Psalms 133 (BOATCB)
undefined Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛsɛ anuanom bom tena faako! 2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu,ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu,ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so. 3 Ɛte sɛ Hermon bosuo aɛtɔ gu Bepɔ Sion so.Ɛhɔ na AWURADE ahyɛ ne nhyira,nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.