Isaiah 14 (BOATCB2)
1 AWURADE behu Yakob mmɔbɔ;ɔbɛsan afa Israelna ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn ankasa asase so.Ananafo bɛba abɛka wɔn hona wɔne Yakobfi aka abɔ mu. 2 Amanaman bɛfa wɔnde wɔn aba wɔn ankasa atenae.Na Israelfi bɛfa amanaman no ayɛ wɔn desɛ nkoa ne mfenaa wɔ AWURADE asase so.Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfo no nnommumna wobedi wɔn sohwɛfo so. 3 Na da a AWURADE bɛma mo ɔhome afi amanehunu, ahoyeraw ne nkoasom dennen mu no, 4 mubedi Babiloniahene ho fɛw se:hwɛ sɛnea sohyɛfo no aba nʼawie!ne sɛnea nʼabufuw nso to atwa! 5 AWURADE abubu otirimɔdenfo no abaa mu,sodifo ahempema no, 6 nea abufuw mu no ɔde bobɔɔ wɔntoatoaa so hwehwee fam,na abufuwhyew mu otintim wɔn so a ahomegye nni mude brɛɛ amanaman no ase no. 7 Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoe mu;na wɔto dwom. 8 Mpo, ɔpepaw nnua ne Lebanon sidanya ho anigye na wɔka se,“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,duatwafo biara remmetwa yɛn.” 9 Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne hoabehyia wo kwan;ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhomsɛ wɔmmɛma wo akwaaba,wɔn a na wɔyɛ akannifo wɔ wiaseɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so,wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. 10 Wɔn nyinaa begye so,wɔbɛka akyerɛ wo se,“Wo nso woayɛ mmerɛw sɛ yɛn;woayɛ sɛ yɛn ara.” 11 Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba ɔda mu,ne huuyɛ a efi wo asanku no;wɔde nsaammoa asɛw kɛtɛ ama wona asunson akata wo so. 12 Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam,anɔpa nsoromma, adekyee babarima!Wɔato wo abɛhwe asase so,wo a na kan no wobrɛ amanaman ase! 13 Wokaa no wo koma mu se,“Mɛforo akɔ ɔsoro;mɛma mʼahengua soasi Onyankopɔn nsoromma atifi;mɛtena ase adi hene wɔ ahyiae bepɔw so,nea ɛkorɔn pa ara wɔ bepɔw kronkron no so. 14 Mɛforo atra omununkum atifi;mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.” 15 Nanso wɔde wo abɛto ɔda mu,amoa donkudonku ase tɔnn. 16 Wɔn a wuhu wo no hwɛ wo haw,wodwen nea ato wo no ho bisa se,“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosow asasena ɔmaa ahenni ho popoe, 17 ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam,nea ɔdan ne nkuropɔn butuwiina wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?” 18 Amanaman ahemfo no nyinaa wɔadeda wɔnobiara wɔ ne da mu. 19 Nanso wɔapam wo afi wo da mute sɛ dubaa a wɔapo;wɔde wɔn a wɔatotɔ akata wo so,wɔn a wɔtɔɔ wɔ afoa ano,wɔn a wosian kɔ abo amoa mu,te sɛ funu a wɔatiatia so, 20 Wɔrensie wo nka wɔn ho,efisɛ woasɛe wʼasasena wakunkum wo nkurɔfo. Otirimɔdenfo asefo nowɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade sɛ ɔhene. 21 Siesie faako a wobekunkum ne mmabarimawɔ wɔn agyanom bɔne nti;ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no sona wɔde wɔn nkuropɔn pete so. 22 “Mɛsɔre atia wɔn,”Sɛnea Asafo AWURADE se ni.“Metwa ne din ne ne nkae,ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,”sɛnea Asafo AWURADE se ni. 23 “Mɛdan no ayɛ faako a mpatu wɔne ɔwora;mede ɔsɛeprae bɛpra no,”sɛnea Asafo AWURADE se ni. 24 Asafo AWURADE aka ntam se,“Nokware, sɛnea mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,na sɛnea masusuw no, ɛrensesa. 25 Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;metiatia no so me mmepɔw so.Obeyi ne konnua afi me nkurɔfo so,na nʼadesoa nso afi wɔn so.” 26 Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase nyinaa;eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so. 27 Na sɛ Asafo AWURADE ayɛ nʼadwene a hena na obesiw no kwan?Na sɛ wateɛ ne nsa, hena na obesianka no? 28 Saa adehu yi baa afe a ɔhene Ahas wui no: 29 Munnni ahurusi, mo Filistifo,sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba,na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare na nʼano wɔ bɔre. 30 Ahiafo mu hiani benya didibea,na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu.Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase;ebekunkum wo nkae no. 31 Twa adwo, kurow pon! Su teɛ mu kuropɔn!munguan, mo Filistifo!Wusiw kumɔnn bi fi atifi fam reba,na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu. 32 Mmuae bɛn na wɔde bɛmasaa ɔman no ananmusifo?“AWURADE de Sion atim hɔ,ne mu na nʼamanehunufo benya guankɔbea.”
In Other Versions
Isaiah 14 in the ANGEFD
Isaiah 14 in the ANTPNG2D
Isaiah 14 in the AS21
Isaiah 14 in the BAGH
Isaiah 14 in the BBPNG
Isaiah 14 in the BBT1E
Isaiah 14 in the BDS
Isaiah 14 in the BEV
Isaiah 14 in the BHAD
Isaiah 14 in the BIB
Isaiah 14 in the BLPT
Isaiah 14 in the BNT
Isaiah 14 in the BNTABOOT
Isaiah 14 in the BNTLV
Isaiah 14 in the BOATCB
Isaiah 14 in the BOBCV
Isaiah 14 in the BOCNT
Isaiah 14 in the BOECS
Isaiah 14 in the BOGWICC
Isaiah 14 in the BOHCB
Isaiah 14 in the BOHCV
Isaiah 14 in the BOHLNT
Isaiah 14 in the BOHNTLTAL
Isaiah 14 in the BOICB
Isaiah 14 in the BOILNTAP
Isaiah 14 in the BOITCV
Isaiah 14 in the BOKCV
Isaiah 14 in the BOKCV2
Isaiah 14 in the BOKHWOG
Isaiah 14 in the BOKSSV
Isaiah 14 in the BOLCB
Isaiah 14 in the BOLCB2
Isaiah 14 in the BOMCV
Isaiah 14 in the BONAV
Isaiah 14 in the BONCB
Isaiah 14 in the BONLT
Isaiah 14 in the BONUT2
Isaiah 14 in the BOPLNT
Isaiah 14 in the BOSCB
Isaiah 14 in the BOSNC
Isaiah 14 in the BOTLNT
Isaiah 14 in the BOVCB
Isaiah 14 in the BOYCB
Isaiah 14 in the BPBB
Isaiah 14 in the BPH
Isaiah 14 in the BSB
Isaiah 14 in the CCB
Isaiah 14 in the CUV
Isaiah 14 in the CUVS
Isaiah 14 in the DBT
Isaiah 14 in the DGDNT
Isaiah 14 in the DHNT
Isaiah 14 in the DNT
Isaiah 14 in the ELBE
Isaiah 14 in the EMTV
Isaiah 14 in the ESV
Isaiah 14 in the FBV
Isaiah 14 in the FEB
Isaiah 14 in the GGMNT
Isaiah 14 in the GNT
Isaiah 14 in the HARY
Isaiah 14 in the HNT
Isaiah 14 in the IRVA
Isaiah 14 in the IRVB
Isaiah 14 in the IRVG
Isaiah 14 in the IRVH
Isaiah 14 in the IRVK
Isaiah 14 in the IRVM
Isaiah 14 in the IRVM2
Isaiah 14 in the IRVO
Isaiah 14 in the IRVP
Isaiah 14 in the IRVT
Isaiah 14 in the IRVT2
Isaiah 14 in the IRVU
Isaiah 14 in the ISVN
Isaiah 14 in the JSNT
Isaiah 14 in the KAPI
Isaiah 14 in the KBT1ETNIK
Isaiah 14 in the KBV
Isaiah 14 in the KJV
Isaiah 14 in the KNFD
Isaiah 14 in the LBA
Isaiah 14 in the LBLA
Isaiah 14 in the LNT
Isaiah 14 in the LSV
Isaiah 14 in the MAAL
Isaiah 14 in the MBV
Isaiah 14 in the MBV2
Isaiah 14 in the MHNT
Isaiah 14 in the MKNFD
Isaiah 14 in the MNG
Isaiah 14 in the MNT
Isaiah 14 in the MNT2
Isaiah 14 in the MRS1T
Isaiah 14 in the NAA
Isaiah 14 in the NASB
Isaiah 14 in the NBLA
Isaiah 14 in the NBS
Isaiah 14 in the NBVTP
Isaiah 14 in the NET2
Isaiah 14 in the NIV11
Isaiah 14 in the NNT
Isaiah 14 in the NNT2
Isaiah 14 in the NNT3
Isaiah 14 in the PDDPT
Isaiah 14 in the PFNT
Isaiah 14 in the RMNT
Isaiah 14 in the SBIAS
Isaiah 14 in the SBIBS
Isaiah 14 in the SBIBS2
Isaiah 14 in the SBICS
Isaiah 14 in the SBIDS
Isaiah 14 in the SBIGS
Isaiah 14 in the SBIHS
Isaiah 14 in the SBIIS
Isaiah 14 in the SBIIS2
Isaiah 14 in the SBIIS3
Isaiah 14 in the SBIKS
Isaiah 14 in the SBIKS2
Isaiah 14 in the SBIMS
Isaiah 14 in the SBIOS
Isaiah 14 in the SBIPS
Isaiah 14 in the SBISS
Isaiah 14 in the SBITS
Isaiah 14 in the SBITS2
Isaiah 14 in the SBITS3
Isaiah 14 in the SBITS4
Isaiah 14 in the SBIUS
Isaiah 14 in the SBIVS
Isaiah 14 in the SBT
Isaiah 14 in the SBT1E
Isaiah 14 in the SCHL
Isaiah 14 in the SNT
Isaiah 14 in the SUSU
Isaiah 14 in the SUSU2
Isaiah 14 in the SYNO
Isaiah 14 in the TBIAOTANT
Isaiah 14 in the TBT1E
Isaiah 14 in the TBT1E2
Isaiah 14 in the TFTIP
Isaiah 14 in the TFTU
Isaiah 14 in the TGNTATF3T
Isaiah 14 in the THAI
Isaiah 14 in the TNFD
Isaiah 14 in the TNT
Isaiah 14 in the TNTIK
Isaiah 14 in the TNTIL
Isaiah 14 in the TNTIN
Isaiah 14 in the TNTIP
Isaiah 14 in the TNTIZ
Isaiah 14 in the TOMA
Isaiah 14 in the TTENT
Isaiah 14 in the UBG
Isaiah 14 in the UGV
Isaiah 14 in the UGV2
Isaiah 14 in the UGV3
Isaiah 14 in the VBL
Isaiah 14 in the VDCC
Isaiah 14 in the YALU
Isaiah 14 in the YAPE
Isaiah 14 in the YBVTP
Isaiah 14 in the ZBP