Matthew 19 (BOATCB)
1 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔfiri Galilea no, ɔtwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. 2 Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yadeɛ. 3 Farisifoɔ bi ba bɛbisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wɔbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” 4 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, ‘Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! 5 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’ 6 Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.” 7 Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?” 8 Yesu buaa wɔn sɛ, “Esiane sɛ na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ. 9 Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.” 10 Yesu asuafoɔ no kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.” 11 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.” 13 Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no anim. 14 Yesu kaa sɛ, “Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea.” 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri hɔ akɔ. 16 Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” 17 Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu deɛ a, di mmaransɛm no so.” 18 Aberanteɛ no nso bisaa no sɛ, “Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?”Yesu buaa no sɛ, “Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ. 19 Di wʼagya ne wo maame ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” 20 Aberanteɛ no nso kaa sɛ, “Medi yeinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ ɛdeɛn?” 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wobɛnya afiri mu no ma ahiafoɔ. Ɛno ansa na wobɛnya ademudeɛ wɔ ɔsoro. Afei bɛdi mʼakyi.” 22 Esiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ. 23 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu. 24 Meka meti mu bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!” 25 Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa sɛ, “Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?” 26 Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.” 27 Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?” 28 Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn. 29 Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso. 30 Na wɔn a wɔdi ɛkan no mu pii bɛdi akyire, na wɔn a wɔdi akyire no nso mu bi abɛdi ɛkan.”
In Other Versions
Matthew 19 in the ANGEFD
Matthew 19 in the ANTPNG2D
Matthew 19 in the AS21
Matthew 19 in the BAGH
Matthew 19 in the BBPNG
Matthew 19 in the BBT1E
Matthew 19 in the BDS
Matthew 19 in the BEV
Matthew 19 in the BHAD
Matthew 19 in the BIB
Matthew 19 in the BLPT
Matthew 19 in the BNT
Matthew 19 in the BNTABOOT
Matthew 19 in the BNTLV
Matthew 19 in the BOATCB2
Matthew 19 in the BOBCV
Matthew 19 in the BOCNT
Matthew 19 in the BOECS
Matthew 19 in the BOGWICC
Matthew 19 in the BOHCB
Matthew 19 in the BOHCV
Matthew 19 in the BOHLNT
Matthew 19 in the BOHNTLTAL
Matthew 19 in the BOICB
Matthew 19 in the BOILNTAP
Matthew 19 in the BOITCV
Matthew 19 in the BOKCV
Matthew 19 in the BOKCV2
Matthew 19 in the BOKHWOG
Matthew 19 in the BOKSSV
Matthew 19 in the BOLCB
Matthew 19 in the BOLCB2
Matthew 19 in the BOMCV
Matthew 19 in the BONAV
Matthew 19 in the BONCB
Matthew 19 in the BONLT
Matthew 19 in the BONUT2
Matthew 19 in the BOPLNT
Matthew 19 in the BOSCB
Matthew 19 in the BOSNC
Matthew 19 in the BOTLNT
Matthew 19 in the BOVCB
Matthew 19 in the BOYCB
Matthew 19 in the BPBB
Matthew 19 in the BPH
Matthew 19 in the BSB
Matthew 19 in the CCB
Matthew 19 in the CUV
Matthew 19 in the CUVS
Matthew 19 in the DBT
Matthew 19 in the DGDNT
Matthew 19 in the DHNT
Matthew 19 in the DNT
Matthew 19 in the ELBE
Matthew 19 in the EMTV
Matthew 19 in the ESV
Matthew 19 in the FBV
Matthew 19 in the FEB
Matthew 19 in the GGMNT
Matthew 19 in the GNT
Matthew 19 in the HARY
Matthew 19 in the HNT
Matthew 19 in the IRVA
Matthew 19 in the IRVB
Matthew 19 in the IRVG
Matthew 19 in the IRVH
Matthew 19 in the IRVK
Matthew 19 in the IRVM
Matthew 19 in the IRVM2
Matthew 19 in the IRVO
Matthew 19 in the IRVP
Matthew 19 in the IRVT
Matthew 19 in the IRVT2
Matthew 19 in the IRVU
Matthew 19 in the ISVN
Matthew 19 in the JSNT
Matthew 19 in the KAPI
Matthew 19 in the KBT1ETNIK
Matthew 19 in the KBV
Matthew 19 in the KJV
Matthew 19 in the KNFD
Matthew 19 in the LBA
Matthew 19 in the LBLA
Matthew 19 in the LNT
Matthew 19 in the LSV
Matthew 19 in the MAAL
Matthew 19 in the MBV
Matthew 19 in the MBV2
Matthew 19 in the MHNT
Matthew 19 in the MKNFD
Matthew 19 in the MNG
Matthew 19 in the MNT
Matthew 19 in the MNT2
Matthew 19 in the MRS1T
Matthew 19 in the NAA
Matthew 19 in the NASB
Matthew 19 in the NBLA
Matthew 19 in the NBS
Matthew 19 in the NBVTP
Matthew 19 in the NET2
Matthew 19 in the NIV11
Matthew 19 in the NNT
Matthew 19 in the NNT2
Matthew 19 in the NNT3
Matthew 19 in the PDDPT
Matthew 19 in the PFNT
Matthew 19 in the RMNT
Matthew 19 in the SBIAS
Matthew 19 in the SBIBS
Matthew 19 in the SBIBS2
Matthew 19 in the SBICS
Matthew 19 in the SBIDS
Matthew 19 in the SBIGS
Matthew 19 in the SBIHS
Matthew 19 in the SBIIS
Matthew 19 in the SBIIS2
Matthew 19 in the SBIIS3
Matthew 19 in the SBIKS
Matthew 19 in the SBIKS2
Matthew 19 in the SBIMS
Matthew 19 in the SBIOS
Matthew 19 in the SBIPS
Matthew 19 in the SBISS
Matthew 19 in the SBITS
Matthew 19 in the SBITS2
Matthew 19 in the SBITS3
Matthew 19 in the SBITS4
Matthew 19 in the SBIUS
Matthew 19 in the SBIVS
Matthew 19 in the SBT
Matthew 19 in the SBT1E
Matthew 19 in the SCHL
Matthew 19 in the SNT
Matthew 19 in the SUSU
Matthew 19 in the SUSU2
Matthew 19 in the SYNO
Matthew 19 in the TBIAOTANT
Matthew 19 in the TBT1E
Matthew 19 in the TBT1E2
Matthew 19 in the TFTIP
Matthew 19 in the TFTU
Matthew 19 in the TGNTATF3T
Matthew 19 in the THAI
Matthew 19 in the TNFD
Matthew 19 in the TNT
Matthew 19 in the TNTIK
Matthew 19 in the TNTIL
Matthew 19 in the TNTIN
Matthew 19 in the TNTIP
Matthew 19 in the TNTIZ
Matthew 19 in the TOMA
Matthew 19 in the TTENT
Matthew 19 in the UBG
Matthew 19 in the UGV
Matthew 19 in the UGV2
Matthew 19 in the UGV3
Matthew 19 in the VBL
Matthew 19 in the VDCC
Matthew 19 in the YALU
Matthew 19 in the YAPE
Matthew 19 in the YBVTP
Matthew 19 in the ZBP