Psalms 104 (BOATCB)

1 Ao me ɔkra, kamfo AWURADE! Ao AWURADE me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ!Wɔafira tumi ne animuonyam. 2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ;ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan, 3 na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so.Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnamna ɔde nante mframa ntaban so. 4 Ɔsoma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ ogyadɛreɛ. 5 Ɔde asase asi ne fapem sona ɛrenhinhim da. 6 Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛna nsuo gyinaa mmepɔ no so. 7 Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ,wʼaprannaa nnyegyeeɛ ma wɔdwaneeɛ; 8 Wɔtenetenee faa mmepɔ so,kɔɔ mmɔnhwa mu tɔnn,kɔguu baabi a wode ama wɔn no. 9 Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra;na wɔammɛkata asase so bio. 10 Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu;ɛtene fa mmepɔ ntam. 11 Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom;ɔma afunumu nsuo de kum wɔn sukɔm. 12 Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo wɔ nsuo no ho;na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so. 13 Ɔfiri ne soro mpia mu tɔ nsuo gugu mmepɔ so; AWURADE nnwuma so aba mee asase. 14 Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie,na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ ɔnnuana ɛmma aduane mfiri asase mu: 15 na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam,na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so,na aduane nso akura onipa akoma. 16 Wɔgugu AWURADE nnua no so yie,Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no. 17 Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuona asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenaeɛ wɔ pepeaa nnua no mu. 18 Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea;na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua. 19 Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu,na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ. 20 Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛna kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ. 21 Gyata bobom pɛ wɔn ahaboawɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn hɔ. 22 Owia pue ma wɔsane wɔn akyi;wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu. 23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma sokɔyɛ adwuma ara kɔsi anwummerɛ. 24 Ao AWURADE, wo nnwuma dɔɔso!Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma. 25 Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi,a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano,akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma. 26 Ɛso na ahyɛn di akɔneaba,na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ. 27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwansɛ wobɛma wɔn wɔn aduane wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu. 28 Wodema wɔn a, wɔtase;wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn. 29 Wode wʼanim hinta wɔn a,wɔbɔ hu;sɛ wogye wɔn ahomeɛ a,wɔwuwu na wɔsane kɔ mfuturo mu. 30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn ana wɔabɔ wɔn,na woyɛ asase ani foforɔ. 31 Ma AWURADE animuonyam ntena hɔ daa;ma AWURADE ani nnye ne nnwuma ho, 32 deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ,na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba. 33 Mɛto dwom ama AWURADE me nkwa nna nyinaa;sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn. 34 Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼaniɛberɛ a meregye mʼani wɔ AWURADE mu yi. 35 Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so;na amumuyɛfoɔ ase nhye. Ao me ɔkra, kamfo AWURADE. Kamfo AWURADE.

In Other Versions

Psalms 104 in the ANGEFD

Psalms 104 in the ANTPNG2D

Psalms 104 in the AS21

Psalms 104 in the BAGH

Psalms 104 in the BBPNG

Psalms 104 in the BBT1E

Psalms 104 in the BDS

Psalms 104 in the BEV

Psalms 104 in the BHAD

Psalms 104 in the BIB

Psalms 104 in the BLPT

Psalms 104 in the BNT

Psalms 104 in the BNTABOOT

Psalms 104 in the BNTLV

Psalms 104 in the BOATCB2

Psalms 104 in the BOBCV

Psalms 104 in the BOCNT

Psalms 104 in the BOECS

Psalms 104 in the BOGWICC

Psalms 104 in the BOHCB

Psalms 104 in the BOHCV

Psalms 104 in the BOHLNT

Psalms 104 in the BOHNTLTAL

Psalms 104 in the BOICB

Psalms 104 in the BOILNTAP

Psalms 104 in the BOITCV

Psalms 104 in the BOKCV

Psalms 104 in the BOKCV2

Psalms 104 in the BOKHWOG

Psalms 104 in the BOKSSV

Psalms 104 in the BOLCB

Psalms 104 in the BOLCB2

Psalms 104 in the BOMCV

Psalms 104 in the BONAV

Psalms 104 in the BONCB

Psalms 104 in the BONLT

Psalms 104 in the BONUT2

Psalms 104 in the BOPLNT

Psalms 104 in the BOSCB

Psalms 104 in the BOSNC

Psalms 104 in the BOTLNT

Psalms 104 in the BOVCB

Psalms 104 in the BOYCB

Psalms 104 in the BPBB

Psalms 104 in the BPH

Psalms 104 in the BSB

Psalms 104 in the CCB

Psalms 104 in the CUV

Psalms 104 in the CUVS

Psalms 104 in the DBT

Psalms 104 in the DGDNT

Psalms 104 in the DHNT

Psalms 104 in the DNT

Psalms 104 in the ELBE

Psalms 104 in the EMTV

Psalms 104 in the ESV

Psalms 104 in the FBV

Psalms 104 in the FEB

Psalms 104 in the GGMNT

Psalms 104 in the GNT

Psalms 104 in the HARY

Psalms 104 in the HNT

Psalms 104 in the IRVA

Psalms 104 in the IRVB

Psalms 104 in the IRVG

Psalms 104 in the IRVH

Psalms 104 in the IRVK

Psalms 104 in the IRVM

Psalms 104 in the IRVM2

Psalms 104 in the IRVO

Psalms 104 in the IRVP

Psalms 104 in the IRVT

Psalms 104 in the IRVT2

Psalms 104 in the IRVU

Psalms 104 in the ISVN

Psalms 104 in the JSNT

Psalms 104 in the KAPI

Psalms 104 in the KBT1ETNIK

Psalms 104 in the KBV

Psalms 104 in the KJV

Psalms 104 in the KNFD

Psalms 104 in the LBA

Psalms 104 in the LBLA

Psalms 104 in the LNT

Psalms 104 in the LSV

Psalms 104 in the MAAL

Psalms 104 in the MBV

Psalms 104 in the MBV2

Psalms 104 in the MHNT

Psalms 104 in the MKNFD

Psalms 104 in the MNG

Psalms 104 in the MNT

Psalms 104 in the MNT2

Psalms 104 in the MRS1T

Psalms 104 in the NAA

Psalms 104 in the NASB

Psalms 104 in the NBLA

Psalms 104 in the NBS

Psalms 104 in the NBVTP

Psalms 104 in the NET2

Psalms 104 in the NIV11

Psalms 104 in the NNT

Psalms 104 in the NNT2

Psalms 104 in the NNT3

Psalms 104 in the PDDPT

Psalms 104 in the PFNT

Psalms 104 in the RMNT

Psalms 104 in the SBIAS

Psalms 104 in the SBIBS

Psalms 104 in the SBIBS2

Psalms 104 in the SBICS

Psalms 104 in the SBIDS

Psalms 104 in the SBIGS

Psalms 104 in the SBIHS

Psalms 104 in the SBIIS

Psalms 104 in the SBIIS2

Psalms 104 in the SBIIS3

Psalms 104 in the SBIKS

Psalms 104 in the SBIKS2

Psalms 104 in the SBIMS

Psalms 104 in the SBIOS

Psalms 104 in the SBIPS

Psalms 104 in the SBISS

Psalms 104 in the SBITS

Psalms 104 in the SBITS2

Psalms 104 in the SBITS3

Psalms 104 in the SBITS4

Psalms 104 in the SBIUS

Psalms 104 in the SBIVS

Psalms 104 in the SBT

Psalms 104 in the SBT1E

Psalms 104 in the SCHL

Psalms 104 in the SNT

Psalms 104 in the SUSU

Psalms 104 in the SUSU2

Psalms 104 in the SYNO

Psalms 104 in the TBIAOTANT

Psalms 104 in the TBT1E

Psalms 104 in the TBT1E2

Psalms 104 in the TFTIP

Psalms 104 in the TFTU

Psalms 104 in the TGNTATF3T

Psalms 104 in the THAI

Psalms 104 in the TNFD

Psalms 104 in the TNT

Psalms 104 in the TNTIK

Psalms 104 in the TNTIL

Psalms 104 in the TNTIN

Psalms 104 in the TNTIP

Psalms 104 in the TNTIZ

Psalms 104 in the TOMA

Psalms 104 in the TTENT

Psalms 104 in the UBG

Psalms 104 in the UGV

Psalms 104 in the UGV2

Psalms 104 in the UGV3

Psalms 104 in the VBL

Psalms 104 in the VDCC

Psalms 104 in the YALU

Psalms 104 in the YAPE

Psalms 104 in the YBVTP

Psalms 104 in the ZBP