Mark 5 (BOATCB2)

1 Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so. 2 Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no. 3 Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio. 4 Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yiye nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5 Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei hɔ mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano yɛ nam twitwa ne ho. 6 Ɔbarima yi huu Yesu wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe. 7 Ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!” 8 Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, “Honhommɔne, fi ne mu kɔ!” 9 Yesu bisaa no se, “Wɔfrɛ wo dɛn?”Obuaa Yesu se, “Me din de ‘Dɔm’ efisɛ yɛdɔɔso.” 10 Afei ɔsrɛɛ Yesu anibere so sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri. 11 Saa bere no na mprakokuw bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no. 12 Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.” 13 Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn. 14 Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no. 15 Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn. 16 Wɔn a wohuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforo. 17 Afei nnipakuw no fii ase srɛɛ Yesu se, omfi wɔn man mu nkɔ! 18 Yesu reforo ɔkorow akɔtena mu no, ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. 19 Nanso Yesu kae se, “Dabi, na kɔ na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafo.” 20 Enti ɔbarima no fi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkurow Du” no a ɛwɔ saa ɔmantam no mu no mu kɔkaa anwonwade a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no wɔn ho dwiriw wɔn. 21 Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. 22 Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa hɔ na ohuu Yesu no obuu nkotodwe, 23 srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Abofra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na onya nkwa.” 24 Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi. 25 Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. 26 Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27 Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no. 28 Ɔdwenee ho kae se, “Sɛ mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.” 29 Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu pɛ na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no. 30 Amono mu hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, “Hena na osoo mʼatade mu no?” 31 Nʼasuafo no buae se, “Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, ‘Hena na ɔde ne nsa aka mʼatade?’ ” 32 Nanso ɔpɛɛ sɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no. 33 Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no. 34 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae.” 35 Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, “Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?” 36 Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, “Nsuro, gye di ara.” 37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi hɔ, gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Bere a Yesu duu hɔ no, ohuu sɛ hɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. 39 Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!” 40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no.Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ. 41 Osoo abofra no nsa kae sɛ, “Talita, Kuum!” a ase ne sɛ “Abaawa, mise wo sɛ sɔre!” 42 Amono mu hɔ ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. 43 Yesu bɔɔ wɔn ano ketee sɛ wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni.

In Other Versions

Mark 5 in the ANGEFD

Mark 5 in the ANTPNG2D

Mark 5 in the AS21

Mark 5 in the BAGH

Mark 5 in the BBPNG

Mark 5 in the BBT1E

Mark 5 in the BDS

Mark 5 in the BEV

Mark 5 in the BHAD

Mark 5 in the BIB

Mark 5 in the BLPT

Mark 5 in the BNT

Mark 5 in the BNTABOOT

Mark 5 in the BNTLV

Mark 5 in the BOATCB

Mark 5 in the BOBCV

Mark 5 in the BOCNT

Mark 5 in the BOECS

Mark 5 in the BOGWICC

Mark 5 in the BOHCB

Mark 5 in the BOHCV

Mark 5 in the BOHLNT

Mark 5 in the BOHNTLTAL

Mark 5 in the BOICB

Mark 5 in the BOILNTAP

Mark 5 in the BOITCV

Mark 5 in the BOKCV

Mark 5 in the BOKCV2

Mark 5 in the BOKHWOG

Mark 5 in the BOKSSV

Mark 5 in the BOLCB

Mark 5 in the BOLCB2

Mark 5 in the BOMCV

Mark 5 in the BONAV

Mark 5 in the BONCB

Mark 5 in the BONLT

Mark 5 in the BONUT2

Mark 5 in the BOPLNT

Mark 5 in the BOSCB

Mark 5 in the BOSNC

Mark 5 in the BOTLNT

Mark 5 in the BOVCB

Mark 5 in the BOYCB

Mark 5 in the BPBB

Mark 5 in the BPH

Mark 5 in the BSB

Mark 5 in the CCB

Mark 5 in the CUV

Mark 5 in the CUVS

Mark 5 in the DBT

Mark 5 in the DGDNT

Mark 5 in the DHNT

Mark 5 in the DNT

Mark 5 in the ELBE

Mark 5 in the EMTV

Mark 5 in the ESV

Mark 5 in the FBV

Mark 5 in the FEB

Mark 5 in the GGMNT

Mark 5 in the GNT

Mark 5 in the HARY

Mark 5 in the HNT

Mark 5 in the IRVA

Mark 5 in the IRVB

Mark 5 in the IRVG

Mark 5 in the IRVH

Mark 5 in the IRVK

Mark 5 in the IRVM

Mark 5 in the IRVM2

Mark 5 in the IRVO

Mark 5 in the IRVP

Mark 5 in the IRVT

Mark 5 in the IRVT2

Mark 5 in the IRVU

Mark 5 in the ISVN

Mark 5 in the JSNT

Mark 5 in the KAPI

Mark 5 in the KBT1ETNIK

Mark 5 in the KBV

Mark 5 in the KJV

Mark 5 in the KNFD

Mark 5 in the LBA

Mark 5 in the LBLA

Mark 5 in the LNT

Mark 5 in the LSV

Mark 5 in the MAAL

Mark 5 in the MBV

Mark 5 in the MBV2

Mark 5 in the MHNT

Mark 5 in the MKNFD

Mark 5 in the MNG

Mark 5 in the MNT

Mark 5 in the MNT2

Mark 5 in the MRS1T

Mark 5 in the NAA

Mark 5 in the NASB

Mark 5 in the NBLA

Mark 5 in the NBS

Mark 5 in the NBVTP

Mark 5 in the NET2

Mark 5 in the NIV11

Mark 5 in the NNT

Mark 5 in the NNT2

Mark 5 in the NNT3

Mark 5 in the PDDPT

Mark 5 in the PFNT

Mark 5 in the RMNT

Mark 5 in the SBIAS

Mark 5 in the SBIBS

Mark 5 in the SBIBS2

Mark 5 in the SBICS

Mark 5 in the SBIDS

Mark 5 in the SBIGS

Mark 5 in the SBIHS

Mark 5 in the SBIIS

Mark 5 in the SBIIS2

Mark 5 in the SBIIS3

Mark 5 in the SBIKS

Mark 5 in the SBIKS2

Mark 5 in the SBIMS

Mark 5 in the SBIOS

Mark 5 in the SBIPS

Mark 5 in the SBISS

Mark 5 in the SBITS

Mark 5 in the SBITS2

Mark 5 in the SBITS3

Mark 5 in the SBITS4

Mark 5 in the SBIUS

Mark 5 in the SBIVS

Mark 5 in the SBT

Mark 5 in the SBT1E

Mark 5 in the SCHL

Mark 5 in the SNT

Mark 5 in the SUSU

Mark 5 in the SUSU2

Mark 5 in the SYNO

Mark 5 in the TBIAOTANT

Mark 5 in the TBT1E

Mark 5 in the TBT1E2

Mark 5 in the TFTIP

Mark 5 in the TFTU

Mark 5 in the TGNTATF3T

Mark 5 in the THAI

Mark 5 in the TNFD

Mark 5 in the TNT

Mark 5 in the TNTIK

Mark 5 in the TNTIL

Mark 5 in the TNTIN

Mark 5 in the TNTIP

Mark 5 in the TNTIZ

Mark 5 in the TOMA

Mark 5 in the TTENT

Mark 5 in the UBG

Mark 5 in the UGV

Mark 5 in the UGV2

Mark 5 in the UGV3

Mark 5 in the VBL

Mark 5 in the VDCC

Mark 5 in the YALU

Mark 5 in the YAPE

Mark 5 in the YBVTP

Mark 5 in the ZBP