Acts 15 (BOATCB2)

1 Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi fi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no se, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no kyerɛ no a morennya nkwa.” 2 Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnye denneennen. Saa asɛm yi nti Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kohuu asomafo no ne mpanyimfo faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho. 3 Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufo gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Saa asɛm yi yɛɛ agyidifo no nyinaa anigye yiye. 4 Woduu Yerusalem no, asafo no asomafo ne mpanyimfo a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn. 5 Nanso Farisifo a wɔabɛyɛ agyidifo no hyɛe sɛ, ɛsɛ sɛ wotwa amanamanmufo a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wodi Mose mmara no so. 6 Asomafo no ne mpanyimfo no hyia dwenee asɛm yi ho. 7 Wodwinnwen ho wiee no, Petro sɔre kasae se, “Me nuanom, munim sɛ bere bi a atwam no, Onyankopɔn yii me fii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi. 8 Sɛnea Onyankopɔn a onim koma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufo nso ato mu. 9 Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidi so tew wɔn koma mu. 10 Adɛn nti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso yɛantumi ansoa no soa agyidifo no de sɔ Onyankopɔn hwɛ? 11 Nanso yegye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.” 12 Bere a Barnaba ne Paulo kaa anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufo no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no tee no, wɔyɛɛ dinn. 13 Wɔkasa wiei no, Yakobo kae se, “Anuanom, muntie me! 14 Mprempren ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn se Onyankopɔn yii amanamanmufo sɛ ne de. 15 Adiyifo no nsɛm a wɔkaa no ne eyi hyia, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se: 16 “ ‘Eyi akyi no, mɛsan abaabesi Dawid fi a abubu no.Mɛma nea adwiriw no so,na masan asi bio, 17 sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔaka no,ne amanamanmufo a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’ 18 Awurade a ɔdaa eyi adi bere bi a atwa mu no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.” 19 Yakobo toaa so se, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw amanamanmufo a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no. 20 Mmom, momma yɛnkyerɛw nhoma nkɔka nkyerɛ wɔn se, ɛnsɛ sɛ wodi aduan biara a wɔde ama abosom, efisɛ ɛho ntew; afei wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho na wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, wonnni mogya nso. 21 Efi tete na wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu wɔ Homeda biara, na wɔka ho nsɛm nso wɔ kurow biara mu.” 22 Asomafo ne mpanyimfo ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiae, yɛɛ adwene sɛ wobeyi nnipa bi afi kuw no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Woyii mmarima atitiriw baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas. 23 Nhoma a wɔde maa wɔn kɔe no mu nsɛm ni:Anuanom amanamanmufo a mote Antiokia, Siria ne Kilikia,Asomafo ne mpanyimfo ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyia mo. 24 Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmaa wɔn tumi fi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tan mo ani, haw mo adwene. 25 Eyi nti yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba 26 a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔre ama Awurade Yesu Kristo no. 27 Eyi nti, yɛresoma Yuda ne Silas ama wɔabɛkasa afoa asɛm a yɛrekyerɛw no so. 28 Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛde yi akyi no yɛmmfa adesoa foforo bi a emu yɛ duru nsoa mo; 29 munnni aduan a wɔde ama abosom; saa ara nso na munnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, montwe mo ho mfi aguamammɔ ho. Sɛ mutumi di saa ahyɛde yi so a, ebesi mo yiye.Yɛsan kyia mo. 30 Wogyaa nnipa no kwan ma wɔkɔɔ Antiokia. Woduu hɔ no, wohyiaa agyidifo no de nhoma no maa wɔn. 31 Agyidifo no kenkan nhoma no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyei. 32 Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifo no ne anuanom no kasa kyɛe, hyɛɛ wɔn nkuran. 33 Wodii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu ma wɔsan kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo. 34 Nanso Silas de, wankɔ bi. 35 Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi ma wɔkyerɛkyerɛe, kaa Awurade asɛm. 36 Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba se, “Ma yɛnsan nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkurow a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛnea wɔrekɔ so wɔ gyidi mu.” 37 Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ, 38 nanso Paulo ampene so, efisɛ wɔwɔ Pamfilia no ogyaw wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankosi awiei. 39 Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu tetewee. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro 40 na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa ma wofii hɔ kɔe. 41 Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

In Other Versions

Acts 15 in the ANGEFD

Acts 15 in the ANTPNG2D

Acts 15 in the AS21

Acts 15 in the BAGH

Acts 15 in the BBPNG

Acts 15 in the BBT1E

Acts 15 in the BDS

Acts 15 in the BEV

Acts 15 in the BHAD

Acts 15 in the BIB

Acts 15 in the BLPT

Acts 15 in the BNT

Acts 15 in the BNTABOOT

Acts 15 in the BNTLV

Acts 15 in the BOATCB

Acts 15 in the BOBCV

Acts 15 in the BOCNT

Acts 15 in the BOECS

Acts 15 in the BOGWICC

Acts 15 in the BOHCB

Acts 15 in the BOHCV

Acts 15 in the BOHLNT

Acts 15 in the BOHNTLTAL

Acts 15 in the BOICB

Acts 15 in the BOILNTAP

Acts 15 in the BOITCV

Acts 15 in the BOKCV

Acts 15 in the BOKCV2

Acts 15 in the BOKHWOG

Acts 15 in the BOKSSV

Acts 15 in the BOLCB

Acts 15 in the BOLCB2

Acts 15 in the BOMCV

Acts 15 in the BONAV

Acts 15 in the BONCB

Acts 15 in the BONLT

Acts 15 in the BONUT2

Acts 15 in the BOPLNT

Acts 15 in the BOSCB

Acts 15 in the BOSNC

Acts 15 in the BOTLNT

Acts 15 in the BOVCB

Acts 15 in the BOYCB

Acts 15 in the BPBB

Acts 15 in the BPH

Acts 15 in the BSB

Acts 15 in the CCB

Acts 15 in the CUV

Acts 15 in the CUVS

Acts 15 in the DBT

Acts 15 in the DGDNT

Acts 15 in the DHNT

Acts 15 in the DNT

Acts 15 in the ELBE

Acts 15 in the EMTV

Acts 15 in the ESV

Acts 15 in the FBV

Acts 15 in the FEB

Acts 15 in the GGMNT

Acts 15 in the GNT

Acts 15 in the HARY

Acts 15 in the HNT

Acts 15 in the IRVA

Acts 15 in the IRVB

Acts 15 in the IRVG

Acts 15 in the IRVH

Acts 15 in the IRVK

Acts 15 in the IRVM

Acts 15 in the IRVM2

Acts 15 in the IRVO

Acts 15 in the IRVP

Acts 15 in the IRVT

Acts 15 in the IRVT2

Acts 15 in the IRVU

Acts 15 in the ISVN

Acts 15 in the JSNT

Acts 15 in the KAPI

Acts 15 in the KBT1ETNIK

Acts 15 in the KBV

Acts 15 in the KJV

Acts 15 in the KNFD

Acts 15 in the LBA

Acts 15 in the LBLA

Acts 15 in the LNT

Acts 15 in the LSV

Acts 15 in the MAAL

Acts 15 in the MBV

Acts 15 in the MBV2

Acts 15 in the MHNT

Acts 15 in the MKNFD

Acts 15 in the MNG

Acts 15 in the MNT

Acts 15 in the MNT2

Acts 15 in the MRS1T

Acts 15 in the NAA

Acts 15 in the NASB

Acts 15 in the NBLA

Acts 15 in the NBS

Acts 15 in the NBVTP

Acts 15 in the NET2

Acts 15 in the NIV11

Acts 15 in the NNT

Acts 15 in the NNT2

Acts 15 in the NNT3

Acts 15 in the PDDPT

Acts 15 in the PFNT

Acts 15 in the RMNT

Acts 15 in the SBIAS

Acts 15 in the SBIBS

Acts 15 in the SBIBS2

Acts 15 in the SBICS

Acts 15 in the SBIDS

Acts 15 in the SBIGS

Acts 15 in the SBIHS

Acts 15 in the SBIIS

Acts 15 in the SBIIS2

Acts 15 in the SBIIS3

Acts 15 in the SBIKS

Acts 15 in the SBIKS2

Acts 15 in the SBIMS

Acts 15 in the SBIOS

Acts 15 in the SBIPS

Acts 15 in the SBISS

Acts 15 in the SBITS

Acts 15 in the SBITS2

Acts 15 in the SBITS3

Acts 15 in the SBITS4

Acts 15 in the SBIUS

Acts 15 in the SBIVS

Acts 15 in the SBT

Acts 15 in the SBT1E

Acts 15 in the SCHL

Acts 15 in the SNT

Acts 15 in the SUSU

Acts 15 in the SUSU2

Acts 15 in the SYNO

Acts 15 in the TBIAOTANT

Acts 15 in the TBT1E

Acts 15 in the TBT1E2

Acts 15 in the TFTIP

Acts 15 in the TFTU

Acts 15 in the TGNTATF3T

Acts 15 in the THAI

Acts 15 in the TNFD

Acts 15 in the TNT

Acts 15 in the TNTIK

Acts 15 in the TNTIL

Acts 15 in the TNTIN

Acts 15 in the TNTIP

Acts 15 in the TNTIZ

Acts 15 in the TOMA

Acts 15 in the TTENT

Acts 15 in the UBG

Acts 15 in the UGV

Acts 15 in the UGV2

Acts 15 in the UGV3

Acts 15 in the VBL

Acts 15 in the VDCC

Acts 15 in the YALU

Acts 15 in the YAPE

Acts 15 in the YBVTP

Acts 15 in the ZBP