Luke 2 (BOATCB2)

1 Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa. 2 Saa nnipakan yi ne nea edi kan wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no bere so. 3 Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din. 4 Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 5 Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe. 6 Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria, 7 na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ. 8 Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan. 9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn. 10 Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11 Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. 12 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.” 13 Amono mu hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se, 14 “Anuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn,na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.” 15 Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.” 16 Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Nguanhwɛfo no huu abofra no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro ɔbɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia wo hɔ no. 18 Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn. 19 Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. 20 Nguanhwɛfo no kohuu nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigye san wɔn akyi kɔɔ nea wɔn nguan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 21 Abofra no dii nnaawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔsoro ɔbɔfo no kyerɛɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Da no ara na wotwaa no twetia. 22 Bere duu sɛ Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23 Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbea wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ma Awurade.” 24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔre, sɛnea mmara no kyerɛ no wɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien na ɛbɔ afɔre no. 25 Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa trenee, ɔhotefo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no se ɔrenwu kosi sɛ obehu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27 Enti bere a Maria ne Yosef duu asɔredan no mu sɛ wɔde abofra no rekɔma Awurade sɛnea mmara no te no, 28 wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abofra no, hyɛɛ Awurade anuonyam se, 29 “Awurade,afei ma wʼakoa nwu wɔ asomdwoe mu 30 efisɛ mʼani ahu Agyenkwa 31 a wohyɛɛ me ne ho bɔ no. 32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaana wahyɛ wo man Israel anuonyam!” 33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne na Maria nwonwa. 34 Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, “Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina. 35 Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wɔ wo mu.” 36 Saa bere no, na Fanuel babea odiyifo Ana a ofi Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyin. Ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfe ason pɛ na ne kunu no wui. 37 Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn. 38 Saa bere no ara na ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa. 39 Wowiee amanne sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, 40 Abofra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so. 41 Afe biara na Yesu awofo kɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no. 42 Sɛnea na wɔn amanne te no, Yesu dii mfe dumien no, nʼawofo de no kɔɔ Yerusalem kodii Twam Afahyɛ no. 43 Wowiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofo no nnim. 44 Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofii ase bisabisaa nʼase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn. 45 Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. 46 Ne nnansa akyi no, wokohuu no wɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuae nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwonwa. 48 Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.” 49 Yesu buaa wɔn se, “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?” 50 Nanso nʼawofo no ante nea ɔkae no ase. 51 Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim. 52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.

In Other Versions

Luke 2 in the ANGEFD

Luke 2 in the ANTPNG2D

Luke 2 in the AS21

Luke 2 in the BAGH

Luke 2 in the BBPNG

Luke 2 in the BBT1E

Luke 2 in the BDS

Luke 2 in the BEV

Luke 2 in the BHAD

Luke 2 in the BIB

Luke 2 in the BLPT

Luke 2 in the BNT

Luke 2 in the BNTABOOT

Luke 2 in the BNTLV

Luke 2 in the BOATCB

Luke 2 in the BOBCV

Luke 2 in the BOCNT

Luke 2 in the BOECS

Luke 2 in the BOGWICC

Luke 2 in the BOHCB

Luke 2 in the BOHCV

Luke 2 in the BOHLNT

Luke 2 in the BOHNTLTAL

Luke 2 in the BOICB

Luke 2 in the BOILNTAP

Luke 2 in the BOITCV

Luke 2 in the BOKCV

Luke 2 in the BOKCV2

Luke 2 in the BOKHWOG

Luke 2 in the BOKSSV

Luke 2 in the BOLCB

Luke 2 in the BOLCB2

Luke 2 in the BOMCV

Luke 2 in the BONAV

Luke 2 in the BONCB

Luke 2 in the BONLT

Luke 2 in the BONUT2

Luke 2 in the BOPLNT

Luke 2 in the BOSCB

Luke 2 in the BOSNC

Luke 2 in the BOTLNT

Luke 2 in the BOVCB

Luke 2 in the BOYCB

Luke 2 in the BPBB

Luke 2 in the BPH

Luke 2 in the BSB

Luke 2 in the CCB

Luke 2 in the CUV

Luke 2 in the CUVS

Luke 2 in the DBT

Luke 2 in the DGDNT

Luke 2 in the DHNT

Luke 2 in the DNT

Luke 2 in the ELBE

Luke 2 in the EMTV

Luke 2 in the ESV

Luke 2 in the FBV

Luke 2 in the FEB

Luke 2 in the GGMNT

Luke 2 in the GNT

Luke 2 in the HARY

Luke 2 in the HNT

Luke 2 in the IRVA

Luke 2 in the IRVB

Luke 2 in the IRVG

Luke 2 in the IRVH

Luke 2 in the IRVK

Luke 2 in the IRVM

Luke 2 in the IRVM2

Luke 2 in the IRVO

Luke 2 in the IRVP

Luke 2 in the IRVT

Luke 2 in the IRVT2

Luke 2 in the IRVU

Luke 2 in the ISVN

Luke 2 in the JSNT

Luke 2 in the KAPI

Luke 2 in the KBT1ETNIK

Luke 2 in the KBV

Luke 2 in the KJV

Luke 2 in the KNFD

Luke 2 in the LBA

Luke 2 in the LBLA

Luke 2 in the LNT

Luke 2 in the LSV

Luke 2 in the MAAL

Luke 2 in the MBV

Luke 2 in the MBV2

Luke 2 in the MHNT

Luke 2 in the MKNFD

Luke 2 in the MNG

Luke 2 in the MNT

Luke 2 in the MNT2

Luke 2 in the MRS1T

Luke 2 in the NAA

Luke 2 in the NASB

Luke 2 in the NBLA

Luke 2 in the NBS

Luke 2 in the NBVTP

Luke 2 in the NET2

Luke 2 in the NIV11

Luke 2 in the NNT

Luke 2 in the NNT2

Luke 2 in the NNT3

Luke 2 in the PDDPT

Luke 2 in the PFNT

Luke 2 in the RMNT

Luke 2 in the SBIAS

Luke 2 in the SBIBS

Luke 2 in the SBIBS2

Luke 2 in the SBICS

Luke 2 in the SBIDS

Luke 2 in the SBIGS

Luke 2 in the SBIHS

Luke 2 in the SBIIS

Luke 2 in the SBIIS2

Luke 2 in the SBIIS3

Luke 2 in the SBIKS

Luke 2 in the SBIKS2

Luke 2 in the SBIMS

Luke 2 in the SBIOS

Luke 2 in the SBIPS

Luke 2 in the SBISS

Luke 2 in the SBITS

Luke 2 in the SBITS2

Luke 2 in the SBITS3

Luke 2 in the SBITS4

Luke 2 in the SBIUS

Luke 2 in the SBIVS

Luke 2 in the SBT

Luke 2 in the SBT1E

Luke 2 in the SCHL

Luke 2 in the SNT

Luke 2 in the SUSU

Luke 2 in the SUSU2

Luke 2 in the SYNO

Luke 2 in the TBIAOTANT

Luke 2 in the TBT1E

Luke 2 in the TBT1E2

Luke 2 in the TFTIP

Luke 2 in the TFTU

Luke 2 in the TGNTATF3T

Luke 2 in the THAI

Luke 2 in the TNFD

Luke 2 in the TNT

Luke 2 in the TNTIK

Luke 2 in the TNTIL

Luke 2 in the TNTIN

Luke 2 in the TNTIP

Luke 2 in the TNTIZ

Luke 2 in the TOMA

Luke 2 in the TTENT

Luke 2 in the UBG

Luke 2 in the UGV

Luke 2 in the UGV2

Luke 2 in the UGV3

Luke 2 in the VBL

Luke 2 in the VDCC

Luke 2 in the YALU

Luke 2 in the YAPE

Luke 2 in the YBVTP

Luke 2 in the ZBP