Psalms 121 (BOATCB)
undefined Ɔsoroforɔ dwom. 1 Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no,ɛhe na me mmoa firi bɛba? 2 Me mmoa firi AWURADE,ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. 3 Ɔremma wo nan nwatiri,deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko. 4 Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel norentɔ nko na ɔrenna. 5 AWURADE hwɛ wo so; AWURADE ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so; 6 Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu,na ɔsrane nso renha wo anadwo. 7 AWURADE bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho,ɔbɛhwɛ wo nkwa so; 8 AWURADE bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so,seesei ne daa.