Proverbs 8 (BOATCB)
1 Tie: Nyansa refrɛ.Nteaseɛ ma ne nne so. 2 Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina, 3 apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho,ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ, 4 “Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ;meteam frɛ adasamma nyinaa. 5 Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte;mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ. 6 Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ. 7 Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ,ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm. 8 Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ;ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm. 9 Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu;ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ. 10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa. 11 Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota,na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho. 12 “Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ;nimdeɛ ne nhunumu wɔ me. 13 Sɛ wɔsuro AWURADE ɛne sɛ wɔkyiri bɔne;mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm. 14 Afotuo ne atemmuo pa wɔ me;mewɔ nteaseɛ ne tumi. 15 Me so na ahemfo nam di adeɛna sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ; 16 Mmapɔmma de me bu ɔmanne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene. 17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me,na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me. 18 Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn,ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara. 19 Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa;deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so. 20 Tenenee akwan so na menamatɛntenenee akwan so, 21 mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ mena mehyɛ wɔn adekoradan ma ma. 22 “AWURADE bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakandii ne tete nneyɛɛ anim; 23 ɔyii me sii hɔ firi tete,ansa na ewiase rehyɛ aseɛ. 24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka noansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no; 25 ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ,wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba, 26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuoanaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ. 27 Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro,ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no, 28 ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ sorona ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no, 29 ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛposɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ,ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no, 30 na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn.Anigyeɛ hyɛɛ me ma daana medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara, 31 na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa muna mʼani ka wɔ adasamma mu. 32 “Enti me mma, montie me;nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so. 33 Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa;mommu mo ani nngu so. 34 Nhyira ne onipa a ɔtie me,ɔwɛn mʼaboboano daa,na ɔtwɛn wɔ hɔ. 35 Na obiara a ɔhunu me no nya nkwana ɔnya anisɔ firi AWURADE nkyɛn. 36 Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne hona wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”
In Other Versions
Proverbs 8 in the ANGEFD
Proverbs 8 in the ANTPNG2D
Proverbs 8 in the AS21
Proverbs 8 in the BAGH
Proverbs 8 in the BBPNG
Proverbs 8 in the BBT1E
Proverbs 8 in the BDS
Proverbs 8 in the BEV
Proverbs 8 in the BHAD
Proverbs 8 in the BIB
Proverbs 8 in the BLPT
Proverbs 8 in the BNT
Proverbs 8 in the BNTABOOT
Proverbs 8 in the BNTLV
Proverbs 8 in the BOATCB2
Proverbs 8 in the BOBCV
Proverbs 8 in the BOCNT
Proverbs 8 in the BOECS
Proverbs 8 in the BOGWICC
Proverbs 8 in the BOHCB
Proverbs 8 in the BOHCV
Proverbs 8 in the BOHLNT
Proverbs 8 in the BOHNTLTAL
Proverbs 8 in the BOICB
Proverbs 8 in the BOILNTAP
Proverbs 8 in the BOITCV
Proverbs 8 in the BOKCV
Proverbs 8 in the BOKCV2
Proverbs 8 in the BOKHWOG
Proverbs 8 in the BOKSSV
Proverbs 8 in the BOLCB
Proverbs 8 in the BOLCB2
Proverbs 8 in the BOMCV
Proverbs 8 in the BONAV
Proverbs 8 in the BONCB
Proverbs 8 in the BONLT
Proverbs 8 in the BONUT2
Proverbs 8 in the BOPLNT
Proverbs 8 in the BOSCB
Proverbs 8 in the BOSNC
Proverbs 8 in the BOTLNT
Proverbs 8 in the BOVCB
Proverbs 8 in the BOYCB
Proverbs 8 in the BPBB
Proverbs 8 in the BPH
Proverbs 8 in the BSB
Proverbs 8 in the CCB
Proverbs 8 in the CUV
Proverbs 8 in the CUVS
Proverbs 8 in the DBT
Proverbs 8 in the DGDNT
Proverbs 8 in the DHNT
Proverbs 8 in the DNT
Proverbs 8 in the ELBE
Proverbs 8 in the EMTV
Proverbs 8 in the ESV
Proverbs 8 in the FBV
Proverbs 8 in the FEB
Proverbs 8 in the GGMNT
Proverbs 8 in the GNT
Proverbs 8 in the HARY
Proverbs 8 in the HNT
Proverbs 8 in the IRVA
Proverbs 8 in the IRVB
Proverbs 8 in the IRVG
Proverbs 8 in the IRVH
Proverbs 8 in the IRVK
Proverbs 8 in the IRVM
Proverbs 8 in the IRVM2
Proverbs 8 in the IRVO
Proverbs 8 in the IRVP
Proverbs 8 in the IRVT
Proverbs 8 in the IRVT2
Proverbs 8 in the IRVU
Proverbs 8 in the ISVN
Proverbs 8 in the JSNT
Proverbs 8 in the KAPI
Proverbs 8 in the KBT1ETNIK
Proverbs 8 in the KBV
Proverbs 8 in the KJV
Proverbs 8 in the KNFD
Proverbs 8 in the LBA
Proverbs 8 in the LBLA
Proverbs 8 in the LNT
Proverbs 8 in the LSV
Proverbs 8 in the MAAL
Proverbs 8 in the MBV
Proverbs 8 in the MBV2
Proverbs 8 in the MHNT
Proverbs 8 in the MKNFD
Proverbs 8 in the MNG
Proverbs 8 in the MNT
Proverbs 8 in the MNT2
Proverbs 8 in the MRS1T
Proverbs 8 in the NAA
Proverbs 8 in the NASB
Proverbs 8 in the NBLA
Proverbs 8 in the NBS
Proverbs 8 in the NBVTP
Proverbs 8 in the NET2
Proverbs 8 in the NIV11
Proverbs 8 in the NNT
Proverbs 8 in the NNT2
Proverbs 8 in the NNT3
Proverbs 8 in the PDDPT
Proverbs 8 in the PFNT
Proverbs 8 in the RMNT
Proverbs 8 in the SBIAS
Proverbs 8 in the SBIBS
Proverbs 8 in the SBIBS2
Proverbs 8 in the SBICS
Proverbs 8 in the SBIDS
Proverbs 8 in the SBIGS
Proverbs 8 in the SBIHS
Proverbs 8 in the SBIIS
Proverbs 8 in the SBIIS2
Proverbs 8 in the SBIIS3
Proverbs 8 in the SBIKS
Proverbs 8 in the SBIKS2
Proverbs 8 in the SBIMS
Proverbs 8 in the SBIOS
Proverbs 8 in the SBIPS
Proverbs 8 in the SBISS
Proverbs 8 in the SBITS
Proverbs 8 in the SBITS2
Proverbs 8 in the SBITS3
Proverbs 8 in the SBITS4
Proverbs 8 in the SBIUS
Proverbs 8 in the SBIVS
Proverbs 8 in the SBT
Proverbs 8 in the SBT1E
Proverbs 8 in the SCHL
Proverbs 8 in the SNT
Proverbs 8 in the SUSU
Proverbs 8 in the SUSU2
Proverbs 8 in the SYNO
Proverbs 8 in the TBIAOTANT
Proverbs 8 in the TBT1E
Proverbs 8 in the TBT1E2
Proverbs 8 in the TFTIP
Proverbs 8 in the TFTU
Proverbs 8 in the TGNTATF3T
Proverbs 8 in the THAI
Proverbs 8 in the TNFD
Proverbs 8 in the TNT
Proverbs 8 in the TNTIK
Proverbs 8 in the TNTIL
Proverbs 8 in the TNTIN
Proverbs 8 in the TNTIP
Proverbs 8 in the TNTIZ
Proverbs 8 in the TOMA
Proverbs 8 in the TTENT
Proverbs 8 in the UBG
Proverbs 8 in the UGV
Proverbs 8 in the UGV2
Proverbs 8 in the UGV3
Proverbs 8 in the VBL
Proverbs 8 in the VDCC
Proverbs 8 in the YALU
Proverbs 8 in the YAPE
Proverbs 8 in the YBVTP
Proverbs 8 in the ZBP