Revelation 21 (BOATCB2)

1 Afei mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan ɔsoro ne kan asase no atwa mu, na po nso nni hɔ bio. 2 Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo sɛ efi Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforo a ɔrekohyia ne kunu. 3 Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, “Afei, Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwa mu.” 5 Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, “Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!” Ɔka kyerɛɛ me nso se, “Kyerɛw eyi, efisɛ saa nsɛm yi yɛ nokware a wɔde wɔn ho to so.” 6 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Mfiase ne Awiei no. Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nsu a efi nkwa asuti mu anom kwa. 7 Obiara a obedi nkonim no benya eyi afi me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8 Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne nguamanfo ne asumanfo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu. Ɛno ne owuprenu no.” 9 Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforo a ɔyɛ Oguamma no yere no.” 10 Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resian aba fam. 11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdemmo a ɛsɛ ahwehwɛbo a ani tew sɛ ahwehwɛ. 12 Na ne fasu no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din. 13 Apon abiɛsa wɔ apuei; abiɛsa wɔ anafo; abiɛsa wɔ atifi na abiɛsa wɔ atɔe. 14 Wosii kurow no afasu sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguamma no asomafo dumien no din wɔ so no so. 15 Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ pema susudua a wɔde besusuw kurow no, nʼapon ne nʼafasu. 16 Na kurow no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem abien ne ahannan (2,400), na ne trɛw, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. 17 Ɔbɔfo no susuw ɔfasu no nso a na ne sorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia. 18 Ahwehwɛbo na ɔde too afasu no. Na kurow no de, sikakɔkɔɔ ankasa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toe. 19 Wɔde aboɔdemmo ahorow a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kurow no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo. Fapem a ɛto so abien yɛ hoabo. Fapem a ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo. Fapem a ɛto so anan yɛ ahabammono bo. 20 Fapem a ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia yɛ bogyanambo. Fapem a ɛto so ason yɛ sikabereɛbo. Fapem a ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo. Fapem a ɛto so akron yɛ akraatebo. Fapem a ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako yɛ wusiwbo. Fapem a ɛto so dumien yɛ beredumbo. 21 Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Wɔde ahene pa baako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Na kurow no abɔntenkɛse no yɛ sika ankasa, kurunnyenn sɛ ahwehwɛ. 22 Na manhu asɔredan wɔ kurow no baabiara mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn Tumfo ne Oguamma no ne asɔredan. 23 Na owia anaa ɔsram hann nhia kurow no, efisɛ na Onyankopɔn ne Oguamma no anuonyam hyerɛn wɔ hɔ. 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahode bɛba hɔ. 25 Wɔntoto kurow no apon mu. Da biara ano da hɔ. Efisɛ sum nnuru wɔ hɔ. 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kurow no mu. 27 Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.

In Other Versions

Revelation 21 in the ANGEFD

Revelation 21 in the ANTPNG2D

Revelation 21 in the AS21

Revelation 21 in the BAGH

Revelation 21 in the BBPNG

Revelation 21 in the BBT1E

Revelation 21 in the BDS

Revelation 21 in the BEV

Revelation 21 in the BHAD

Revelation 21 in the BIB

Revelation 21 in the BLPT

Revelation 21 in the BNT

Revelation 21 in the BNTABOOT

Revelation 21 in the BNTLV

Revelation 21 in the BOATCB

Revelation 21 in the BOBCV

Revelation 21 in the BOCNT

Revelation 21 in the BOECS

Revelation 21 in the BOGWICC

Revelation 21 in the BOHCB

Revelation 21 in the BOHCV

Revelation 21 in the BOHLNT

Revelation 21 in the BOHNTLTAL

Revelation 21 in the BOICB

Revelation 21 in the BOILNTAP

Revelation 21 in the BOITCV

Revelation 21 in the BOKCV

Revelation 21 in the BOKCV2

Revelation 21 in the BOKHWOG

Revelation 21 in the BOKSSV

Revelation 21 in the BOLCB

Revelation 21 in the BOLCB2

Revelation 21 in the BOMCV

Revelation 21 in the BONAV

Revelation 21 in the BONCB

Revelation 21 in the BONLT

Revelation 21 in the BONUT2

Revelation 21 in the BOPLNT

Revelation 21 in the BOSCB

Revelation 21 in the BOSNC

Revelation 21 in the BOTLNT

Revelation 21 in the BOVCB

Revelation 21 in the BOYCB

Revelation 21 in the BPBB

Revelation 21 in the BPH

Revelation 21 in the BSB

Revelation 21 in the CCB

Revelation 21 in the CUV

Revelation 21 in the CUVS

Revelation 21 in the DBT

Revelation 21 in the DGDNT

Revelation 21 in the DHNT

Revelation 21 in the DNT

Revelation 21 in the ELBE

Revelation 21 in the EMTV

Revelation 21 in the ESV

Revelation 21 in the FBV

Revelation 21 in the FEB

Revelation 21 in the GGMNT

Revelation 21 in the GNT

Revelation 21 in the HARY

Revelation 21 in the HNT

Revelation 21 in the IRVA

Revelation 21 in the IRVB

Revelation 21 in the IRVG

Revelation 21 in the IRVH

Revelation 21 in the IRVK

Revelation 21 in the IRVM

Revelation 21 in the IRVM2

Revelation 21 in the IRVO

Revelation 21 in the IRVP

Revelation 21 in the IRVT

Revelation 21 in the IRVT2

Revelation 21 in the IRVU

Revelation 21 in the ISVN

Revelation 21 in the JSNT

Revelation 21 in the KAPI

Revelation 21 in the KBT1ETNIK

Revelation 21 in the KBV

Revelation 21 in the KJV

Revelation 21 in the KNFD

Revelation 21 in the LBA

Revelation 21 in the LBLA

Revelation 21 in the LNT

Revelation 21 in the LSV

Revelation 21 in the MAAL

Revelation 21 in the MBV

Revelation 21 in the MBV2

Revelation 21 in the MHNT

Revelation 21 in the MKNFD

Revelation 21 in the MNG

Revelation 21 in the MNT

Revelation 21 in the MNT2

Revelation 21 in the MRS1T

Revelation 21 in the NAA

Revelation 21 in the NASB

Revelation 21 in the NBLA

Revelation 21 in the NBS

Revelation 21 in the NBVTP

Revelation 21 in the NET2

Revelation 21 in the NIV11

Revelation 21 in the NNT

Revelation 21 in the NNT2

Revelation 21 in the NNT3

Revelation 21 in the PDDPT

Revelation 21 in the PFNT

Revelation 21 in the RMNT

Revelation 21 in the SBIAS

Revelation 21 in the SBIBS

Revelation 21 in the SBIBS2

Revelation 21 in the SBICS

Revelation 21 in the SBIDS

Revelation 21 in the SBIGS

Revelation 21 in the SBIHS

Revelation 21 in the SBIIS

Revelation 21 in the SBIIS2

Revelation 21 in the SBIIS3

Revelation 21 in the SBIKS

Revelation 21 in the SBIKS2

Revelation 21 in the SBIMS

Revelation 21 in the SBIOS

Revelation 21 in the SBIPS

Revelation 21 in the SBISS

Revelation 21 in the SBITS

Revelation 21 in the SBITS2

Revelation 21 in the SBITS3

Revelation 21 in the SBITS4

Revelation 21 in the SBIUS

Revelation 21 in the SBIVS

Revelation 21 in the SBT

Revelation 21 in the SBT1E

Revelation 21 in the SCHL

Revelation 21 in the SNT

Revelation 21 in the SUSU

Revelation 21 in the SUSU2

Revelation 21 in the SYNO

Revelation 21 in the TBIAOTANT

Revelation 21 in the TBT1E

Revelation 21 in the TBT1E2

Revelation 21 in the TFTIP

Revelation 21 in the TFTU

Revelation 21 in the TGNTATF3T

Revelation 21 in the THAI

Revelation 21 in the TNFD

Revelation 21 in the TNT

Revelation 21 in the TNTIK

Revelation 21 in the TNTIL

Revelation 21 in the TNTIN

Revelation 21 in the TNTIP

Revelation 21 in the TNTIZ

Revelation 21 in the TOMA

Revelation 21 in the TTENT

Revelation 21 in the UBG

Revelation 21 in the UGV

Revelation 21 in the UGV2

Revelation 21 in the UGV3

Revelation 21 in the VBL

Revelation 21 in the VDCC

Revelation 21 in the YALU

Revelation 21 in the YAPE

Revelation 21 in the YBVTP

Revelation 21 in the ZBP