Revelation 2 (BOATCB2)
1 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se: Eyi ne nsɛm a efi obi a okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no hɔ. 2 Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔka se wɔyɛ asomafo nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahu sɛ wɔyɛ atorofo. 3 Wowɔ boasetɔ, na me nti woahu amane bebree, nanso wompaa abaw ɛ. 4 Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me sɛnea kan no na wodɔ me no. 5 Hu ba a woaba fam no. Sakra wʼadwene na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woansakra wʼadwene a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibea. 6 Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi. 7 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ. 8 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirna asafo no ano se: Saa asɛm yi fi Ɔkannifo ne Okyikafo no nkyɛn. Nea owui na ɔte ase bio no. 9 Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ ɔsoro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam hyiadan. 10 Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri. 11 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu. 12 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se: Saa krataa yi fi nea ɔwɔ afoa anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn. 13 Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me. 14 Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. 15 Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi. 16 Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn, na mede afoa a efi mʼanom no abɛko atia saa nnipa no. 17 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no. 18 “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se: Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛw sɛ ogyatannaa a ne nan ase hyerɛn sɛ asanka no nkyɛn. 19 Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no. 20 Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi mʼasomafo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom aduan. 21 Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi nʼaguamammɔ mu. 22 Ɛno nti, sɛ wɔansakra amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye. 23 Afei, mekunkum nʼakyidifo no, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ. 24 Nanso mo mu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no, ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka kyerɛ mo se, meremfa adesoa foforo biara nto mo so. 25 Na munso nea mowɔ no mu dennen nkosi sɛ mɛba. 26 Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii 27 mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade pema adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku. 28 Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn. 29 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.
In Other Versions
Revelation 2 in the ANGEFD
Revelation 2 in the ANTPNG2D
Revelation 2 in the AS21
Revelation 2 in the BAGH
Revelation 2 in the BBPNG
Revelation 2 in the BBT1E
Revelation 2 in the BDS
Revelation 2 in the BEV
Revelation 2 in the BHAD
Revelation 2 in the BIB
Revelation 2 in the BLPT
Revelation 2 in the BNT
Revelation 2 in the BNTABOOT
Revelation 2 in the BNTLV
Revelation 2 in the BOATCB
Revelation 2 in the BOBCV
Revelation 2 in the BOCNT
Revelation 2 in the BOECS
Revelation 2 in the BOGWICC
Revelation 2 in the BOHCB
Revelation 2 in the BOHCV
Revelation 2 in the BOHLNT
Revelation 2 in the BOHNTLTAL
Revelation 2 in the BOICB
Revelation 2 in the BOILNTAP
Revelation 2 in the BOITCV
Revelation 2 in the BOKCV
Revelation 2 in the BOKCV2
Revelation 2 in the BOKHWOG
Revelation 2 in the BOKSSV
Revelation 2 in the BOLCB
Revelation 2 in the BOLCB2
Revelation 2 in the BOMCV
Revelation 2 in the BONAV
Revelation 2 in the BONCB
Revelation 2 in the BONLT
Revelation 2 in the BONUT2
Revelation 2 in the BOPLNT
Revelation 2 in the BOSCB
Revelation 2 in the BOSNC
Revelation 2 in the BOTLNT
Revelation 2 in the BOVCB
Revelation 2 in the BOYCB
Revelation 2 in the BPBB
Revelation 2 in the BPH
Revelation 2 in the BSB
Revelation 2 in the CCB
Revelation 2 in the CUV
Revelation 2 in the CUVS
Revelation 2 in the DBT
Revelation 2 in the DGDNT
Revelation 2 in the DHNT
Revelation 2 in the DNT
Revelation 2 in the ELBE
Revelation 2 in the EMTV
Revelation 2 in the ESV
Revelation 2 in the FBV
Revelation 2 in the FEB
Revelation 2 in the GGMNT
Revelation 2 in the GNT
Revelation 2 in the HARY
Revelation 2 in the HNT
Revelation 2 in the IRVA
Revelation 2 in the IRVB
Revelation 2 in the IRVG
Revelation 2 in the IRVH
Revelation 2 in the IRVK
Revelation 2 in the IRVM
Revelation 2 in the IRVM2
Revelation 2 in the IRVO
Revelation 2 in the IRVP
Revelation 2 in the IRVT
Revelation 2 in the IRVT2
Revelation 2 in the IRVU
Revelation 2 in the ISVN
Revelation 2 in the JSNT
Revelation 2 in the KAPI
Revelation 2 in the KBT1ETNIK
Revelation 2 in the KBV
Revelation 2 in the KJV
Revelation 2 in the KNFD
Revelation 2 in the LBA
Revelation 2 in the LBLA
Revelation 2 in the LNT
Revelation 2 in the LSV
Revelation 2 in the MAAL
Revelation 2 in the MBV
Revelation 2 in the MBV2
Revelation 2 in the MHNT
Revelation 2 in the MKNFD
Revelation 2 in the MNG
Revelation 2 in the MNT
Revelation 2 in the MNT2
Revelation 2 in the MRS1T
Revelation 2 in the NAA
Revelation 2 in the NASB
Revelation 2 in the NBLA
Revelation 2 in the NBS
Revelation 2 in the NBVTP
Revelation 2 in the NET2
Revelation 2 in the NIV11
Revelation 2 in the NNT
Revelation 2 in the NNT2
Revelation 2 in the NNT3
Revelation 2 in the PDDPT
Revelation 2 in the PFNT
Revelation 2 in the RMNT
Revelation 2 in the SBIAS
Revelation 2 in the SBIBS
Revelation 2 in the SBIBS2
Revelation 2 in the SBICS
Revelation 2 in the SBIDS
Revelation 2 in the SBIGS
Revelation 2 in the SBIHS
Revelation 2 in the SBIIS
Revelation 2 in the SBIIS2
Revelation 2 in the SBIIS3
Revelation 2 in the SBIKS
Revelation 2 in the SBIKS2
Revelation 2 in the SBIMS
Revelation 2 in the SBIOS
Revelation 2 in the SBIPS
Revelation 2 in the SBISS
Revelation 2 in the SBITS
Revelation 2 in the SBITS2
Revelation 2 in the SBITS3
Revelation 2 in the SBITS4
Revelation 2 in the SBIUS
Revelation 2 in the SBIVS
Revelation 2 in the SBT
Revelation 2 in the SBT1E
Revelation 2 in the SCHL
Revelation 2 in the SNT
Revelation 2 in the SUSU
Revelation 2 in the SUSU2
Revelation 2 in the SYNO
Revelation 2 in the TBIAOTANT
Revelation 2 in the TBT1E
Revelation 2 in the TBT1E2
Revelation 2 in the TFTIP
Revelation 2 in the TFTU
Revelation 2 in the TGNTATF3T
Revelation 2 in the THAI
Revelation 2 in the TNFD
Revelation 2 in the TNT
Revelation 2 in the TNTIK
Revelation 2 in the TNTIL
Revelation 2 in the TNTIN
Revelation 2 in the TNTIP
Revelation 2 in the TNTIZ
Revelation 2 in the TOMA
Revelation 2 in the TTENT
Revelation 2 in the UBG
Revelation 2 in the UGV
Revelation 2 in the UGV2
Revelation 2 in the UGV3
Revelation 2 in the VBL
Revelation 2 in the VDCC
Revelation 2 in the YALU
Revelation 2 in the YAPE
Revelation 2 in the YBVTP
Revelation 2 in the ZBP