Psalms 120 (BOATCB)
undefined Ɔsoroforɔ dwom. 1 Mesu frɛ AWURADE wɔ mʼahohiahia mu,na ɔgye me so. 2 Ao AWURADE, gye me firi atorɔ anone nnaadaa tɛkrɛma nsam. 3 Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo,na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma? 4 Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnamne gyasramma bɛtwe wʼaso. 5 Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek,na mete Kedar ntomadan mu! 6 Matena ase akyɛre dodowɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu. 7 Meyɛ asomdwoeɛ onipa;nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.