Genesis 34 (BOATCB2)

1 Da koro bi, Lea ne Yakob ba Dina fii adi kɔsraa mmabaa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no. 2 Bere a Hewifohene Hamor babarima Sekem huu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no mmonnaa. 3 Efi saa bere no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no. 4 Ɛno nti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor se, “Mepɛ sɛ meware ababaa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!” 5 Bere a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babea Dina akɔto no mmonnaa no, na ne mmabarima no nyinaa ne wɔn agya anantwi wɔ wuram. Enti Yakob anka hwee kosii sɛ wɔbae. 6 Sekem nʼagya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kodii nkɔmmɔ. 7 Yakob mmabarima no tee wɔn nuabea Dina ho asɛm no pɛ, wofii wuram hɔ bae. Wɔn werɛ howee na wɔn bo nso fuw yiye, efisɛ Sekem ayɛ aniwude wɔ Israel. Ɔne Yakob babea dae, na eyi yɛ akyiwade. 8 Nanso Hamor ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no na ɔnware no. 9 Mo ne yenni aware. Momfa mo mmabea mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmabea mma mo aware. 10 Mubetumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni gua wɔ so, mpɛ mu agyapade.” 11 Na Sekem ka kyerɛɛ Dina nʼagya ne ne nuabarimanom no se “Munnye me nto mu. Biribiara a mubegye me no, metua. 12 Ɔbea no ti ade ne biribiara a mubegye aka ho no, mommɔ bo biara a mopɛ, na metua. Nea ehia me ara ne sɛ, mode ababaa no bɛma me aware.” 13 Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabea Dina ho fi no nti, mmuae a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokware. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforo bi wɔ akyi. 14 Yakob mmabarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor se, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabea mma ɔbarima a ontwaa twetia aware. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase. 15 Ansa na yɛde yɛn nuabea bɛma wo aware no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn. 16 Sɛ moyɛ saa de a, yɛne mo bedi aware. Mobɛware yɛn mmea, na yɛn nso, yɛaware mo mmea. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako. 17 Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia de a, yebegye yɛn nuabea de no akɔ.” 18 Asɛm a wɔkae no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom. 19 Sekem a na ɔyɛ aberante a odi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Okotwaa twetia no, sɛnea Yakob mma no kae no, efisɛ na ɔpɛ Yakob babea no yiye. 20 Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ gua wɔ kurow no pon ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasae se, 21 “Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yiye. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yenni gua. Efisɛ yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsen so. Yebetumi aware wɔn mmabea, na wɔn nso betumi aware yɛn de. 22 Nanso ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa koro no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛnea wɔn nso wɔatwitwa twetia no. 23 Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapade ne wɔn mmoa ahorow a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn de ana? Enti momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.” 24 Mmarima a wokohyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kurow no pon ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia. 25 Nnansa akyi a na twetiatwa no nti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wogye wɔn ho a ennye no, Yakob mmabarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuabarimanom no faa wɔn mpeaw. Wɔkɔtow hyɛɛ kurow no so bere a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkum mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa. 26 Wɔde peaw kum Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabea Dina fii Sekem fi de no kɔɔ wɔn nkyɛn. 27 Yakob mmabarima a wɔaka no nso tow hyɛɛ kurow no so. Wotiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kurow no mu nneɛma nyinaa pasaa, efisɛ ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabea Dina ho fi. 28 Wɔfom wɔn mmoa, wɔn anantwi, wɔn nguan, wɔn mfurum ne wɔn agyapade biara a ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ wuram nyinaa. 29 Wɔfaa wɔn ahode, wɔn yerenom ne wɔn mmea, fom wɔn afi mu nneɛma nyinaa. 30 Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi se, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama nnɛ me ho koraa abɔn Perisifo ne Kanaanfo a mete wɔn asase so yi. Yɛnnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bo mu bɛtow hyɛ yɛn so a, wɔbɛhyew me ne mʼasefo nyinaa.” 31 Na wobuaa wɔn agya se, “Enti anka yɛntena hɔ nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo ana?”

In Other Versions

Genesis 34 in the ANGEFD

Genesis 34 in the ANTPNG2D

Genesis 34 in the AS21

Genesis 34 in the BAGH

Genesis 34 in the BBPNG

Genesis 34 in the BBT1E

Genesis 34 in the BDS

Genesis 34 in the BEV

Genesis 34 in the BHAD

Genesis 34 in the BIB

Genesis 34 in the BLPT

Genesis 34 in the BNT

Genesis 34 in the BNTABOOT

Genesis 34 in the BNTLV

Genesis 34 in the BOATCB

Genesis 34 in the BOBCV

Genesis 34 in the BOCNT

Genesis 34 in the BOECS

Genesis 34 in the BOGWICC

Genesis 34 in the BOHCB

Genesis 34 in the BOHCV

Genesis 34 in the BOHLNT

Genesis 34 in the BOHNTLTAL

Genesis 34 in the BOICB

Genesis 34 in the BOILNTAP

Genesis 34 in the BOITCV

Genesis 34 in the BOKCV

Genesis 34 in the BOKCV2

Genesis 34 in the BOKHWOG

Genesis 34 in the BOKSSV

Genesis 34 in the BOLCB

Genesis 34 in the BOLCB2

Genesis 34 in the BOMCV

Genesis 34 in the BONAV

Genesis 34 in the BONCB

Genesis 34 in the BONLT

Genesis 34 in the BONUT2

Genesis 34 in the BOPLNT

Genesis 34 in the BOSCB

Genesis 34 in the BOSNC

Genesis 34 in the BOTLNT

Genesis 34 in the BOVCB

Genesis 34 in the BOYCB

Genesis 34 in the BPBB

Genesis 34 in the BPH

Genesis 34 in the BSB

Genesis 34 in the CCB

Genesis 34 in the CUV

Genesis 34 in the CUVS

Genesis 34 in the DBT

Genesis 34 in the DGDNT

Genesis 34 in the DHNT

Genesis 34 in the DNT

Genesis 34 in the ELBE

Genesis 34 in the EMTV

Genesis 34 in the ESV

Genesis 34 in the FBV

Genesis 34 in the FEB

Genesis 34 in the GGMNT

Genesis 34 in the GNT

Genesis 34 in the HARY

Genesis 34 in the HNT

Genesis 34 in the IRVA

Genesis 34 in the IRVB

Genesis 34 in the IRVG

Genesis 34 in the IRVH

Genesis 34 in the IRVK

Genesis 34 in the IRVM

Genesis 34 in the IRVM2

Genesis 34 in the IRVO

Genesis 34 in the IRVP

Genesis 34 in the IRVT

Genesis 34 in the IRVT2

Genesis 34 in the IRVU

Genesis 34 in the ISVN

Genesis 34 in the JSNT

Genesis 34 in the KAPI

Genesis 34 in the KBT1ETNIK

Genesis 34 in the KBV

Genesis 34 in the KJV

Genesis 34 in the KNFD

Genesis 34 in the LBA

Genesis 34 in the LBLA

Genesis 34 in the LNT

Genesis 34 in the LSV

Genesis 34 in the MAAL

Genesis 34 in the MBV

Genesis 34 in the MBV2

Genesis 34 in the MHNT

Genesis 34 in the MKNFD

Genesis 34 in the MNG

Genesis 34 in the MNT

Genesis 34 in the MNT2

Genesis 34 in the MRS1T

Genesis 34 in the NAA

Genesis 34 in the NASB

Genesis 34 in the NBLA

Genesis 34 in the NBS

Genesis 34 in the NBVTP

Genesis 34 in the NET2

Genesis 34 in the NIV11

Genesis 34 in the NNT

Genesis 34 in the NNT2

Genesis 34 in the NNT3

Genesis 34 in the PDDPT

Genesis 34 in the PFNT

Genesis 34 in the RMNT

Genesis 34 in the SBIAS

Genesis 34 in the SBIBS

Genesis 34 in the SBIBS2

Genesis 34 in the SBICS

Genesis 34 in the SBIDS

Genesis 34 in the SBIGS

Genesis 34 in the SBIHS

Genesis 34 in the SBIIS

Genesis 34 in the SBIIS2

Genesis 34 in the SBIIS3

Genesis 34 in the SBIKS

Genesis 34 in the SBIKS2

Genesis 34 in the SBIMS

Genesis 34 in the SBIOS

Genesis 34 in the SBIPS

Genesis 34 in the SBISS

Genesis 34 in the SBITS

Genesis 34 in the SBITS2

Genesis 34 in the SBITS3

Genesis 34 in the SBITS4

Genesis 34 in the SBIUS

Genesis 34 in the SBIVS

Genesis 34 in the SBT

Genesis 34 in the SBT1E

Genesis 34 in the SCHL

Genesis 34 in the SNT

Genesis 34 in the SUSU

Genesis 34 in the SUSU2

Genesis 34 in the SYNO

Genesis 34 in the TBIAOTANT

Genesis 34 in the TBT1E

Genesis 34 in the TBT1E2

Genesis 34 in the TFTIP

Genesis 34 in the TFTU

Genesis 34 in the TGNTATF3T

Genesis 34 in the THAI

Genesis 34 in the TNFD

Genesis 34 in the TNT

Genesis 34 in the TNTIK

Genesis 34 in the TNTIL

Genesis 34 in the TNTIN

Genesis 34 in the TNTIP

Genesis 34 in the TNTIZ

Genesis 34 in the TOMA

Genesis 34 in the TTENT

Genesis 34 in the UBG

Genesis 34 in the UGV

Genesis 34 in the UGV2

Genesis 34 in the UGV3

Genesis 34 in the VBL

Genesis 34 in the VDCC

Genesis 34 in the YALU

Genesis 34 in the YAPE

Genesis 34 in the YBVTP

Genesis 34 in the ZBP