Psalms 121 (BOATCB2)
undefined Ɔsoroforo dwom. 1 Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no,ɛhe na me mmoa fi bɛba? 2 Me mmoa fi AWURADE,ɔsoro ne asase yɛfo no. 3 Ɔremma wo nan nwatiri,nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko. 4 Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel norentɔ nko na ɔrenna. 5 AWURADE hwɛ wo so; AWURADE ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so; 6 Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu,na ɔsram nso rensɛe wo anadwo. 7 AWURADE bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho,ɔbɛhwɛ wo nkwa so; 8 AWURADE bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba somprempren ne daa.