Mark 5 (BOATCB)

1 Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi wɔ Gerasefoɔ asase so. 2 Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no. 3 Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ hɔ. 4 Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yie enti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5 Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusieeɛ hɔ mmepɔ no mu a, ɔde aboɔ a ano yɛ nam twitwa ne ho. 6 Ɔbarima yi hunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika, bɛbuu no nkotodwe. 7 Ɔteateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn no Ba, ɛdeɛn na wowɔ ne me yɛ? Mesrɛ wo, ɛnyɛ me ayayadeɛ biara!” 8 Yesu tiaa honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no sɛ, “Honhommɔne, firi ne mu fi!” 9 Yesu bisaa no sɛ, “Wɔfrɛ wo sɛn?”Ɔbuaa Yesu sɛ, “Me din de ‘Ɛdɔm’ ɛfiri sɛ, yɛdɔɔso.” 10 Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibereɛ so sɛ ɔmmpam wɔn nkɔ akyirikyiri. 11 Saa ɛberɛ no, na mprakokuo bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn baabi a ɛbɛn ɛpo no. 12 Enti, ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.” 13 Yesu maa wɔn ho ɛkwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. 14 Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no. 15 Nnipakuo no duruu baabi a Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn. 16 Wɔn a wɔhunuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforɔ, 17 maa nnipakuo no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, na wɔn ho ntɔ wɔn! 18 Enti, ɔsane foro kɔtenaa kodoɔ no mu. Ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. 19 Nanso, Yesu kaa sɛ, “Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ.” 20 Enti, ɔbarima no firi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkuro Edu” no a, ɛwɔ saa ɔmantam no mu, kɔkaa anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no, wɔn ho dwirii wɔn. 21 Yesu de kodoɔ no tware baa ɛpo no fa baabi no, nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. 22 Asafopanin bi a na ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yairo no, buu Yesu nkotodwe, 23 srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne babaa yadeɛ mma no. Ɔfiri ahoyera mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Abɔfra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na ɔnnya nkwa.” 24 Yesu ne no kɔeɛ a nnipakuo no di wɔn akyi. 25 Na ɔbaa bi a watu mogya mfirinhyia dumienu ka nnipakuo no ho. 26 Ɔde ne yadeɛ no akyin ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27 Na wate anwanwadeɛ a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno enti ɔde ne ho fraa nnipakuo no, firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. 28 Ɔdwenee ho kaa sɛ, “Sɛ metumi nya ne ho ɛkwan, de me nsa sɔ nʼatadeɛ mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.” 29 Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu pɛ, na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no! 30 Amonom hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afiri ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuo no bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ mu no?” 31 Nʼasuafoɔ no buaa sɛ, “Saa nnipakuo a obiara de ne ho twitwiri ne yɔnko yi na worebisa sɛ, ‘Hwan na ɔde ne nsa aka mʼatadeɛ?’ ” 32 Nanso, ɔpɛɛ sɛ ɔhunu onipa ko a ɔsɔɔ nʼatadeɛ mu no. 33 Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu asɛm a asie no, ɔde ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe kaa deɛ ɔyɛeɛ no kyerɛɛ no. 34 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae.” 35 Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio. 36 Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, gye di ara.” 37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ. 39 Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!” 40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no.Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie hɔ no sɛ, wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da hɔ. 41 Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa sɛ, “Talita, Kumm!” a aseɛ ne sɛ “Abaayewa, mese wo sɛ sɔre!” 42 Amonom hɔ ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. 43 Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka asɛm a asie no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni.

In Other Versions

Mark 5 in the ANGEFD

Mark 5 in the ANTPNG2D

Mark 5 in the AS21

Mark 5 in the BAGH

Mark 5 in the BBPNG

Mark 5 in the BBT1E

Mark 5 in the BDS

Mark 5 in the BEV

Mark 5 in the BHAD

Mark 5 in the BIB

Mark 5 in the BLPT

Mark 5 in the BNT

Mark 5 in the BNTABOOT

Mark 5 in the BNTLV

Mark 5 in the BOATCB2

Mark 5 in the BOBCV

Mark 5 in the BOCNT

Mark 5 in the BOECS

Mark 5 in the BOGWICC

Mark 5 in the BOHCB

Mark 5 in the BOHCV

Mark 5 in the BOHLNT

Mark 5 in the BOHNTLTAL

Mark 5 in the BOICB

Mark 5 in the BOILNTAP

Mark 5 in the BOITCV

Mark 5 in the BOKCV

Mark 5 in the BOKCV2

Mark 5 in the BOKHWOG

Mark 5 in the BOKSSV

Mark 5 in the BOLCB

Mark 5 in the BOLCB2

Mark 5 in the BOMCV

Mark 5 in the BONAV

Mark 5 in the BONCB

Mark 5 in the BONLT

Mark 5 in the BONUT2

Mark 5 in the BOPLNT

Mark 5 in the BOSCB

Mark 5 in the BOSNC

Mark 5 in the BOTLNT

Mark 5 in the BOVCB

Mark 5 in the BOYCB

Mark 5 in the BPBB

Mark 5 in the BPH

Mark 5 in the BSB

Mark 5 in the CCB

Mark 5 in the CUV

Mark 5 in the CUVS

Mark 5 in the DBT

Mark 5 in the DGDNT

Mark 5 in the DHNT

Mark 5 in the DNT

Mark 5 in the ELBE

Mark 5 in the EMTV

Mark 5 in the ESV

Mark 5 in the FBV

Mark 5 in the FEB

Mark 5 in the GGMNT

Mark 5 in the GNT

Mark 5 in the HARY

Mark 5 in the HNT

Mark 5 in the IRVA

Mark 5 in the IRVB

Mark 5 in the IRVG

Mark 5 in the IRVH

Mark 5 in the IRVK

Mark 5 in the IRVM

Mark 5 in the IRVM2

Mark 5 in the IRVO

Mark 5 in the IRVP

Mark 5 in the IRVT

Mark 5 in the IRVT2

Mark 5 in the IRVU

Mark 5 in the ISVN

Mark 5 in the JSNT

Mark 5 in the KAPI

Mark 5 in the KBT1ETNIK

Mark 5 in the KBV

Mark 5 in the KJV

Mark 5 in the KNFD

Mark 5 in the LBA

Mark 5 in the LBLA

Mark 5 in the LNT

Mark 5 in the LSV

Mark 5 in the MAAL

Mark 5 in the MBV

Mark 5 in the MBV2

Mark 5 in the MHNT

Mark 5 in the MKNFD

Mark 5 in the MNG

Mark 5 in the MNT

Mark 5 in the MNT2

Mark 5 in the MRS1T

Mark 5 in the NAA

Mark 5 in the NASB

Mark 5 in the NBLA

Mark 5 in the NBS

Mark 5 in the NBVTP

Mark 5 in the NET2

Mark 5 in the NIV11

Mark 5 in the NNT

Mark 5 in the NNT2

Mark 5 in the NNT3

Mark 5 in the PDDPT

Mark 5 in the PFNT

Mark 5 in the RMNT

Mark 5 in the SBIAS

Mark 5 in the SBIBS

Mark 5 in the SBIBS2

Mark 5 in the SBICS

Mark 5 in the SBIDS

Mark 5 in the SBIGS

Mark 5 in the SBIHS

Mark 5 in the SBIIS

Mark 5 in the SBIIS2

Mark 5 in the SBIIS3

Mark 5 in the SBIKS

Mark 5 in the SBIKS2

Mark 5 in the SBIMS

Mark 5 in the SBIOS

Mark 5 in the SBIPS

Mark 5 in the SBISS

Mark 5 in the SBITS

Mark 5 in the SBITS2

Mark 5 in the SBITS3

Mark 5 in the SBITS4

Mark 5 in the SBIUS

Mark 5 in the SBIVS

Mark 5 in the SBT

Mark 5 in the SBT1E

Mark 5 in the SCHL

Mark 5 in the SNT

Mark 5 in the SUSU

Mark 5 in the SUSU2

Mark 5 in the SYNO

Mark 5 in the TBIAOTANT

Mark 5 in the TBT1E

Mark 5 in the TBT1E2

Mark 5 in the TFTIP

Mark 5 in the TFTU

Mark 5 in the TGNTATF3T

Mark 5 in the THAI

Mark 5 in the TNFD

Mark 5 in the TNT

Mark 5 in the TNTIK

Mark 5 in the TNTIL

Mark 5 in the TNTIN

Mark 5 in the TNTIP

Mark 5 in the TNTIZ

Mark 5 in the TOMA

Mark 5 in the TTENT

Mark 5 in the UBG

Mark 5 in the UGV

Mark 5 in the UGV2

Mark 5 in the UGV3

Mark 5 in the VBL

Mark 5 in the VDCC

Mark 5 in the YALU

Mark 5 in the YAPE

Mark 5 in the YBVTP

Mark 5 in the ZBP