Psalms 101 (BOATCB)
undefined Dawid Dwom. 1 Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom;Ao AWURADE, mɛto ayɛyie dwom ama wo. 2 Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ.Dabɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede akoma a afɔdie nni mubɛnante me fie. 3 Meremfa mʼani nsiadeɛ a ɛyɛ tane biara so. Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie;Me ne wɔn nni hwee yɛ. 4 Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me;me ne bɔne nni hwee yɛ. 5 Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no,ɔno na mɛsɛe;deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma,ɔno na merennyegye ne so. 6 Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no sona me ne wɔn atena;deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no,ɔno na ɔbɛsom me. 7 Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biararentena me fie;deɛ ɔtwa nkontompo norennyina mʼanim. 8 Adekyeeɛ biara,mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa;na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biaraafiri AWURADE kuropɔn mu.