Isaiah 40 (BOATCB2)
1 Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ.Saa na mo Nyankopɔn se. 2 Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,na mompae mu nka nkyerɛ no sene som dennen no aba awiei,wɔatua ne bɔne no so ka,na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔhoafi AWURADE nsam. 3 Nne bi reteɛ mu se,“Munsiesie ɔkwan mma AWURADEwɔ nweatam no so.Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no somma yɛn Nyankopɔn. 4 Obon biara bɛyɛ ma,bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam,asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa,na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw. 5 Na AWURADE anuonyam bɛda adi,na nnipa nyinaa behu.Efisɛ AWURADE na waka!” 6 Nne bi kae se, “Teɛ mu.”Na mekae se, “Menteɛ mu nka dɛn?” “Nnipa nyinaa te sɛ sare,na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ afuw so nhwiren. 7 Sare hyew, na nhwiren twintwamefisɛ AWURADE ahomegu fa wɔn so.Nokware, nnipa no yɛ sare. 8 Sare hyew, na nhwiren twintwam,nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.” 9 Wo a wode asɛm pa reba Sion,foro kɔ bepɔw tenten bi so.Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,ma wo nne so na teɛ mu,ma so, nsuro;ka kyerɛ Yuda nkurow se,“Mo Nyankopɔn ni!” 10 Hwɛ, Asafo AWURADE de tumi reba,na nʼabasa bedi hene ama no.Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,na ɔde nʼabasobɔde nam. 11 Ɔhwɛ ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo.Ɔboa nguantenmma no wɔ nʼabasa sooturu wɔn ne koko so;na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo. 12 Hena na wasusuw obon mu nsu wɔ ne nsamanaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro?Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu,anaa wakari mmepɔw wɔ nsania sone nkoko wɔ nsania apampaa so? 13 Hena na wate AWURADE ase,anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufo? 14 Hena na AWURADE abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase,na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no?Hena na ɔmaa no nimdeɛanaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan? 15 Ampa ara aman no te sɛ nsu sope wɔ bokiti mu;wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho;ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu. 16 Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya,na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde. 17 Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim;obu wɔn adehunu bia wɔnka hwee. 18 Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto? 19 Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ,na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu hona wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no. 20 Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma nokɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw.Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafona wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi hɔ. 21 Wunnim ana?Wontee ana?Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana?Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana? 22 Ɔte ahengua so wɔ asase dantaban no atifiɛso nnipa te sɛ tɛwtɛwɔtwe ɔsoro mu te sɛ bamkyinii,na ɔtrɛw mu sɛ ntamadan tena mu. 23 Ɔma ahemmea yɛ nnipahununa wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase. 24 Wɔtɛw wɔn ara pɛ,woduaa wɔn ara pɛ,wogyee ntin wɔ asase mu pɛ,na wahome agu wɔn so ama wɔakisa,na mframa abɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ. 25 “Hena ho na wode me bɛto?Anaasɛ hena na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ose. 26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,na ɔbɔ obiara din frɛ no.Nʼahoɔden ne ne tumi ntiwɔn mu baako mpo nyera. 27 Adɛn na wunwiinwii, Yakob,na woka se, Israel,“Mʼakwan ahintaw AWURADE;na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”? 28 Wunnim ana?Wontee ana? AWURADE yɛ daapem Nyankopɔn,na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo.Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw,na ne nhumu nni nhwehwɛmu. 29 Ɔma nea watɔ beraw ahoɔdennea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so. 30 Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw,na mmerante hintihintiw hwehwe ase; 31 Nanso, wɔn a wɔn ani da AWURADE sobenya ahoɔden foforo.Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim;wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.
In Other Versions
Isaiah 40 in the ANGEFD
Isaiah 40 in the ANTPNG2D
Isaiah 40 in the AS21
Isaiah 40 in the BAGH
Isaiah 40 in the BBPNG
Isaiah 40 in the BBT1E
Isaiah 40 in the BDS
Isaiah 40 in the BEV
Isaiah 40 in the BHAD
Isaiah 40 in the BIB
Isaiah 40 in the BLPT
Isaiah 40 in the BNT
Isaiah 40 in the BNTABOOT
Isaiah 40 in the BNTLV
Isaiah 40 in the BOATCB
Isaiah 40 in the BOBCV
Isaiah 40 in the BOCNT
Isaiah 40 in the BOECS
Isaiah 40 in the BOGWICC
Isaiah 40 in the BOHCB
Isaiah 40 in the BOHCV
Isaiah 40 in the BOHLNT
Isaiah 40 in the BOHNTLTAL
Isaiah 40 in the BOICB
Isaiah 40 in the BOILNTAP
Isaiah 40 in the BOITCV
Isaiah 40 in the BOKCV
Isaiah 40 in the BOKCV2
Isaiah 40 in the BOKHWOG
Isaiah 40 in the BOKSSV
Isaiah 40 in the BOLCB
Isaiah 40 in the BOLCB2
Isaiah 40 in the BOMCV
Isaiah 40 in the BONAV
Isaiah 40 in the BONCB
Isaiah 40 in the BONLT
Isaiah 40 in the BONUT2
Isaiah 40 in the BOPLNT
Isaiah 40 in the BOSCB
Isaiah 40 in the BOSNC
Isaiah 40 in the BOTLNT
Isaiah 40 in the BOVCB
Isaiah 40 in the BOYCB
Isaiah 40 in the BPBB
Isaiah 40 in the BPH
Isaiah 40 in the BSB
Isaiah 40 in the CCB
Isaiah 40 in the CUV
Isaiah 40 in the CUVS
Isaiah 40 in the DBT
Isaiah 40 in the DGDNT
Isaiah 40 in the DHNT
Isaiah 40 in the DNT
Isaiah 40 in the ELBE
Isaiah 40 in the EMTV
Isaiah 40 in the ESV
Isaiah 40 in the FBV
Isaiah 40 in the FEB
Isaiah 40 in the GGMNT
Isaiah 40 in the GNT
Isaiah 40 in the HARY
Isaiah 40 in the HNT
Isaiah 40 in the IRVA
Isaiah 40 in the IRVB
Isaiah 40 in the IRVG
Isaiah 40 in the IRVH
Isaiah 40 in the IRVK
Isaiah 40 in the IRVM
Isaiah 40 in the IRVM2
Isaiah 40 in the IRVO
Isaiah 40 in the IRVP
Isaiah 40 in the IRVT
Isaiah 40 in the IRVT2
Isaiah 40 in the IRVU
Isaiah 40 in the ISVN
Isaiah 40 in the JSNT
Isaiah 40 in the KAPI
Isaiah 40 in the KBT1ETNIK
Isaiah 40 in the KBV
Isaiah 40 in the KJV
Isaiah 40 in the KNFD
Isaiah 40 in the LBA
Isaiah 40 in the LBLA
Isaiah 40 in the LNT
Isaiah 40 in the LSV
Isaiah 40 in the MAAL
Isaiah 40 in the MBV
Isaiah 40 in the MBV2
Isaiah 40 in the MHNT
Isaiah 40 in the MKNFD
Isaiah 40 in the MNG
Isaiah 40 in the MNT
Isaiah 40 in the MNT2
Isaiah 40 in the MRS1T
Isaiah 40 in the NAA
Isaiah 40 in the NASB
Isaiah 40 in the NBLA
Isaiah 40 in the NBS
Isaiah 40 in the NBVTP
Isaiah 40 in the NET2
Isaiah 40 in the NIV11
Isaiah 40 in the NNT
Isaiah 40 in the NNT2
Isaiah 40 in the NNT3
Isaiah 40 in the PDDPT
Isaiah 40 in the PFNT
Isaiah 40 in the RMNT
Isaiah 40 in the SBIAS
Isaiah 40 in the SBIBS
Isaiah 40 in the SBIBS2
Isaiah 40 in the SBICS
Isaiah 40 in the SBIDS
Isaiah 40 in the SBIGS
Isaiah 40 in the SBIHS
Isaiah 40 in the SBIIS
Isaiah 40 in the SBIIS2
Isaiah 40 in the SBIIS3
Isaiah 40 in the SBIKS
Isaiah 40 in the SBIKS2
Isaiah 40 in the SBIMS
Isaiah 40 in the SBIOS
Isaiah 40 in the SBIPS
Isaiah 40 in the SBISS
Isaiah 40 in the SBITS
Isaiah 40 in the SBITS2
Isaiah 40 in the SBITS3
Isaiah 40 in the SBITS4
Isaiah 40 in the SBIUS
Isaiah 40 in the SBIVS
Isaiah 40 in the SBT
Isaiah 40 in the SBT1E
Isaiah 40 in the SCHL
Isaiah 40 in the SNT
Isaiah 40 in the SUSU
Isaiah 40 in the SUSU2
Isaiah 40 in the SYNO
Isaiah 40 in the TBIAOTANT
Isaiah 40 in the TBT1E
Isaiah 40 in the TBT1E2
Isaiah 40 in the TFTIP
Isaiah 40 in the TFTU
Isaiah 40 in the TGNTATF3T
Isaiah 40 in the THAI
Isaiah 40 in the TNFD
Isaiah 40 in the TNT
Isaiah 40 in the TNTIK
Isaiah 40 in the TNTIL
Isaiah 40 in the TNTIN
Isaiah 40 in the TNTIP
Isaiah 40 in the TNTIZ
Isaiah 40 in the TOMA
Isaiah 40 in the TTENT
Isaiah 40 in the UBG
Isaiah 40 in the UGV
Isaiah 40 in the UGV2
Isaiah 40 in the UGV3
Isaiah 40 in the VBL
Isaiah 40 in the VDCC
Isaiah 40 in the YALU
Isaiah 40 in the YAPE
Isaiah 40 in the YBVTP
Isaiah 40 in the ZBP