Revelation 2 (BOATCB)
1 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ɛfiri obi a ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu a ɔnante wɔ sika nkaneadua nson no ntam no. 2 Menim deɛ woayɛ. Menim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔneyɛfoɔ, na afei woasɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahunu sɛ wɔyɛ atorofoɔ. 3 Wowɔ boasetɔ, na me enti, woahunu amane bebree, nanso wompaa aba. 4 Nanso, deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛdeɛ kan no na wodɔ me no. 5 Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ. 6 Nanso, deɛ ɛyɛ wɔ wo ho ne sɛ, wokyiri deɛ Nikolaifoɔ no yɛ no, na saa ara na me nso mekyiri. 7 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no bi. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ. 8 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Smirna asafo no ano sɛ: Saa asɛm yi firi Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no nkyɛn. Deɛ ɔwuiɛ na ɔnyaneeɛ no. 9 Menim amane a wohunu maa Awurade na menim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapadeɛ wɔ ɔsoro. Menim nsɛm a wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ Yudafoɔ no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam apamfoɔ. 10 Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire. 11 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wɔdi nkonim no renwu owuprenu. 12 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi deɛ ɔwɔ akofena anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn. 13 Menim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahennwa si. Wodi me nokorɛ; na ɛberɛ a wɔkumm Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me. 14 Nanso, nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wɔdi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak maa ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ wɔn adwamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. 15 Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wɔdi Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ akyi. 16 Twe wo ho firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn, na mede sekan a ɛfiri mʼanom no abɛko atia saa nnipa no. 17 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahinta no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɛboɔ fitaa a wɔatwerɛ din foforɔ wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no. 18 “Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn. 19 Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɛ adwuma sene kane no. 20 Nanso deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wogyee ɔbaa bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifoɔ no too mu. Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛ, na ɔdi mʼasomafoɔ anim ma wɔbɔ adwaman di abosom aduane. 21 Mama no ɛberɛ sɛ ɔnnu ne ho mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakyera firi nʼadwamammɔ mu. 22 Ɛno enti, sɛ wɔansesa amfiri amumuyɛ a wɔne no yɛeɛ no mu a, mɛto no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe awadeɛ no ahunu amane a ano yɛ den yie. 23 Afei, mɛkum nʼakyidifoɔ no, na asafo no nyinaa bɛhunu sɛ mene obi a mehunu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Deɛ mo mu biara yɛeɛ no, mɛtua no so ka pɛpɛɛpɛ. 24 Nanso, momu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Monsuaa deɛ afoforɔ frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo sɛ, meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so. 25 Na monsɔ deɛ mowɔ no mu denden kɔsi sɛ mɛba. 26 Wɔn a wɔdi nkonim na wɔkɔ so yɛ deɛ mepɛ kɔsi awieeɛ no, mede tumi korɔ no ara a menya firii 27 mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dadeɛ poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkukuo. 28 Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn. 29 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.
In Other Versions
Revelation 2 in the ANGEFD
Revelation 2 in the ANTPNG2D
Revelation 2 in the AS21
Revelation 2 in the BAGH
Revelation 2 in the BBPNG
Revelation 2 in the BBT1E
Revelation 2 in the BDS
Revelation 2 in the BEV
Revelation 2 in the BHAD
Revelation 2 in the BIB
Revelation 2 in the BLPT
Revelation 2 in the BNT
Revelation 2 in the BNTABOOT
Revelation 2 in the BNTLV
Revelation 2 in the BOATCB2
Revelation 2 in the BOBCV
Revelation 2 in the BOCNT
Revelation 2 in the BOECS
Revelation 2 in the BOGWICC
Revelation 2 in the BOHCB
Revelation 2 in the BOHCV
Revelation 2 in the BOHLNT
Revelation 2 in the BOHNTLTAL
Revelation 2 in the BOICB
Revelation 2 in the BOILNTAP
Revelation 2 in the BOITCV
Revelation 2 in the BOKCV
Revelation 2 in the BOKCV2
Revelation 2 in the BOKHWOG
Revelation 2 in the BOKSSV
Revelation 2 in the BOLCB
Revelation 2 in the BOLCB2
Revelation 2 in the BOMCV
Revelation 2 in the BONAV
Revelation 2 in the BONCB
Revelation 2 in the BONLT
Revelation 2 in the BONUT2
Revelation 2 in the BOPLNT
Revelation 2 in the BOSCB
Revelation 2 in the BOSNC
Revelation 2 in the BOTLNT
Revelation 2 in the BOVCB
Revelation 2 in the BOYCB
Revelation 2 in the BPBB
Revelation 2 in the BPH
Revelation 2 in the BSB
Revelation 2 in the CCB
Revelation 2 in the CUV
Revelation 2 in the CUVS
Revelation 2 in the DBT
Revelation 2 in the DGDNT
Revelation 2 in the DHNT
Revelation 2 in the DNT
Revelation 2 in the ELBE
Revelation 2 in the EMTV
Revelation 2 in the ESV
Revelation 2 in the FBV
Revelation 2 in the FEB
Revelation 2 in the GGMNT
Revelation 2 in the GNT
Revelation 2 in the HARY
Revelation 2 in the HNT
Revelation 2 in the IRVA
Revelation 2 in the IRVB
Revelation 2 in the IRVG
Revelation 2 in the IRVH
Revelation 2 in the IRVK
Revelation 2 in the IRVM
Revelation 2 in the IRVM2
Revelation 2 in the IRVO
Revelation 2 in the IRVP
Revelation 2 in the IRVT
Revelation 2 in the IRVT2
Revelation 2 in the IRVU
Revelation 2 in the ISVN
Revelation 2 in the JSNT
Revelation 2 in the KAPI
Revelation 2 in the KBT1ETNIK
Revelation 2 in the KBV
Revelation 2 in the KJV
Revelation 2 in the KNFD
Revelation 2 in the LBA
Revelation 2 in the LBLA
Revelation 2 in the LNT
Revelation 2 in the LSV
Revelation 2 in the MAAL
Revelation 2 in the MBV
Revelation 2 in the MBV2
Revelation 2 in the MHNT
Revelation 2 in the MKNFD
Revelation 2 in the MNG
Revelation 2 in the MNT
Revelation 2 in the MNT2
Revelation 2 in the MRS1T
Revelation 2 in the NAA
Revelation 2 in the NASB
Revelation 2 in the NBLA
Revelation 2 in the NBS
Revelation 2 in the NBVTP
Revelation 2 in the NET2
Revelation 2 in the NIV11
Revelation 2 in the NNT
Revelation 2 in the NNT2
Revelation 2 in the NNT3
Revelation 2 in the PDDPT
Revelation 2 in the PFNT
Revelation 2 in the RMNT
Revelation 2 in the SBIAS
Revelation 2 in the SBIBS
Revelation 2 in the SBIBS2
Revelation 2 in the SBICS
Revelation 2 in the SBIDS
Revelation 2 in the SBIGS
Revelation 2 in the SBIHS
Revelation 2 in the SBIIS
Revelation 2 in the SBIIS2
Revelation 2 in the SBIIS3
Revelation 2 in the SBIKS
Revelation 2 in the SBIKS2
Revelation 2 in the SBIMS
Revelation 2 in the SBIOS
Revelation 2 in the SBIPS
Revelation 2 in the SBISS
Revelation 2 in the SBITS
Revelation 2 in the SBITS2
Revelation 2 in the SBITS3
Revelation 2 in the SBITS4
Revelation 2 in the SBIUS
Revelation 2 in the SBIVS
Revelation 2 in the SBT
Revelation 2 in the SBT1E
Revelation 2 in the SCHL
Revelation 2 in the SNT
Revelation 2 in the SUSU
Revelation 2 in the SUSU2
Revelation 2 in the SYNO
Revelation 2 in the TBIAOTANT
Revelation 2 in the TBT1E
Revelation 2 in the TBT1E2
Revelation 2 in the TFTIP
Revelation 2 in the TFTU
Revelation 2 in the TGNTATF3T
Revelation 2 in the THAI
Revelation 2 in the TNFD
Revelation 2 in the TNT
Revelation 2 in the TNTIK
Revelation 2 in the TNTIL
Revelation 2 in the TNTIN
Revelation 2 in the TNTIP
Revelation 2 in the TNTIZ
Revelation 2 in the TOMA
Revelation 2 in the TTENT
Revelation 2 in the UBG
Revelation 2 in the UGV
Revelation 2 in the UGV2
Revelation 2 in the UGV3
Revelation 2 in the VBL
Revelation 2 in the VDCC
Revelation 2 in the YALU
Revelation 2 in the YAPE
Revelation 2 in the YBVTP
Revelation 2 in the ZBP