1 Thessalonians 5 (BOATCB2)
1 Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw akyerɛ mo nna ne bere a saa nsɛm yi besisi. 2 Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo. 3 Bere a nnipa bɛka se, “Biribiara yɛ asomdwoe” no, saa bere no na adesɛe bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nguan. Ɛbɛyɛ te sɛ yaw a ɛba ɔpemfo a ɔrewo so no. 4 Nanso mo anuanom yi de, monte sum mu nti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfo. 5 Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyee mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. 6 Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforo no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. 7 Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa bow nsa. 8 Nanso yɛyɛ adekyee mma nti, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne yɛn nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw. 9 Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yemmehu amane wɔ nʼabufuw ano, na mmom oyii yɛn sɛ yebenya nkwagye wɔ Awurade Yesu Kristo mu. 10 Kristo wu maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛanyan oo, anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu. 11 Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi. 12 Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu ne nidi mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wonni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no. 13 Esiane adwuma a wɔyɛ no nti, mummu wɔn na monnɔ wɔn yiye. Montena ase asomdwoe mu. 14 Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ monkasa nkyerɛ anihawfo, monka wɔn a wɔnyɛ hyew no hyew; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw; montɔ mo bo ase mma wɔn nyinaa. 15 Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Bere biara momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara. 16 Momma mo ani nnye da biara 17 na bere biara nso, mommɔ mpae; 18 biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu. 19 Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ; 20 munnsi adiyisɛm atwetwe. 21 Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa nea eye. 22 Na munkyi bɔne biara. 23 Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm biara kosi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. 24 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ. 25 Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn. 26 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa. 27 Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu se monkenkan saa nhoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa. 28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
In Other Versions
1 Thessalonians 5 in the ANGEFD
1 Thessalonians 5 in the ANTPNG2D
1 Thessalonians 5 in the BBPNG
1 Thessalonians 5 in the BBT1E
1 Thessalonians 5 in the BNTABOOT
1 Thessalonians 5 in the BNTLV
1 Thessalonians 5 in the BOATCB
1 Thessalonians 5 in the BOBCV
1 Thessalonians 5 in the BOCNT
1 Thessalonians 5 in the BOECS
1 Thessalonians 5 in the BOGWICC
1 Thessalonians 5 in the BOHCB
1 Thessalonians 5 in the BOHCV
1 Thessalonians 5 in the BOHLNT
1 Thessalonians 5 in the BOHNTLTAL
1 Thessalonians 5 in the BOICB
1 Thessalonians 5 in the BOILNTAP
1 Thessalonians 5 in the BOITCV
1 Thessalonians 5 in the BOKCV
1 Thessalonians 5 in the BOKCV2
1 Thessalonians 5 in the BOKHWOG
1 Thessalonians 5 in the BOKSSV
1 Thessalonians 5 in the BOLCB
1 Thessalonians 5 in the BOLCB2
1 Thessalonians 5 in the BOMCV
1 Thessalonians 5 in the BONAV
1 Thessalonians 5 in the BONCB
1 Thessalonians 5 in the BONLT
1 Thessalonians 5 in the BONUT2
1 Thessalonians 5 in the BOPLNT
1 Thessalonians 5 in the BOSCB
1 Thessalonians 5 in the BOSNC
1 Thessalonians 5 in the BOTLNT
1 Thessalonians 5 in the BOVCB
1 Thessalonians 5 in the BOYCB
1 Thessalonians 5 in the DGDNT
1 Thessalonians 5 in the GGMNT
1 Thessalonians 5 in the IRVM2
1 Thessalonians 5 in the IRVT2
1 Thessalonians 5 in the KBT1ETNIK
1 Thessalonians 5 in the MKNFD
1 Thessalonians 5 in the MRS1T
1 Thessalonians 5 in the NBVTP
1 Thessalonians 5 in the NIV11
1 Thessalonians 5 in the PDDPT
1 Thessalonians 5 in the SBIAS
1 Thessalonians 5 in the SBIBS
1 Thessalonians 5 in the SBIBS2
1 Thessalonians 5 in the SBICS
1 Thessalonians 5 in the SBIDS
1 Thessalonians 5 in the SBIGS
1 Thessalonians 5 in the SBIHS
1 Thessalonians 5 in the SBIIS
1 Thessalonians 5 in the SBIIS2
1 Thessalonians 5 in the SBIIS3
1 Thessalonians 5 in the SBIKS
1 Thessalonians 5 in the SBIKS2
1 Thessalonians 5 in the SBIMS
1 Thessalonians 5 in the SBIOS
1 Thessalonians 5 in the SBIPS
1 Thessalonians 5 in the SBISS
1 Thessalonians 5 in the SBITS
1 Thessalonians 5 in the SBITS2
1 Thessalonians 5 in the SBITS3
1 Thessalonians 5 in the SBITS4
1 Thessalonians 5 in the SBIUS
1 Thessalonians 5 in the SBIVS
1 Thessalonians 5 in the SBT1E
1 Thessalonians 5 in the SUSU2
1 Thessalonians 5 in the TBIAOTANT
1 Thessalonians 5 in the TBT1E
1 Thessalonians 5 in the TBT1E2
1 Thessalonians 5 in the TFTIP
1 Thessalonians 5 in the TGNTATF3T
1 Thessalonians 5 in the TNTIK
1 Thessalonians 5 in the TNTIL
1 Thessalonians 5 in the TNTIN
1 Thessalonians 5 in the TNTIP
1 Thessalonians 5 in the TNTIZ
1 Thessalonians 5 in the TTENT