Revelation 21 (BOATCB)
1 Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane ɔsoro ne kane asase no atwam, na ɛpo nso nni hɔ bio. 2 Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu. 3 Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn. 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni hɔ bio. Na kane nneɛma no atwam.” 5 Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.” 6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa. 7 Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8 Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no. Ɛno ne owuprenu no.” 9 Abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Odwammaa no yere no.” 10 Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resiane aba fam. 11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te sɛ ahwehwɛ. 12 Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din. 13 Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ; mmiɛnsa wɔ anafoɔ; mmiɛnsa wɔ atifi ɛnna mmiɛnsa wɔ atɔeɛ. 14 Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so. 15 Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo. 16 Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. 17 Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia. 18 Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toeɛ. 19 Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi ɛkan yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu yɛ aboɔdemmoɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ. Fapem a ɛtɔ so ɛnan yɛ ahahammonoboɔ. 20 Fapem a ɛtɔ so enum yɛ ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibirieboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so edu yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako yɛ wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu yɛ beredumboɔ. 21 Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ yɛ sika amapa kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ. 22 Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. 23 Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ. 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahodeɛ bɛba hɔ. 25 Wɔntoto kuro no apono mu. Ɛda biara ano da hɔ. Ɛfiri sɛ, esum nnuru wɔ hɔ. 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu. 27 Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.
In Other Versions
Revelation 21 in the ANGEFD
Revelation 21 in the ANTPNG2D
Revelation 21 in the AS21
Revelation 21 in the BAGH
Revelation 21 in the BBPNG
Revelation 21 in the BBT1E
Revelation 21 in the BDS
Revelation 21 in the BEV
Revelation 21 in the BHAD
Revelation 21 in the BIB
Revelation 21 in the BLPT
Revelation 21 in the BNT
Revelation 21 in the BNTABOOT
Revelation 21 in the BNTLV
Revelation 21 in the BOATCB2
Revelation 21 in the BOBCV
Revelation 21 in the BOCNT
Revelation 21 in the BOECS
Revelation 21 in the BOGWICC
Revelation 21 in the BOHCB
Revelation 21 in the BOHCV
Revelation 21 in the BOHLNT
Revelation 21 in the BOHNTLTAL
Revelation 21 in the BOICB
Revelation 21 in the BOILNTAP
Revelation 21 in the BOITCV
Revelation 21 in the BOKCV
Revelation 21 in the BOKCV2
Revelation 21 in the BOKHWOG
Revelation 21 in the BOKSSV
Revelation 21 in the BOLCB
Revelation 21 in the BOLCB2
Revelation 21 in the BOMCV
Revelation 21 in the BONAV
Revelation 21 in the BONCB
Revelation 21 in the BONLT
Revelation 21 in the BONUT2
Revelation 21 in the BOPLNT
Revelation 21 in the BOSCB
Revelation 21 in the BOSNC
Revelation 21 in the BOTLNT
Revelation 21 in the BOVCB
Revelation 21 in the BOYCB
Revelation 21 in the BPBB
Revelation 21 in the BPH
Revelation 21 in the BSB
Revelation 21 in the CCB
Revelation 21 in the CUV
Revelation 21 in the CUVS
Revelation 21 in the DBT
Revelation 21 in the DGDNT
Revelation 21 in the DHNT
Revelation 21 in the DNT
Revelation 21 in the ELBE
Revelation 21 in the EMTV
Revelation 21 in the ESV
Revelation 21 in the FBV
Revelation 21 in the FEB
Revelation 21 in the GGMNT
Revelation 21 in the GNT
Revelation 21 in the HARY
Revelation 21 in the HNT
Revelation 21 in the IRVA
Revelation 21 in the IRVB
Revelation 21 in the IRVG
Revelation 21 in the IRVH
Revelation 21 in the IRVK
Revelation 21 in the IRVM
Revelation 21 in the IRVM2
Revelation 21 in the IRVO
Revelation 21 in the IRVP
Revelation 21 in the IRVT
Revelation 21 in the IRVT2
Revelation 21 in the IRVU
Revelation 21 in the ISVN
Revelation 21 in the JSNT
Revelation 21 in the KAPI
Revelation 21 in the KBT1ETNIK
Revelation 21 in the KBV
Revelation 21 in the KJV
Revelation 21 in the KNFD
Revelation 21 in the LBA
Revelation 21 in the LBLA
Revelation 21 in the LNT
Revelation 21 in the LSV
Revelation 21 in the MAAL
Revelation 21 in the MBV
Revelation 21 in the MBV2
Revelation 21 in the MHNT
Revelation 21 in the MKNFD
Revelation 21 in the MNG
Revelation 21 in the MNT
Revelation 21 in the MNT2
Revelation 21 in the MRS1T
Revelation 21 in the NAA
Revelation 21 in the NASB
Revelation 21 in the NBLA
Revelation 21 in the NBS
Revelation 21 in the NBVTP
Revelation 21 in the NET2
Revelation 21 in the NIV11
Revelation 21 in the NNT
Revelation 21 in the NNT2
Revelation 21 in the NNT3
Revelation 21 in the PDDPT
Revelation 21 in the PFNT
Revelation 21 in the RMNT
Revelation 21 in the SBIAS
Revelation 21 in the SBIBS
Revelation 21 in the SBIBS2
Revelation 21 in the SBICS
Revelation 21 in the SBIDS
Revelation 21 in the SBIGS
Revelation 21 in the SBIHS
Revelation 21 in the SBIIS
Revelation 21 in the SBIIS2
Revelation 21 in the SBIIS3
Revelation 21 in the SBIKS
Revelation 21 in the SBIKS2
Revelation 21 in the SBIMS
Revelation 21 in the SBIOS
Revelation 21 in the SBIPS
Revelation 21 in the SBISS
Revelation 21 in the SBITS
Revelation 21 in the SBITS2
Revelation 21 in the SBITS3
Revelation 21 in the SBITS4
Revelation 21 in the SBIUS
Revelation 21 in the SBIVS
Revelation 21 in the SBT
Revelation 21 in the SBT1E
Revelation 21 in the SCHL
Revelation 21 in the SNT
Revelation 21 in the SUSU
Revelation 21 in the SUSU2
Revelation 21 in the SYNO
Revelation 21 in the TBIAOTANT
Revelation 21 in the TBT1E
Revelation 21 in the TBT1E2
Revelation 21 in the TFTIP
Revelation 21 in the TFTU
Revelation 21 in the TGNTATF3T
Revelation 21 in the THAI
Revelation 21 in the TNFD
Revelation 21 in the TNT
Revelation 21 in the TNTIK
Revelation 21 in the TNTIL
Revelation 21 in the TNTIN
Revelation 21 in the TNTIP
Revelation 21 in the TNTIZ
Revelation 21 in the TOMA
Revelation 21 in the TTENT
Revelation 21 in the UBG
Revelation 21 in the UGV
Revelation 21 in the UGV2
Revelation 21 in the UGV3
Revelation 21 in the VBL
Revelation 21 in the VDCC
Revelation 21 in the YALU
Revelation 21 in the YAPE
Revelation 21 in the YBVTP
Revelation 21 in the ZBP