Acts 4 (BOATCB2)

1 Bere a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ awɛmfo a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifo baa wɔn nkyɛn. 2 Wɔn bo fuw yiye, efisɛ na saa asomafo yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afi owu mu a ɛkyerɛ sɛ awufo tumi nyan ba nkwa mu. 3 Wɔkyeree asomafo no, nanso esiane sɛ na ade asa nti, wɔde wɔn guu afiase kosii adekyee. 4 Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodow no ara bɛyɛ sɛ mpem anum gyee asɛm no dii. 5 Ade kyee no, Yudafo mpanyin, mpanyimfo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo hyiaa wɔ Yerusalem. 6 Wohyiaa Ɔsɔfopanyin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforo a wofi Ɔsɔfopanyin no abusua mu. 7 Wɔma wɔde asomafo baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn se, “Tumi bɛn anaa hena din na mode yɛɛ eyi?” 8 Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buae se, “Ɔman mpanyimfo ne atitiriw. 9 Sɛ nnɛ mugyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafo no maa ne ho tɔɔ no no a, 10 ɛno de ɛsɛ sɛ mo ne Israelfo nyinaa hu sɛ saa onipa a ogyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ofi Nasaret a mobɔɔ no asennua mu na Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.” 11 Yesu ne onipa a Kyerɛwsɛm ka fa ne ho se,“ ‘Ɔbo a mo adansifo poe no naabɛyɛ tweatibo.’ 12 Ɔno nko ara mu na nkwagye wɔ; efisɛ din biara nni wiase ha a nnipa nam so benya nkwagye.” 13 Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw sɛ Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasaa akokoduru so saa. Wohuu sɛ saa asomafo yi ne Yesu nantewee. 14 Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, efisɛ wohuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ. 15 Wɔma wofii asennii hɔ ma wodwinnwen asɛm no ho. 16 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwonwade a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. 17 Sɛnea ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛw nkɔ afoforo nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.” 18 Wɔfrɛɛ asomafo baanu yi bae, hyɛɛ wɔn sɛ wonni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu. 19 Petro ne Yohane buaa wɔn se, “Sɛ yebetie Onyankopɔn anaa yebetie mo no, emu nea ɛwɔ he na eye? Mo ara mummua mfa. 20 Nea yɛahu ne nea yɛate de, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.” 21 Agyinatufo no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaa wɔn, efisɛ wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho. 22 Na ɔbarima a wɔnam anwonwakwan so saa no yare no adi boro mfe aduanan. 23 Wogyaa Petro ne Yohane pɛ na wɔkɔɔ agyidifo a wɔaka no nkyɛn kɔkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no kae no kyerɛɛ wɔn. 24 Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpae se, “Owura, Ɔbɔade a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu, 25 wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nena Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so ma ɔkae se,“Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho,na nnipa no bɔ pɔw hunu yi? 26 Asase so ahemfo sɔre gyinana atumfo bɔ mu tu agyinatia Awuradene Agyenkwa no. 27 Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufo ne Israelfo hyiaa wɔ kurow kɛse yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfo Kronkron a woatew ne ho no. 28 Wohyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no. 29 Afei Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfo yi mfa akokoduru nka wʼasɛm yi. 30 Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo somfo Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.” 31 Wɔbɔɔ mpae wiee no, faako a wohyiaa hɔ wosowee. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wofii ase de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm. 32 Agyidifo no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa koro. Wɔn mu bi anka se nʼankasa ahode bi yɛ ɔno nko ara de; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ fae. 33 Asomafo no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔre no ho adanse na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa. 34 Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuw no mu, efisɛ wɔn a na wɔwɔ nsase ne afi no tontɔnee, de sika a wonya fii mu no 35 brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛɛ sɛnea ɛho hia obiara. 36 Yosef a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro a na asomafo no frɛ no Barnaba, a ne nkyerɛase ne “Nkuranhyɛ Ba” no, 37 tɔn nʼasase de sika a onyae no brɛɛ asomafo no.

In Other Versions

Acts 4 in the ANGEFD

Acts 4 in the ANTPNG2D

Acts 4 in the AS21

Acts 4 in the BAGH

Acts 4 in the BBPNG

Acts 4 in the BBT1E

Acts 4 in the BDS

Acts 4 in the BEV

Acts 4 in the BHAD

Acts 4 in the BIB

Acts 4 in the BLPT

Acts 4 in the BNT

Acts 4 in the BNTABOOT

Acts 4 in the BNTLV

Acts 4 in the BOATCB

Acts 4 in the BOBCV

Acts 4 in the BOCNT

Acts 4 in the BOECS

Acts 4 in the BOGWICC

Acts 4 in the BOHCB

Acts 4 in the BOHCV

Acts 4 in the BOHLNT

Acts 4 in the BOHNTLTAL

Acts 4 in the BOICB

Acts 4 in the BOILNTAP

Acts 4 in the BOITCV

Acts 4 in the BOKCV

Acts 4 in the BOKCV2

Acts 4 in the BOKHWOG

Acts 4 in the BOKSSV

Acts 4 in the BOLCB

Acts 4 in the BOLCB2

Acts 4 in the BOMCV

Acts 4 in the BONAV

Acts 4 in the BONCB

Acts 4 in the BONLT

Acts 4 in the BONUT2

Acts 4 in the BOPLNT

Acts 4 in the BOSCB

Acts 4 in the BOSNC

Acts 4 in the BOTLNT

Acts 4 in the BOVCB

Acts 4 in the BOYCB

Acts 4 in the BPBB

Acts 4 in the BPH

Acts 4 in the BSB

Acts 4 in the CCB

Acts 4 in the CUV

Acts 4 in the CUVS

Acts 4 in the DBT

Acts 4 in the DGDNT

Acts 4 in the DHNT

Acts 4 in the DNT

Acts 4 in the ELBE

Acts 4 in the EMTV

Acts 4 in the ESV

Acts 4 in the FBV

Acts 4 in the FEB

Acts 4 in the GGMNT

Acts 4 in the GNT

Acts 4 in the HARY

Acts 4 in the HNT

Acts 4 in the IRVA

Acts 4 in the IRVB

Acts 4 in the IRVG

Acts 4 in the IRVH

Acts 4 in the IRVK

Acts 4 in the IRVM

Acts 4 in the IRVM2

Acts 4 in the IRVO

Acts 4 in the IRVP

Acts 4 in the IRVT

Acts 4 in the IRVT2

Acts 4 in the IRVU

Acts 4 in the ISVN

Acts 4 in the JSNT

Acts 4 in the KAPI

Acts 4 in the KBT1ETNIK

Acts 4 in the KBV

Acts 4 in the KJV

Acts 4 in the KNFD

Acts 4 in the LBA

Acts 4 in the LBLA

Acts 4 in the LNT

Acts 4 in the LSV

Acts 4 in the MAAL

Acts 4 in the MBV

Acts 4 in the MBV2

Acts 4 in the MHNT

Acts 4 in the MKNFD

Acts 4 in the MNG

Acts 4 in the MNT

Acts 4 in the MNT2

Acts 4 in the MRS1T

Acts 4 in the NAA

Acts 4 in the NASB

Acts 4 in the NBLA

Acts 4 in the NBS

Acts 4 in the NBVTP

Acts 4 in the NET2

Acts 4 in the NIV11

Acts 4 in the NNT

Acts 4 in the NNT2

Acts 4 in the NNT3

Acts 4 in the PDDPT

Acts 4 in the PFNT

Acts 4 in the RMNT

Acts 4 in the SBIAS

Acts 4 in the SBIBS

Acts 4 in the SBIBS2

Acts 4 in the SBICS

Acts 4 in the SBIDS

Acts 4 in the SBIGS

Acts 4 in the SBIHS

Acts 4 in the SBIIS

Acts 4 in the SBIIS2

Acts 4 in the SBIIS3

Acts 4 in the SBIKS

Acts 4 in the SBIKS2

Acts 4 in the SBIMS

Acts 4 in the SBIOS

Acts 4 in the SBIPS

Acts 4 in the SBISS

Acts 4 in the SBITS

Acts 4 in the SBITS2

Acts 4 in the SBITS3

Acts 4 in the SBITS4

Acts 4 in the SBIUS

Acts 4 in the SBIVS

Acts 4 in the SBT

Acts 4 in the SBT1E

Acts 4 in the SCHL

Acts 4 in the SNT

Acts 4 in the SUSU

Acts 4 in the SUSU2

Acts 4 in the SYNO

Acts 4 in the TBIAOTANT

Acts 4 in the TBT1E

Acts 4 in the TBT1E2

Acts 4 in the TFTIP

Acts 4 in the TFTU

Acts 4 in the TGNTATF3T

Acts 4 in the THAI

Acts 4 in the TNFD

Acts 4 in the TNT

Acts 4 in the TNTIK

Acts 4 in the TNTIL

Acts 4 in the TNTIN

Acts 4 in the TNTIP

Acts 4 in the TNTIZ

Acts 4 in the TOMA

Acts 4 in the TTENT

Acts 4 in the UBG

Acts 4 in the UGV

Acts 4 in the UGV2

Acts 4 in the UGV3

Acts 4 in the VBL

Acts 4 in the VDCC

Acts 4 in the YALU

Acts 4 in the YAPE

Acts 4 in the YBVTP

Acts 4 in the ZBP