Luke 6 (BOATCB)

1 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi hwane, weeɛ. 2 Farisifoɔ bi bisaa no sɛ, “Adɛn na moyɛ adeɛ a ɛtia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?” 3 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛɛ ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Atwerɛsɛm no mu anaa? 4 Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfoɔ nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso diiɛ.” 5 Yesu kaa sɛ, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.” 6 Homeda foforɔ bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. 7 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yadeɛ Homeda yi nso anaa. Deɛ na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ ɔbɛbu mmara no so, asa yadeɛ na wɔn nsa aka no akyere no. 8 Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo.” Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ. 9 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merebisa mo. Ɛdeɛn na mmara no ma ho ɛkwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yɛbɛgye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?” 10 Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiaeɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa.” Na ɔtenee ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no. 11 Deɛ Yesu yɛeɛ yi hyɛɛ nnipa no abufuo yie ma wɔfirii aseɛ bɔɔ ne ho pɔ. 12 Ɛda bi a Yesu kɔɔ bepɔ bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpaeɛ. Ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mu no nyinaa 13 Adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ nʼakyidifoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔyii wɔn mu dumienu. Saa dumienu yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ. 14 Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua;Yakobo,Yohane,Filipo,Bartolomeo, 15 Mateo,Toma,Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba;Simon, a wɔfrɛ no Selote; 16 Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba;ne Yuda Iskariot a ɔyii Yesu maeɛ no. 17 Yesu firii bepɔ no so siane baa fam maa nʼakyidifoɔ bebree ne nnipakuo a wɔfiri Yudea, Yerusalem ne mpoano nkuro Tiro ne Sidon mu no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ. 18 Wɔbaeɛ sɛ wɔrebɛtie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Ɔtuu ahonhommɔne bebree. 19 Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefoɔ a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn. 20 Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ, na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea! 21 Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahoɔ, na mo na wɔbɛma mo ani agye. 22 Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔya mo, na wɔgu mo din ho fi. 23 “Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na monni ahurisie! Ɛfiri sɛ, mo akatua so wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifoɔ no. 24 “Na mo adefoɔ deɛ, monnue ɛfiri sɛ, deɛ ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dada; yei enti, monni kyɛfa biara bio. 25 Monnue, mo a moamee seesei, na mo na ɛkɔm bɛde mo! Monnue, mo a moresere seesei, na mo na mobɛsi apinie, asu. 26 Monnue, mo a nnipa kamfo mo, ɛfiri sɛ, saa ara na wɔn nananom kamfoo atorɔ adiyifoɔ no.” 27 “Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa sɛ, monnɔ mo atamfoɔ; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. 28 Monhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo. 29 Sɛ obi bɔ wʼasom a, dane baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntoma a, worɔ wʼatadeɛ ka ho. 30 Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼadeɛ a, mmisa no bio. 31 Na deɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara. 32 “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? ‘Nnebɔneyɛfoɔ’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no. 33 Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yie a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya? Nnebɔneyɛfoɔ mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yie. 34 Na sɛ mobɔ wɔn a mosusu sɛ wɔbɛtumi atua mo nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfoɔ nso bobɔ bobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35 Monnɔ mo atamfoɔ. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn deɛ ɛhia wɔn a, mo ani nni akyire bio. Na sɛ moyɛ yeinom a, mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfoɔ adɔeɛ, na ɔdom bonniayɛfoɔ nso. 36 Monyɛ mmɔborɔhunufoɔ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufoɔ no. 37 “Mommmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo. 38 Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo ananmu. Deɛ mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ɛbɛsusu ama mo. Susudua a mode bɛsusu ama no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.” 39 Yesu nam abɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Onifirani bɛtumi akyerɛ onifirani ɛkwan ama ayɛ yie anaa? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu. 40 Osuani nsene ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, sɛ ɔyere ne ho sua deɛ wɔrekyerɛ no no yie a ɔbɛsɛ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. 41 “Adɛn enti na woma aboseaa a ɛgu wo nua ani so ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ da wo deɛ so? 42 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi anwea a ɛgu wʼani so no mma wo’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ a ɛda wʼani so no wonhunu. Nyaatwomni, di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ayi anwea a ɛgu wo nua ani so no ama no. 43 “Dua pa nso aba bɔne, na dua bɔne nso nso aba pa. 44 Dua biara aba na wɔnam so hunu dua ko a ɛyɛ. Worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so. Saa ara na worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so. 45 Onipa pa firi nnepa a ɛwɔ nʼakoma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso firi ne nnebɔne a ɛwɔ nʼakoma mu yɛ ade bɔne. Deɛ ahyɛ onipa akoma ma no, na ɛpue firi nʼano. 46 “Adɛn enti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso monni mʼasɛm so? 47 Merekyerɛ mo sɛdeɛ onipa biara a ɔba me nkyɛn, na ɔtie mʼasɛm di so no teɛ. 48 Ɔte sɛ obi a na ɔresi ɛdan na ɔtwaa ne ɛdan no fapem ma ɛsii ɔbotan so. Na osuo tɔeɛ maa nsuo no yiri bɛbɔ faa ɛdan no ase nanso ammu, ɛfiri sɛ, ɔsi sii ɔbotan so. 49 Na deɛ ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, ɔte sɛ obi a ɔresi ɛdan, na ɔsii ɛdan no sii anwea so, na osuo tɔ maa nsuo no yiri bɛbɔ faa aseɛ ma ɛdwiriiɛ.”

In Other Versions

Luke 6 in the ANGEFD

Luke 6 in the ANTPNG2D

Luke 6 in the AS21

Luke 6 in the BAGH

Luke 6 in the BBPNG

Luke 6 in the BBT1E

Luke 6 in the BDS

Luke 6 in the BEV

Luke 6 in the BHAD

Luke 6 in the BIB

Luke 6 in the BLPT

Luke 6 in the BNT

Luke 6 in the BNTABOOT

Luke 6 in the BNTLV

Luke 6 in the BOATCB2

Luke 6 in the BOBCV

Luke 6 in the BOCNT

Luke 6 in the BOECS

Luke 6 in the BOGWICC

Luke 6 in the BOHCB

Luke 6 in the BOHCV

Luke 6 in the BOHLNT

Luke 6 in the BOHNTLTAL

Luke 6 in the BOICB

Luke 6 in the BOILNTAP

Luke 6 in the BOITCV

Luke 6 in the BOKCV

Luke 6 in the BOKCV2

Luke 6 in the BOKHWOG

Luke 6 in the BOKSSV

Luke 6 in the BOLCB

Luke 6 in the BOLCB2

Luke 6 in the BOMCV

Luke 6 in the BONAV

Luke 6 in the BONCB

Luke 6 in the BONLT

Luke 6 in the BONUT2

Luke 6 in the BOPLNT

Luke 6 in the BOSCB

Luke 6 in the BOSNC

Luke 6 in the BOTLNT

Luke 6 in the BOVCB

Luke 6 in the BOYCB

Luke 6 in the BPBB

Luke 6 in the BPH

Luke 6 in the BSB

Luke 6 in the CCB

Luke 6 in the CUV

Luke 6 in the CUVS

Luke 6 in the DBT

Luke 6 in the DGDNT

Luke 6 in the DHNT

Luke 6 in the DNT

Luke 6 in the ELBE

Luke 6 in the EMTV

Luke 6 in the ESV

Luke 6 in the FBV

Luke 6 in the FEB

Luke 6 in the GGMNT

Luke 6 in the GNT

Luke 6 in the HARY

Luke 6 in the HNT

Luke 6 in the IRVA

Luke 6 in the IRVB

Luke 6 in the IRVG

Luke 6 in the IRVH

Luke 6 in the IRVK

Luke 6 in the IRVM

Luke 6 in the IRVM2

Luke 6 in the IRVO

Luke 6 in the IRVP

Luke 6 in the IRVT

Luke 6 in the IRVT2

Luke 6 in the IRVU

Luke 6 in the ISVN

Luke 6 in the JSNT

Luke 6 in the KAPI

Luke 6 in the KBT1ETNIK

Luke 6 in the KBV

Luke 6 in the KJV

Luke 6 in the KNFD

Luke 6 in the LBA

Luke 6 in the LBLA

Luke 6 in the LNT

Luke 6 in the LSV

Luke 6 in the MAAL

Luke 6 in the MBV

Luke 6 in the MBV2

Luke 6 in the MHNT

Luke 6 in the MKNFD

Luke 6 in the MNG

Luke 6 in the MNT

Luke 6 in the MNT2

Luke 6 in the MRS1T

Luke 6 in the NAA

Luke 6 in the NASB

Luke 6 in the NBLA

Luke 6 in the NBS

Luke 6 in the NBVTP

Luke 6 in the NET2

Luke 6 in the NIV11

Luke 6 in the NNT

Luke 6 in the NNT2

Luke 6 in the NNT3

Luke 6 in the PDDPT

Luke 6 in the PFNT

Luke 6 in the RMNT

Luke 6 in the SBIAS

Luke 6 in the SBIBS

Luke 6 in the SBIBS2

Luke 6 in the SBICS

Luke 6 in the SBIDS

Luke 6 in the SBIGS

Luke 6 in the SBIHS

Luke 6 in the SBIIS

Luke 6 in the SBIIS2

Luke 6 in the SBIIS3

Luke 6 in the SBIKS

Luke 6 in the SBIKS2

Luke 6 in the SBIMS

Luke 6 in the SBIOS

Luke 6 in the SBIPS

Luke 6 in the SBISS

Luke 6 in the SBITS

Luke 6 in the SBITS2

Luke 6 in the SBITS3

Luke 6 in the SBITS4

Luke 6 in the SBIUS

Luke 6 in the SBIVS

Luke 6 in the SBT

Luke 6 in the SBT1E

Luke 6 in the SCHL

Luke 6 in the SNT

Luke 6 in the SUSU

Luke 6 in the SUSU2

Luke 6 in the SYNO

Luke 6 in the TBIAOTANT

Luke 6 in the TBT1E

Luke 6 in the TBT1E2

Luke 6 in the TFTIP

Luke 6 in the TFTU

Luke 6 in the TGNTATF3T

Luke 6 in the THAI

Luke 6 in the TNFD

Luke 6 in the TNT

Luke 6 in the TNTIK

Luke 6 in the TNTIL

Luke 6 in the TNTIN

Luke 6 in the TNTIP

Luke 6 in the TNTIZ

Luke 6 in the TOMA

Luke 6 in the TTENT

Luke 6 in the UBG

Luke 6 in the UGV

Luke 6 in the UGV2

Luke 6 in the UGV3

Luke 6 in the VBL

Luke 6 in the VDCC

Luke 6 in the YALU

Luke 6 in the YAPE

Luke 6 in the YBVTP

Luke 6 in the ZBP