Psalms 133 (BOATCB2)
undefined Ɔsoroforo dwom. Dawid de. 1 Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛsɛ anuanom bɔ mu tena faako! 2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,na esian kogu bɔgyesɛ mu,esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu,ma bi kogu nʼatade kɔn mu. 3 Ɛte sɛ Hermon bosu aɛtɔ gu Bepɔw Sion so.Ɛhɔ na AWURADE ahyɛ ne nhyira,nkwa a to ntwa da no.