Ezekiel 12 (BOATCB2)
1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 2 “Onipa ba, wote nnipa a wɔtew atua mu. Wɔwɔ ani nanso wonhu ade, wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, efisɛ wɔyɛ nnipa atuatewfo. 3 “Enti onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyee mu a wɔrewɛn no, fi nea wowɔ, na kɔ beae foforo. Ebia wɔbɛte ase, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo. 4 Adekyee mu a wɔrewɛn no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummere a wɔrewɛn no, fi adi sɛnea wɔn a wotwa wɔn asu yɛ no. 5 Bere a wɔrewɛn no, tu ɔfasu no mu tokuru na yi wo nneɛma no fa mu. 6 Fa to wo mmati so, bere a wɔrewɛn, na afei anim biribiri a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛnea wunhu asase no, efisɛ mede wo ayɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi.” 7 Enti meyɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ me no. Adekyee mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no puei. Anwummere no, mede me nsa tuu tokuru wɔ ɔfasu no mu, na anim biribirii no, miyii me nneɛma no soaa wɔ me mmati so a wɔrehwɛ. 8 Adekyee no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 9 “Onipa ba, saa Israelfi atuatewfo no ammisa wo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ 10 “Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israelfi a wɔwɔ hɔ nyinaa ho. 11 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnne ma mo.’“Sɛnea mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wobetwa wɔn asu akɔ nnommum mu. 12 “Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne mmati so bere a anim rebiribiri na wafi hɔ, na wobetu tokuru wɔ ɔfasu no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛnea ɔrenhu faako a ɔrekɔ. 13 Mɛtrɛw mʼasau mu agu ne so na makyere no wɔ mʼafiri mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafo asase so, nanso ɔrenhu na hɔ na obewu. 14 Mɛhwete wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfo ne nʼasraafo nyinaa, na mede afoa ataa wɔn. 15 “Bere a mahwete wɔn akɔ amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wobehu sɛ me ne AWURADE no. 16 Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn ti adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne afoa ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwade ahorow no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wobehu sɛ me ne AWURADE no.” 17 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 18 “Onipa ba, sɛ woredidi a ma wo ho nwosow, na fa hu nom wo nsu. 19 Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so no se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so no ho: Wɔde ahopere bedidi na wɔde abasamtu anom nsu, efisɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, esiane wɔn a wɔtete so no akakabensɛm nti. 20 Wɔbɛsɛe nkurow a nnipa tete so no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene AWURADE no.’ ” 21 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 22 “Onipa ba, bɛ a mowɔ wɔ Israel a ese, ‘Nna no twa mu nanso Israel anisoadehu biara mma mu,’ yi ase ne dɛn? 23 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Merebɛma bɛ yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nna a anisoadehu biara bɛba mu no abɛn. 24 Na atoro anisoadehu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfo mu no to betwa. 25 Nanso me AWURADE, mɛka nea ɛsɛ sɛ meka na ɛrenkyɛ na ɛbɛba mu. Na mo atuatewfo, mo bere so na mɛma nea maka biara no aba mu. Sɛɛ na Otumfo AWURADE se.’ ” 26 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 27 “Onipa ba, Israelfi reka se, ‘Anisoade a ohu no bɛba mu mfe bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’ 28 “Ɛno nti ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Merentwe me nsɛm nkɔ kyi bio, nea meka biara bɛba mu, Otumfo AWURADE na ose.’ ”
In Other Versions
Ezekiel 12 in the ANGEFD
Ezekiel 12 in the ANTPNG2D
Ezekiel 12 in the AS21
Ezekiel 12 in the BAGH
Ezekiel 12 in the BBPNG
Ezekiel 12 in the BBT1E
Ezekiel 12 in the BDS
Ezekiel 12 in the BEV
Ezekiel 12 in the BHAD
Ezekiel 12 in the BIB
Ezekiel 12 in the BLPT
Ezekiel 12 in the BNT
Ezekiel 12 in the BNTABOOT
Ezekiel 12 in the BNTLV
Ezekiel 12 in the BOATCB
Ezekiel 12 in the BOBCV
Ezekiel 12 in the BOCNT
Ezekiel 12 in the BOECS
Ezekiel 12 in the BOGWICC
Ezekiel 12 in the BOHCB
Ezekiel 12 in the BOHCV
Ezekiel 12 in the BOHLNT
Ezekiel 12 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 12 in the BOICB
Ezekiel 12 in the BOILNTAP
Ezekiel 12 in the BOITCV
Ezekiel 12 in the BOKCV
Ezekiel 12 in the BOKCV2
Ezekiel 12 in the BOKHWOG
Ezekiel 12 in the BOKSSV
Ezekiel 12 in the BOLCB
Ezekiel 12 in the BOLCB2
Ezekiel 12 in the BOMCV
Ezekiel 12 in the BONAV
Ezekiel 12 in the BONCB
Ezekiel 12 in the BONLT
Ezekiel 12 in the BONUT2
Ezekiel 12 in the BOPLNT
Ezekiel 12 in the BOSCB
Ezekiel 12 in the BOSNC
Ezekiel 12 in the BOTLNT
Ezekiel 12 in the BOVCB
Ezekiel 12 in the BOYCB
Ezekiel 12 in the BPBB
Ezekiel 12 in the BPH
Ezekiel 12 in the BSB
Ezekiel 12 in the CCB
Ezekiel 12 in the CUV
Ezekiel 12 in the CUVS
Ezekiel 12 in the DBT
Ezekiel 12 in the DGDNT
Ezekiel 12 in the DHNT
Ezekiel 12 in the DNT
Ezekiel 12 in the ELBE
Ezekiel 12 in the EMTV
Ezekiel 12 in the ESV
Ezekiel 12 in the FBV
Ezekiel 12 in the FEB
Ezekiel 12 in the GGMNT
Ezekiel 12 in the GNT
Ezekiel 12 in the HARY
Ezekiel 12 in the HNT
Ezekiel 12 in the IRVA
Ezekiel 12 in the IRVB
Ezekiel 12 in the IRVG
Ezekiel 12 in the IRVH
Ezekiel 12 in the IRVK
Ezekiel 12 in the IRVM
Ezekiel 12 in the IRVM2
Ezekiel 12 in the IRVO
Ezekiel 12 in the IRVP
Ezekiel 12 in the IRVT
Ezekiel 12 in the IRVT2
Ezekiel 12 in the IRVU
Ezekiel 12 in the ISVN
Ezekiel 12 in the JSNT
Ezekiel 12 in the KAPI
Ezekiel 12 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 12 in the KBV
Ezekiel 12 in the KJV
Ezekiel 12 in the KNFD
Ezekiel 12 in the LBA
Ezekiel 12 in the LBLA
Ezekiel 12 in the LNT
Ezekiel 12 in the LSV
Ezekiel 12 in the MAAL
Ezekiel 12 in the MBV
Ezekiel 12 in the MBV2
Ezekiel 12 in the MHNT
Ezekiel 12 in the MKNFD
Ezekiel 12 in the MNG
Ezekiel 12 in the MNT
Ezekiel 12 in the MNT2
Ezekiel 12 in the MRS1T
Ezekiel 12 in the NAA
Ezekiel 12 in the NASB
Ezekiel 12 in the NBLA
Ezekiel 12 in the NBS
Ezekiel 12 in the NBVTP
Ezekiel 12 in the NET2
Ezekiel 12 in the NIV11
Ezekiel 12 in the NNT
Ezekiel 12 in the NNT2
Ezekiel 12 in the NNT3
Ezekiel 12 in the PDDPT
Ezekiel 12 in the PFNT
Ezekiel 12 in the RMNT
Ezekiel 12 in the SBIAS
Ezekiel 12 in the SBIBS
Ezekiel 12 in the SBIBS2
Ezekiel 12 in the SBICS
Ezekiel 12 in the SBIDS
Ezekiel 12 in the SBIGS
Ezekiel 12 in the SBIHS
Ezekiel 12 in the SBIIS
Ezekiel 12 in the SBIIS2
Ezekiel 12 in the SBIIS3
Ezekiel 12 in the SBIKS
Ezekiel 12 in the SBIKS2
Ezekiel 12 in the SBIMS
Ezekiel 12 in the SBIOS
Ezekiel 12 in the SBIPS
Ezekiel 12 in the SBISS
Ezekiel 12 in the SBITS
Ezekiel 12 in the SBITS2
Ezekiel 12 in the SBITS3
Ezekiel 12 in the SBITS4
Ezekiel 12 in the SBIUS
Ezekiel 12 in the SBIVS
Ezekiel 12 in the SBT
Ezekiel 12 in the SBT1E
Ezekiel 12 in the SCHL
Ezekiel 12 in the SNT
Ezekiel 12 in the SUSU
Ezekiel 12 in the SUSU2
Ezekiel 12 in the SYNO
Ezekiel 12 in the TBIAOTANT
Ezekiel 12 in the TBT1E
Ezekiel 12 in the TBT1E2
Ezekiel 12 in the TFTIP
Ezekiel 12 in the TFTU
Ezekiel 12 in the TGNTATF3T
Ezekiel 12 in the THAI
Ezekiel 12 in the TNFD
Ezekiel 12 in the TNT
Ezekiel 12 in the TNTIK
Ezekiel 12 in the TNTIL
Ezekiel 12 in the TNTIN
Ezekiel 12 in the TNTIP
Ezekiel 12 in the TNTIZ
Ezekiel 12 in the TOMA
Ezekiel 12 in the TTENT
Ezekiel 12 in the UBG
Ezekiel 12 in the UGV
Ezekiel 12 in the UGV2
Ezekiel 12 in the UGV3
Ezekiel 12 in the VBL
Ezekiel 12 in the VDCC
Ezekiel 12 in the YALU
Ezekiel 12 in the YAPE
Ezekiel 12 in the YBVTP
Ezekiel 12 in the ZBP