Psalms 142 (BOATCB)
undefined Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ. 1 Meteam mesu frɛ AWURADE;me ma me nne so su frɛ AWURADE sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ. 2 Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim;meka me haw kyerɛ no. 3 Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a,ɛyɛ wo na wonim mʼakwan.Ɛkwan a menam so nonnipa asum me afidie wɔ so. 4 Hwɛ me nifa so na hunu sɛ;mʼasɛm mfa obiara ho;menni dwanekɔbea bi;me nkwa mfa obiara ho. 5 Ao AWURADE, mesu mefrɛ wo;mese, “Wone me dwanekɔbea,me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.” 6 Tie me sufrɛ,na mewɔ ahohia kɛseɛ mu;gye me firi mʼataafoɔ nsam,ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. 7 Yi me firi me nneduadan mu,na makamfo wo din. Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyiaɛsiane wo papa a woayɛ me enti.