Romans 8 (BOATCB)

1 Enti, afɔbuo nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu 2 ɛfiri sɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a ɛfiri Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afiri mmara a ɛde owuo ba. 3 Esiane ɔhonam mmerɛyɛ enti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ deɛ Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa yɛn, na ɔbɛbuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. 4 Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛdeɛ ama yɛn, yɛn a yɛnnante ɔhonam fam, na mmom yɛnante honhom mu no. 5 Wɔn a honam mmerɛyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom deɛ. 6 Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛyɛ adwene no bɛwu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no bɛnya nkwa ne asomdwoeɛ. 7 Adwene a ɛdwene honam mu no tan Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. 8 Wɔn a wɔdwene honam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. 9 Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ honam mmerɛyɛ na ɛdi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea. 10 Ɛwom sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu deɛ, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne tenenee enti, mo honhom te ase. 11 Sɛ Onyankopɔn Honhom a ɛnyanee Yesu firii awufoɔ mu no te mo mu a, ɛnneɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ɛwu yi nso nkwa. 12 Enti anuanom, yɛwɔ asodie bi, nanso, yɛnyɛ mma honam no sɛdeɛ ɔpɛ. 13 Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mobɛwu. Nanso, sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mobɛnya nkwa. 14 Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma. 15 Ɛfiri sɛ, moannya honhom a ɛma mo yɛ nkoa bio ma ɔsuro, na mmom, moanya abayɛ Honhom na yɛnam ne so su sɛ, “Abba, Agya!” 16 Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. 17 Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma enti, yɛyɛ adedifoɔ; Onyankopɔn adedifoɔ a yɛne Kristo wɔ kyɛfa wɔ mu, nanso gye sɛ yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanimuonyam. 18 Menim sɛ amanehunu a yɛrehunu no saa ɛberɛ yi nyɛ deɛ wɔdetoto animuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho. 19 Abɔdeɛ nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no ɛkwan. 20 Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛmfiri abɔdeɛ pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔdeɛ fɔ sɛ ɛnnane ade hunu. Nanso na saa anidasoɔ yi wɔ hɔ 21 sɛ, da bi abɔdeɛ no bɛde ne ho afiri nkoayɛ ne porɔeɛ mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadie mu animuonyam. 22 Yɛnim sɛ ɛbɛsi saa ɛberɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no. 23 Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso. 24 Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so. 25 Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn. 26 Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn. 27 Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri sɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim. 28 Yɛnim sɛ adeɛ nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ɛwie wɔn yie. Ɛdi boa wɔn a wɔnam nʼatirimpɔ so afrɛ wɔn. 29 Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dada no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. 30 Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso. 31 Afei, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yeinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie? 32 Deɛ wankame nʼankasa ne Ba, na mmom, yɛn nyinaa enti, ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa adeɛ nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33 Hwan na ɔbɛbu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na ɔbu bem. 34 Hwan na ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no. 35 Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa? 36 Dabi! Wɔatwerɛ sɛ,“Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa;wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn.” 37 Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38 Megye medi ampa sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi 39 anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

In Other Versions

Romans 8 in the ANGEFD

Romans 8 in the ANTPNG2D

Romans 8 in the AS21

Romans 8 in the BAGH

Romans 8 in the BBPNG

Romans 8 in the BBT1E

Romans 8 in the BDS

Romans 8 in the BEV

Romans 8 in the BHAD

Romans 8 in the BIB

Romans 8 in the BLPT

Romans 8 in the BNT

Romans 8 in the BNTABOOT

Romans 8 in the BNTLV

Romans 8 in the BOATCB2

Romans 8 in the BOBCV

Romans 8 in the BOCNT

Romans 8 in the BOECS

Romans 8 in the BOGWICC

Romans 8 in the BOHCB

Romans 8 in the BOHCV

Romans 8 in the BOHLNT

Romans 8 in the BOHNTLTAL

Romans 8 in the BOICB

Romans 8 in the BOILNTAP

Romans 8 in the BOITCV

Romans 8 in the BOKCV

Romans 8 in the BOKCV2

Romans 8 in the BOKHWOG

Romans 8 in the BOKSSV

Romans 8 in the BOLCB

Romans 8 in the BOLCB2

Romans 8 in the BOMCV

Romans 8 in the BONAV

Romans 8 in the BONCB

Romans 8 in the BONLT

Romans 8 in the BONUT2

Romans 8 in the BOPLNT

Romans 8 in the BOSCB

Romans 8 in the BOSNC

Romans 8 in the BOTLNT

Romans 8 in the BOVCB

Romans 8 in the BOYCB

Romans 8 in the BPBB

Romans 8 in the BPH

Romans 8 in the BSB

Romans 8 in the CCB

Romans 8 in the CUV

Romans 8 in the CUVS

Romans 8 in the DBT

Romans 8 in the DGDNT

Romans 8 in the DHNT

Romans 8 in the DNT

Romans 8 in the ELBE

Romans 8 in the EMTV

Romans 8 in the ESV

Romans 8 in the FBV

Romans 8 in the FEB

Romans 8 in the GGMNT

Romans 8 in the GNT

Romans 8 in the HARY

Romans 8 in the HNT

Romans 8 in the IRVA

Romans 8 in the IRVB

Romans 8 in the IRVG

Romans 8 in the IRVH

Romans 8 in the IRVK

Romans 8 in the IRVM

Romans 8 in the IRVM2

Romans 8 in the IRVO

Romans 8 in the IRVP

Romans 8 in the IRVT

Romans 8 in the IRVT2

Romans 8 in the IRVU

Romans 8 in the ISVN

Romans 8 in the JSNT

Romans 8 in the KAPI

Romans 8 in the KBT1ETNIK

Romans 8 in the KBV

Romans 8 in the KJV

Romans 8 in the KNFD

Romans 8 in the LBA

Romans 8 in the LBLA

Romans 8 in the LNT

Romans 8 in the LSV

Romans 8 in the MAAL

Romans 8 in the MBV

Romans 8 in the MBV2

Romans 8 in the MHNT

Romans 8 in the MKNFD

Romans 8 in the MNG

Romans 8 in the MNT

Romans 8 in the MNT2

Romans 8 in the MRS1T

Romans 8 in the NAA

Romans 8 in the NASB

Romans 8 in the NBLA

Romans 8 in the NBS

Romans 8 in the NBVTP

Romans 8 in the NET2

Romans 8 in the NIV11

Romans 8 in the NNT

Romans 8 in the NNT2

Romans 8 in the NNT3

Romans 8 in the PDDPT

Romans 8 in the PFNT

Romans 8 in the RMNT

Romans 8 in the SBIAS

Romans 8 in the SBIBS

Romans 8 in the SBIBS2

Romans 8 in the SBICS

Romans 8 in the SBIDS

Romans 8 in the SBIGS

Romans 8 in the SBIHS

Romans 8 in the SBIIS

Romans 8 in the SBIIS2

Romans 8 in the SBIIS3

Romans 8 in the SBIKS

Romans 8 in the SBIKS2

Romans 8 in the SBIMS

Romans 8 in the SBIOS

Romans 8 in the SBIPS

Romans 8 in the SBISS

Romans 8 in the SBITS

Romans 8 in the SBITS2

Romans 8 in the SBITS3

Romans 8 in the SBITS4

Romans 8 in the SBIUS

Romans 8 in the SBIVS

Romans 8 in the SBT

Romans 8 in the SBT1E

Romans 8 in the SCHL

Romans 8 in the SNT

Romans 8 in the SUSU

Romans 8 in the SUSU2

Romans 8 in the SYNO

Romans 8 in the TBIAOTANT

Romans 8 in the TBT1E

Romans 8 in the TBT1E2

Romans 8 in the TFTIP

Romans 8 in the TFTU

Romans 8 in the TGNTATF3T

Romans 8 in the THAI

Romans 8 in the TNFD

Romans 8 in the TNT

Romans 8 in the TNTIK

Romans 8 in the TNTIL

Romans 8 in the TNTIN

Romans 8 in the TNTIP

Romans 8 in the TNTIZ

Romans 8 in the TOMA

Romans 8 in the TTENT

Romans 8 in the UBG

Romans 8 in the UGV

Romans 8 in the UGV2

Romans 8 in the UGV3

Romans 8 in the VBL

Romans 8 in the VDCC

Romans 8 in the YALU

Romans 8 in the YAPE

Romans 8 in the YBVTP

Romans 8 in the ZBP