTIN

Luke 2 in the TNTIP

Luke 2 in the TNTIZ

Luke 2 in the TOMA

Luke 2 in the TTENT

Luke 2 in the UBG

Luke 2 in the UGV

Luke 2 in the UGV2

Luke 2 in the UGV3

Luke 2 in the VBL

Luke 2 in the VDCC

Luke 2 in the YALU

Luke 2 in the YAPE

Luke 2 in the YBVTP

Luke 2 in the ZBP