Psalms 82 (BOATCB)
undefined Asaf dwom. 1 Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu;ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu. 2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho banna woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn? 3 Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn;mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban. 4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam. 5 “Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase.Wɔkyinkyini wɔ esum mu;na asase fapem nyinaa woso. 6 “Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”;mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ 7 Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ;na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.” 8 Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn;ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.