Romans 8 (BOATCB2)

1 Enti afɔbu nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu, 2 efisɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a efi Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afi mmara a ɛde owu ba. 3 Esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ nea Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔre maa yɛn, na obebuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. 4 Onyankopɔn yɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛde ama yɛn, yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnantew honhom mu no. 5 Wɔn a ɔhonam mmerɛwyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom de. 6 Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛwyɛ adwene no bewu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no benya nkwa ne asomdwoe. 7 Adwene a ɛdwene ɔhonam mu no tan Onyankopɔn, efisɛ ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. 8 Wɔn a wodwen ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. 9 Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ ɔhonam mmrɛwyɛ na edi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea. 10 Ɛwɔ mu sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu de, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne trenee nti mo honhom te ase. 11 Sɛ Onyankopɔn Honhom a onyan Yesu fii awufo mu no te mo mu a, ɛno de, nea onyan Kristo fii awufo mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa. 12 Enti anuanom, yɛwɔ asodi bi, nanso yɛnyɛ mma ɔhonam no sɛnea ɔpɛ. 13 Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mubewu. Nanso sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mubenya nkwa. 14 Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma. 15 Efisɛ moannya honhom a ɛma mo yɛ nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, “Abba, Agya!” 16 Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. 17 Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti yɛyɛ adedifo; Onyankopɔn adedifo a yɛne Kristo wɔ kyɛfa wɔ mu, nanso gye sɛ yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanuonyam no. 18 Minim sɛ amane a yɛrehu no saa bere yi nyɛ nea wɔde toto anuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho. 19 Abɔde nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan. 20 Efisɛ bere a emfi abɔde pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔde fɔ sɛ ɛnnan ade hunu. Nanso na saa anidaso yi wɔ hɔ 21 sɛ, da bi, abɔde no bɛde ne ho afi nkoayɛ ne ɔporɔw mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadi mu anuonyam. 22 Yenim sɛ ebesi saa bere yi abɔde nyinaa pene sɛ ɔpemfo a awo aka no. 23 Nanso ɛnyɛ abɔde nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛde no nso si apini bere a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho wɔ ɔhonam fam nso. 24 Na wɔnam saa anidaso yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yehu nea yɛn ani da so no de a, na ɛnyɛ anidaso bio. Na hena na nʼani tumi da ade a ɔwɔ dedaw so? 25 Na sɛ yɛn ani da ade a yɛn nsa nkae so a, yɛde boasetɔ twɛn. 26 Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ, yennim ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae sɛnea ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisi de nsɛm a enni kabea di ma yɛn. 27 Onyankopɔn a ohu nnipa koma mu no nim Honhom no nsusuwii, efisɛ Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim. 28 Yenim sɛ ade nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ewie wɔn yiye. Edi boa wɔn a ɔnam nʼatirimpɔw so afrɛ wɔn. 29 Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dedaw no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. 30 Onyankopɔn frɛɛ wɔn a oyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a oyii wɔn no, obuu wɔn bem. Na wɔn a obuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn anuonyam nso. 31 Afei, asɛm bɛn; dɛn na yɛbɛka afa eyinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi? 32 Nea wankame nʼankasa ne Ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33 Hena na obebu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na obu bem. 34 Hena na obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na wonyan no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn wɔ Onyankopɔn anim no. 35 Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no ana? 36 Dabi da! Wɔakyerɛw se,“Wo nti wokum yɛn daa nyinaa;wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.” 37 Nanso eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38 Migye di ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi 39 anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

In Other Versions

Romans 8 in the ANGEFD

Romans 8 in the ANTPNG2D

Romans 8 in the AS21

Romans 8 in the BAGH

Romans 8 in the BBPNG

Romans 8 in the BBT1E

Romans 8 in the BDS

Romans 8 in the BEV

Romans 8 in the BHAD

Romans 8 in the BIB

Romans 8 in the BLPT

Romans 8 in the BNT

Romans 8 in the BNTABOOT

Romans 8 in the BNTLV

Romans 8 in the BOATCB

Romans 8 in the BOBCV

Romans 8 in the BOCNT

Romans 8 in the BOECS

Romans 8 in the BOGWICC

Romans 8 in the BOHCB

Romans 8 in the BOHCV

Romans 8 in the BOHLNT

Romans 8 in the BOHNTLTAL

Romans 8 in the BOICB

Romans 8 in the BOILNTAP

Romans 8 in the BOITCV

Romans 8 in the BOKCV

Romans 8 in the BOKCV2

Romans 8 in the BOKHWOG

Romans 8 in the BOKSSV

Romans 8 in the BOLCB

Romans 8 in the BOLCB2

Romans 8 in the BOMCV

Romans 8 in the BONAV

Romans 8 in the BONCB

Romans 8 in the BONLT

Romans 8 in the BONUT2

Romans 8 in the BOPLNT

Romans 8 in the BOSCB

Romans 8 in the BOSNC

Romans 8 in the BOTLNT

Romans 8 in the BOVCB

Romans 8 in the BOYCB

Romans 8 in the BPBB

Romans 8 in the BPH

Romans 8 in the BSB

Romans 8 in the CCB

Romans 8 in the CUV

Romans 8 in the CUVS

Romans 8 in the DBT

Romans 8 in the DGDNT

Romans 8 in the DHNT

Romans 8 in the DNT

Romans 8 in the ELBE

Romans 8 in the EMTV

Romans 8 in the ESV

Romans 8 in the FBV

Romans 8 in the FEB

Romans 8 in the GGMNT

Romans 8 in the GNT

Romans 8 in the HARY

Romans 8 in the HNT

Romans 8 in the IRVA

Romans 8 in the IRVB

Romans 8 in the IRVG

Romans 8 in the IRVH

Romans 8 in the IRVK

Romans 8 in the IRVM

Romans 8 in the IRVM2

Romans 8 in the IRVO

Romans 8 in the IRVP

Romans 8 in the IRVT

Romans 8 in the IRVT2

Romans 8 in the IRVU

Romans 8 in the ISVN

Romans 8 in the JSNT

Romans 8 in the KAPI

Romans 8 in the KBT1ETNIK

Romans 8 in the KBV

Romans 8 in the KJV

Romans 8 in the KNFD

Romans 8 in the LBA

Romans 8 in the LBLA

Romans 8 in the LNT

Romans 8 in the LSV

Romans 8 in the MAAL

Romans 8 in the MBV

Romans 8 in the MBV2

Romans 8 in the MHNT

Romans 8 in the MKNFD

Romans 8 in the MNG

Romans 8 in the MNT

Romans 8 in the MNT2

Romans 8 in the MRS1T

Romans 8 in the NAA

Romans 8 in the NASB

Romans 8 in the NBLA

Romans 8 in the NBS

Romans 8 in the NBVTP

Romans 8 in the NET2

Romans 8 in the NIV11

Romans 8 in the NNT

Romans 8 in the NNT2

Romans 8 in the NNT3

Romans 8 in the PDDPT

Romans 8 in the PFNT

Romans 8 in the RMNT

Romans 8 in the SBIAS

Romans 8 in the SBIBS

Romans 8 in the SBIBS2

Romans 8 in the SBICS

Romans 8 in the SBIDS

Romans 8 in the SBIGS

Romans 8 in the SBIHS

Romans 8 in the SBIIS

Romans 8 in the SBIIS2

Romans 8 in the SBIIS3

Romans 8 in the SBIKS

Romans 8 in the SBIKS2

Romans 8 in the SBIMS

Romans 8 in the SBIOS

Romans 8 in the SBIPS

Romans 8 in the SBISS

Romans 8 in the SBITS

Romans 8 in the SBITS2

Romans 8 in the SBITS3

Romans 8 in the SBITS4

Romans 8 in the SBIUS

Romans 8 in the SBIVS

Romans 8 in the SBT

Romans 8 in the SBT1E

Romans 8 in the SCHL

Romans 8 in the SNT

Romans 8 in the SUSU

Romans 8 in the SUSU2

Romans 8 in the SYNO

Romans 8 in the TBIAOTANT

Romans 8 in the TBT1E

Romans 8 in the TBT1E2

Romans 8 in the TFTIP

Romans 8 in the TFTU

Romans 8 in the TGNTATF3T

Romans 8 in the THAI

Romans 8 in the TNFD

Romans 8 in the TNT

Romans 8 in the TNTIK

Romans 8 in the TNTIL

Romans 8 in the TNTIN

Romans 8 in the TNTIP

Romans 8 in the TNTIZ

Romans 8 in the TOMA

Romans 8 in the TTENT

Romans 8 in the UBG

Romans 8 in the UGV

Romans 8 in the UGV2

Romans 8 in the UGV3

Romans 8 in the VBL

Romans 8 in the VDCC

Romans 8 in the YALU

Romans 8 in the YAPE

Romans 8 in the YBVTP

Romans 8 in the ZBP