Psalms 142 (BOATCB2)
undefined Dawid de. Bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaebɔ. 1 Meteɛ mu su frɛ AWURADE;mema me nne so su frɛ AWURADE sɛ onhu me mmɔbɔ. 2 Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim;meka me haw kyerɛ no. 3 Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a,ɛyɛ wo na wunim me kwan.Ɔkwan a menam so nonnipa asum me afiri. 4 Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so;mʼasɛm mfa obiara ho;minni guankɔbea bi;me nkwa mfa obiara ho. 5 AWURADE, misu frɛ wo;mise, “Wone me guankɔbea,me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.” 6 Tie me sufrɛ,na mewɔ ahohia kɛse mu;gye me fi mʼataafo nsam,efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. 7 Yi me fi mʼafiase,na makamfo wo din. Afei atreneefo betwa me ho ahyiaesiane wo papa a woayɛ me no nti.