Acts 22 (BOATCB2)

1 “Anuanom ne agyanom, muntie mʼanoyi yi.” 2 Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa.Paulo toaa so se, 3 “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi. 4 Metaa nnipa a wodi Awurade asɛm so no nyinaa kunkum wɔn. Mekyeree mmea ne mmarima de wɔn guu afiase. 5 Ɔsɔfopanyin ne agyinatufo no nyinaa di me adanse sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokware. Wɔn nkyɛn mpo na migyee tumi nhoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafo a wɔwɔ Damasko no. Saa nhoma no na anka megyina so makyekyere nnipa a wodi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso. 6 “Owigyinae a mereyɛ adu Damasko no, mpofirim na hann bi twa faa me ho. 7 Mitwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me se, ‘Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me?’ 8 “Mibisae se, ‘Ɛyɛ wo hena, Awurade?’“Nne no buaa me se, ‘Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no.’ 9 Nnipa a na wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. 10 “Mibisae se, ‘Dɛn na menyɛ, Awurade?’“Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na hɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’ 11 Hann no hyerɛn ano den no maa mʼani furae enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no susoo me nsa de me kɔɔ Damasko. 12 “Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a odi Mose mmara so a na Yudafo nyinaa di no ni no te Damasko hɔ. 13 Ɔbaa me nkyɛn bɛkae se, ‘Onua Saulo, hu ade bio!’ ” Na hɔ ara mʼani buei. 14 “Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛn nenanom Nyankopɔn ayi wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛde na woahu ɔtreneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo. 15 Wubedi adanse afa biribiara a woahu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa. 16 Afei, dɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’ 17 “Mesan kɔɔ Yerusalem na merebɔ mpae wɔ asɔredan mu no, 18 mihuu Awurade wɔ anisoadehu mu na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ ntɛm fi Yerusalem ha, efisɛ nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanse a wudi fa me ho no.’ 19 “Mekae se, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafo boroo wɔn. 20 Saa ara na bere a wokum wo dansefo Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifo no ntama so.’ 21 “Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Sɔre na kɔ, efisɛ mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufo nkyɛn!’ ” 22 Bere a Paulo kae se wɔasoma no amanamanmufo nkyɛn pɛ na dɔm no fii ase teɛteɛɛ mu dennen se, “Munkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena wiase!” 23 Nnipa no kɔɔ so teɛteɛɛ mu, hugyaa wɔn ntama saw mfutuma tow petee wim. 24 Roma sahene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu nkɔbɔ no mmaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nea enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wotie nʼasɛm no. 25 Bere a wɔkyekyeree no wiee a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panyin a na ogyina hɔ no se, “Mowɔ ho kwan sɛ mobɔ Romani a wonnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa ana?” 26 Bere a ɔsraani panyin no tee saa asɛm no, ɔkɔɔ ɔsahene no nkyɛn kobisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!” 27 Afei ɔsahene no kɔɔ Paulo nkyɛn kobisaa no se, “Woyɛ Romani ana?”Paulo buaa no se, “Yiw meyɛ Romani.” 28 Ɔsahene no kae se, “Mituaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma maniyɛ.”Paulo nso kae se, “Me de, wɔwoo me sɛ Romani.” 29 Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebebisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho fii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, osuroe sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn. 30 Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ohu nea enti a Yudafo no asɔre atia Paulo no nti, ade kyee no, ɔhyɛ ma woyii Paulo fii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfo mpanyin ne agyinatufo no nyinaa hyiae. Afei ɔde Paulo kɔɔ se wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.

In Other Versions

Acts 22 in the ANGEFD

Acts 22 in the ANTPNG2D

Acts 22 in the AS21

Acts 22 in the BAGH

Acts 22 in the BBPNG

Acts 22 in the BBT1E

Acts 22 in the BDS

Acts 22 in the BEV

Acts 22 in the BHAD

Acts 22 in the BIB

Acts 22 in the BLPT

Acts 22 in the BNT

Acts 22 in the BNTABOOT

Acts 22 in the BNTLV

Acts 22 in the BOATCB

Acts 22 in the BOBCV

Acts 22 in the BOCNT

Acts 22 in the BOECS

Acts 22 in the BOGWICC

Acts 22 in the BOHCB

Acts 22 in the BOHCV

Acts 22 in the BOHLNT

Acts 22 in the BOHNTLTAL

Acts 22 in the BOICB

Acts 22 in the BOILNTAP

Acts 22 in the BOITCV

Acts 22 in the BOKCV

Acts 22 in the BOKCV2

Acts 22 in the BOKHWOG

Acts 22 in the BOKSSV

Acts 22 in the BOLCB

Acts 22 in the BOLCB2

Acts 22 in the BOMCV

Acts 22 in the BONAV

Acts 22 in the BONCB

Acts 22 in the BONLT

Acts 22 in the BONUT2

Acts 22 in the BOPLNT

Acts 22 in the BOSCB

Acts 22 in the BOSNC

Acts 22 in the BOTLNT

Acts 22 in the BOVCB

Acts 22 in the BOYCB

Acts 22 in the BPBB

Acts 22 in the BPH

Acts 22 in the BSB

Acts 22 in the CCB

Acts 22 in the CUV

Acts 22 in the CUVS

Acts 22 in the DBT

Acts 22 in the DGDNT

Acts 22 in the DHNT

Acts 22 in the DNT

Acts 22 in the ELBE

Acts 22 in the EMTV

Acts 22 in the ESV

Acts 22 in the FBV

Acts 22 in the FEB

Acts 22 in the GGMNT

Acts 22 in the GNT

Acts 22 in the HARY

Acts 22 in the HNT

Acts 22 in the IRVA

Acts 22 in the IRVB

Acts 22 in the IRVG

Acts 22 in the IRVH

Acts 22 in the IRVK

Acts 22 in the IRVM

Acts 22 in the IRVM2

Acts 22 in the IRVO

Acts 22 in the IRVP

Acts 22 in the IRVT

Acts 22 in the IRVT2

Acts 22 in the IRVU

Acts 22 in the ISVN

Acts 22 in the JSNT

Acts 22 in the KAPI

Acts 22 in the KBT1ETNIK

Acts 22 in the KBV

Acts 22 in the KJV

Acts 22 in the KNFD

Acts 22 in the LBA

Acts 22 in the LBLA

Acts 22 in the LNT

Acts 22 in the LSV

Acts 22 in the MAAL

Acts 22 in the MBV

Acts 22 in the MBV2

Acts 22 in the MHNT

Acts 22 in the MKNFD

Acts 22 in the MNG

Acts 22 in the MNT

Acts 22 in the MNT2

Acts 22 in the MRS1T

Acts 22 in the NAA

Acts 22 in the NASB

Acts 22 in the NBLA

Acts 22 in the NBS

Acts 22 in the NBVTP

Acts 22 in the NET2

Acts 22 in the NIV11

Acts 22 in the NNT

Acts 22 in the NNT2

Acts 22 in the NNT3

Acts 22 in the PDDPT

Acts 22 in the PFNT

Acts 22 in the RMNT

Acts 22 in the SBIAS

Acts 22 in the SBIBS

Acts 22 in the SBIBS2

Acts 22 in the SBICS

Acts 22 in the SBIDS

Acts 22 in the SBIGS

Acts 22 in the SBIHS

Acts 22 in the SBIIS

Acts 22 in the SBIIS2

Acts 22 in the SBIIS3

Acts 22 in the SBIKS

Acts 22 in the SBIKS2

Acts 22 in the SBIMS

Acts 22 in the SBIOS

Acts 22 in the SBIPS

Acts 22 in the SBISS

Acts 22 in the SBITS

Acts 22 in the SBITS2

Acts 22 in the SBITS3

Acts 22 in the SBITS4

Acts 22 in the SBIUS

Acts 22 in the SBIVS

Acts 22 in the SBT

Acts 22 in the SBT1E

Acts 22 in the SCHL

Acts 22 in the SNT

Acts 22 in the SUSU

Acts 22 in the SUSU2

Acts 22 in the SYNO

Acts 22 in the TBIAOTANT

Acts 22 in the TBT1E

Acts 22 in the TBT1E2

Acts 22 in the TFTIP

Acts 22 in the TFTU

Acts 22 in the TGNTATF3T

Acts 22 in the THAI

Acts 22 in the TNFD

Acts 22 in the TNT

Acts 22 in the TNTIK

Acts 22 in the TNTIL

Acts 22 in the TNTIN

Acts 22 in the TNTIP

Acts 22 in the TNTIZ

Acts 22 in the TOMA

Acts 22 in the TTENT

Acts 22 in the UBG

Acts 22 in the UGV

Acts 22 in the UGV2

Acts 22 in the UGV3

Acts 22 in the VBL

Acts 22 in the VDCC

Acts 22 in the YALU

Acts 22 in the YAPE

Acts 22 in the YBVTP

Acts 22 in the ZBP