Acts 28 (BOATCB2)

1 Yeduu mpoano hɔ no, ankyɛ na yehuu sɛ yɛwɔ supɔw Malta so. 2 Supɔw no sofo no gyee yɛn fɛw so. Esiane sɛ na osu atɔ ama awɔw aba nti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoe. 3 Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyew aka no no bebaree ne nsa ho. 4 Supɔw no sofo no huu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkae se, “Saa onipa yi yɛ owudifo a wanya ne ti adidi mu wɔ po akwanhyia mu, nanso esiane ne bɔne nti owu ara na etwa sɛ owu.” 5 Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no. 6 Na nkurɔfo no nyinaa susuw sɛ Paulo bɛhonhon anaasɛ obetwa ahwe awu. Nanso wɔtwɛn ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae se, “Ɔyɛ onyame bi.” 7 Na ɔpanyin a ɔhwɛ supɔw no so a wɔfrɛ no Publio no fi bɛn mpoano hɔ; ogyee yɛn fɛw so som yɛn hɔho nnansa. 8 Saa bere no ara na Publio agya yare atiridii ne konkoruwa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu no so, bɔɔ mpae maa ne ho yɛɛ no den. 9 Nea Paulo yɛe no maa ayarefo a wɔwɔ supɔw no so no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔsaa wɔn yare. 10 Wɔmaa yɛn akyɛde bebree. Yɛrebefi hɔ akɔ no nso wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no beguu hyɛn no mu maa yɛn. 11 Yedii asram abiɛsa wɔ supɔw no so ansa na yenyaa hyɛn bi a efi Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnne yɛ eti abien a egyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa hyɛn no abedi awɔwbere no wɔ supɔw no so. 12 Yeduu Sidarakusa no, yedii nnansa wɔ hɔ. 13 Yefi hɔ toaa so koduu Regio. Ade kyee no, mframa bi bɔ fii anafo fam ma nnaanu akyi no yekoduu Puteoli. 14 Ɛha na yehyiaa agyidifo bi a wɔsrɛɛ yɛn se yɛntena wɔn nkyɛn nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so koduu Roma. 15 Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom behyiaa yɛn kwan wɔ aguabɔbea a ɛwɔ Apia kwan no so na afoforo nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Abiɛsa no. Bere a Paulo huu wɔn no, ne ho san no na ɔdaa Onyankopɔn ase. 16 Yeduu Roma no, wɔmaa Paulo ho kwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nwɛn no. 17 Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafo mpanyin ne wɔn hyiae. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, ɛwɔ mu sɛ manyɛ bɔne biara antia yɛn man ne yɛn amanne a yɛn agyanom de gyaw sɛ yɛn no de, nanso wɔkyeree me sɛ odeduani wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa. 18 Wobisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wogyaa me, efisɛ wɔannya afɔbude bi wɔ me ho a ɛno nti ɛsɛ sɛ wogyina so kum me. 19 Nanso bere a Yudafo kasatia gyae a wɔpɛ sɛ wogyaa me no, mihuu sɛ ɛsɛ sɛ miguan toa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfo ho adwemmɔne a mewɔ nti na meyɛɛ saa. 20 Eyi nti na mepɛɛ sɛ mihu mo na me ne mo kasa no; na onipa a Israelfo ani da no so no nti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.” 21 Wobuaa Paulo se, “Yennyaa nhoma biara a efi Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfii anuanom a wofi hɔ ba ha no nso nkyɛn. 22 Nanso yɛpɛ sɛ yehu wʼadwene, efisɛ yenim sɛ nnipa kasa tia Kristofo a wo nso woka wɔn ho no wɔ baabiara.” 23 Wɔhyɛɛ da bi sɛ wobehyia Paulo. Saa da no dui no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifo no kae no so kaa Yesu ho asɛm fi anɔpa kosii anadwo kyerɛɛ wɔn pɛɛ sɛ ɔdan wɔn adwene. 24 Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkae no dii na bi nso annye anni. 25 Bere a wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye no, wofii hɔ kɔe. Na asɛm a etwa to a Paulo kae ne sɛ, “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom se, 26 “Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafo se,‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase.Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu,’ 27 efisɛ nnipa yi apirim wɔn koma;moasisiw mo aso, akatakata mo ani.Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade,na mo koma ate asɛm ase,na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.” 28 Paulo kae se, “Ɛsɛ sɛ muhu sɛ Onyankopɔn nkwagye no adu amanamanmufo no nkyɛn. Wobetie!” 29 Paulo kaa saa asɛm yi wiei no, Yudafo no fii hɔ kɔe a na wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye denneennen. 30 Paulo tenaa hɔ mfe abien, a na ɔte ofi a ɔno ankasa tua ho ka mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. 31 Na ɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.

In Other Versions

Acts 28 in the ANGEFD

Acts 28 in the ANTPNG2D

Acts 28 in the AS21

Acts 28 in the BAGH

Acts 28 in the BBPNG

Acts 28 in the BBT1E

Acts 28 in the BDS

Acts 28 in the BEV

Acts 28 in the BHAD

Acts 28 in the BIB

Acts 28 in the BLPT

Acts 28 in the BNT

Acts 28 in the BNTABOOT

Acts 28 in the BNTLV

Acts 28 in the BOATCB

Acts 28 in the BOBCV

Acts 28 in the BOCNT

Acts 28 in the BOECS

Acts 28 in the BOGWICC

Acts 28 in the BOHCB

Acts 28 in the BOHCV

Acts 28 in the BOHLNT

Acts 28 in the BOHNTLTAL

Acts 28 in the BOICB

Acts 28 in the BOILNTAP

Acts 28 in the BOITCV

Acts 28 in the BOKCV

Acts 28 in the BOKCV2

Acts 28 in the BOKHWOG

Acts 28 in the BOKSSV

Acts 28 in the BOLCB

Acts 28 in the BOLCB2

Acts 28 in the BOMCV

Acts 28 in the BONAV

Acts 28 in the BONCB

Acts 28 in the BONLT

Acts 28 in the BONUT2

Acts 28 in the BOPLNT

Acts 28 in the BOSCB

Acts 28 in the BOSNC

Acts 28 in the BOTLNT

Acts 28 in the BOVCB

Acts 28 in the BOYCB

Acts 28 in the BPBB

Acts 28 in the BPH

Acts 28 in the BSB

Acts 28 in the CCB

Acts 28 in the CUV

Acts 28 in the CUVS

Acts 28 in the DBT

Acts 28 in the DGDNT

Acts 28 in the DHNT

Acts 28 in the DNT

Acts 28 in the ELBE

Acts 28 in the EMTV

Acts 28 in the ESV

Acts 28 in the FBV

Acts 28 in the FEB

Acts 28 in the GGMNT

Acts 28 in the GNT

Acts 28 in the HARY

Acts 28 in the HNT

Acts 28 in the IRVA

Acts 28 in the IRVB

Acts 28 in the IRVG

Acts 28 in the IRVH

Acts 28 in the IRVK

Acts 28 in the IRVM

Acts 28 in the IRVM2

Acts 28 in the IRVO

Acts 28 in the IRVP

Acts 28 in the IRVT

Acts 28 in the IRVT2

Acts 28 in the IRVU

Acts 28 in the ISVN

Acts 28 in the JSNT

Acts 28 in the KAPI

Acts 28 in the KBT1ETNIK

Acts 28 in the KBV

Acts 28 in the KJV

Acts 28 in the KNFD

Acts 28 in the LBA

Acts 28 in the LBLA

Acts 28 in the LNT

Acts 28 in the LSV

Acts 28 in the MAAL

Acts 28 in the MBV

Acts 28 in the MBV2

Acts 28 in the MHNT

Acts 28 in the MKNFD

Acts 28 in the MNG

Acts 28 in the MNT

Acts 28 in the MNT2

Acts 28 in the MRS1T

Acts 28 in the NAA

Acts 28 in the NASB

Acts 28 in the NBLA

Acts 28 in the NBS

Acts 28 in the NBVTP

Acts 28 in the NET2

Acts 28 in the NIV11

Acts 28 in the NNT

Acts 28 in the NNT2

Acts 28 in the NNT3

Acts 28 in the PDDPT

Acts 28 in the PFNT

Acts 28 in the RMNT

Acts 28 in the SBIAS

Acts 28 in the SBIBS

Acts 28 in the SBIBS2

Acts 28 in the SBICS

Acts 28 in the SBIDS

Acts 28 in the SBIGS

Acts 28 in the SBIHS

Acts 28 in the SBIIS

Acts 28 in the SBIIS2

Acts 28 in the SBIIS3

Acts 28 in the SBIKS

Acts 28 in the SBIKS2

Acts 28 in the SBIMS

Acts 28 in the SBIOS

Acts 28 in the SBIPS

Acts 28 in the SBISS

Acts 28 in the SBITS

Acts 28 in the SBITS2

Acts 28 in the SBITS3

Acts 28 in the SBITS4

Acts 28 in the SBIUS

Acts 28 in the SBIVS

Acts 28 in the SBT

Acts 28 in the SBT1E

Acts 28 in the SCHL

Acts 28 in the SNT

Acts 28 in the SUSU

Acts 28 in the SUSU2

Acts 28 in the SYNO

Acts 28 in the TBIAOTANT

Acts 28 in the TBT1E

Acts 28 in the TBT1E2

Acts 28 in the TFTIP

Acts 28 in the TFTU

Acts 28 in the TGNTATF3T

Acts 28 in the THAI

Acts 28 in the TNFD

Acts 28 in the TNT

Acts 28 in the TNTIK

Acts 28 in the TNTIL

Acts 28 in the TNTIN

Acts 28 in the TNTIP

Acts 28 in the TNTIZ

Acts 28 in the TOMA

Acts 28 in the TTENT

Acts 28 in the UBG

Acts 28 in the UGV

Acts 28 in the UGV2

Acts 28 in the UGV3

Acts 28 in the VBL

Acts 28 in the VDCC

Acts 28 in the YALU

Acts 28 in the YAPE

Acts 28 in the YBVTP

Acts 28 in the ZBP