John 7 (BOATCB2)

1 Eyi akyi no Yesu kyinkyinii wɔ Galilea. Wampɛ sɛ obekyinkyin wɔ Yudea, efisɛ na Yudafo mpanyin no rehwehwɛ no akum no. 2 Bere a Yudafo Asese Afahyɛ no reyɛ adu no, 3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na wʼakyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛe no. 4 Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a ɔmmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.” 5 Na nʼankasa ne nuanom mpo nnye no nni. 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me bere nnuu ɛ, na mo de bere biara ye ma mo. 7 Mo de, nnipa tan mo a ɛnyɛ ye, nanso me de wɔtan me a ɛyɛ ye, efisɛ daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn. 8 Mo de, munni kan nkɔ afahyɛ no na me de, minnya nkɔɔ ɛ, efisɛ me bere nnuu ɛ.” 9 Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no ɔtenaa Galilea. 10 Yesu nuanom kɔɔ akyi no na ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wanna ne ho adi wɔ hɔ. 11 Yudafo mpanyin no hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?” 12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.”Na afoforo nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafo.” 13 Yudafo mpanyin no ho hu nti obiara antumi anyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ bagua mu. 14 Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe. 15 Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?” 16 Yesu buaa wɔn se, “Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu sɛ me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa. 18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu. 19 Mose amma mo mmara no ana? Nanso mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ mukum me?” 20 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?” 21 Yesu buaa wɔn se, “Anwonwade baako pɛ a mayɛ nti na mo ho adwiriw mo sɛɛ yi. 22 Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nenanom) nanso, mutwa twetia homeda. 23 Sɛ mutwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn nti na sɛ mesa obi yare homeda a, mo bo fuw me? 24 Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn.” 25 Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no ana? 26 Ɔno na ɔrekasa wɔ bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no? 27 Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.” 28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se, “Ɛwɔ mu sɛ munim me na munim faako nso a mifi bae, nanso ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae, na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, nanso munnim no; 29 na me de, minim no, efisɛ mifi ne nkyɛn na mebae na ɔno na ɔsomaa me.” 30 Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ. 31 Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no ana?” 32 Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa hyiadan awɛmfo bi se wɔnkɔkyere Yesu mmra. 33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, “Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. 34 Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.” 35 Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu akɔkyerɛkyerɛ wɔn? 36 Sɛ ɔka se, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ dɛn?” 37 Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu. 38 Na Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛsen afi ne mu.’ ” 39 Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wogyee no dii no nsa bɛka no ho. Saa bere no na onya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn ɛ, efisɛ na wonnya mmaa no so nkɔɔ ɔsoro nhyɛɛ no anuonyam ɛ. 40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara onipa yi ne odiyifo no!” 41 Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!”Ebinom nso bisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no befi Galilea? 42 Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?” 43 Yesu nti nnipa no mu kyekyɛe. 44 Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no nanso obiara amfa ne nsa anka no. 45 Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?” 46 Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.” 47 Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo ana? 48 Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi ana? 49 Dabi, ɛremma sa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.” 50 Saa bere no na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. 51 Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?” 52 Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea ana? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wubehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.” 53 Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara.

In Other Versions

John 7 in the ANGEFD

John 7 in the ANTPNG2D

John 7 in the AS21

John 7 in the BAGH

John 7 in the BBPNG

John 7 in the BBT1E

John 7 in the BDS

John 7 in the BEV

John 7 in the BHAD

John 7 in the BIB

John 7 in the BLPT

John 7 in the BNT

John 7 in the BNTABOOT

John 7 in the BNTLV

John 7 in the BOATCB

John 7 in the BOBCV

John 7 in the BOCNT

John 7 in the BOECS

John 7 in the BOGWICC

John 7 in the BOHCB

John 7 in the BOHCV

John 7 in the BOHLNT

John 7 in the BOHNTLTAL

John 7 in the BOICB

John 7 in the BOILNTAP

John 7 in the BOITCV

John 7 in the BOKCV

John 7 in the BOKCV2

John 7 in the BOKHWOG

John 7 in the BOKSSV

John 7 in the BOLCB

John 7 in the BOLCB2

John 7 in the BOMCV

John 7 in the BONAV

John 7 in the BONCB

John 7 in the BONLT

John 7 in the BONUT2

John 7 in the BOPLNT

John 7 in the BOSCB

John 7 in the BOSNC

John 7 in the BOTLNT

John 7 in the BOVCB

John 7 in the BOYCB

John 7 in the BPBB

John 7 in the BPH

John 7 in the BSB

John 7 in the CCB

John 7 in the CUV

John 7 in the CUVS

John 7 in the DBT

John 7 in the DGDNT

John 7 in the DHNT

John 7 in the DNT

John 7 in the ELBE

John 7 in the EMTV

John 7 in the ESV

John 7 in the FBV

John 7 in the FEB

John 7 in the GGMNT

John 7 in the GNT

John 7 in the HARY

John 7 in the HNT

John 7 in the IRVA

John 7 in the IRVB

John 7 in the IRVG

John 7 in the IRVH

John 7 in the IRVK

John 7 in the IRVM

John 7 in the IRVM2

John 7 in the IRVO

John 7 in the IRVP

John 7 in the IRVT

John 7 in the IRVT2

John 7 in the IRVU

John 7 in the ISVN

John 7 in the JSNT

John 7 in the KAPI

John 7 in the KBT1ETNIK

John 7 in the KBV

John 7 in the KJV

John 7 in the KNFD

John 7 in the LBA

John 7 in the LBLA

John 7 in the LNT

John 7 in the LSV

John 7 in the MAAL

John 7 in the MBV

John 7 in the MBV2

John 7 in the MHNT

John 7 in the MKNFD

John 7 in the MNG

John 7 in the MNT

John 7 in the MNT2

John 7 in the MRS1T

John 7 in the NAA

John 7 in the NASB

John 7 in the NBLA

John 7 in the NBS

John 7 in the NBVTP

John 7 in the NET2

John 7 in the NIV11

John 7 in the NNT

John 7 in the NNT2

John 7 in the NNT3

John 7 in the PDDPT

John 7 in the PFNT

John 7 in the RMNT

John 7 in the SBIAS

John 7 in the SBIBS

John 7 in the SBIBS2

John 7 in the SBICS

John 7 in the SBIDS

John 7 in the SBIGS

John 7 in the SBIHS

John 7 in the SBIIS

John 7 in the SBIIS2

John 7 in the SBIIS3

John 7 in the SBIKS

John 7 in the SBIKS2

John 7 in the SBIMS

John 7 in the SBIOS

John 7 in the SBIPS

John 7 in the SBISS

John 7 in the SBITS

John 7 in the SBITS2

John 7 in the SBITS3

John 7 in the SBITS4

John 7 in the SBIUS

John 7 in the SBIVS

John 7 in the SBT

John 7 in the SBT1E

John 7 in the SCHL

John 7 in the SNT

John 7 in the SUSU

John 7 in the SUSU2

John 7 in the SYNO

John 7 in the TBIAOTANT

John 7 in the TBT1E

John 7 in the TBT1E2

John 7 in the TFTIP

John 7 in the TFTU

John 7 in the TGNTATF3T

John 7 in the THAI

John 7 in the TNFD

John 7 in the TNT

John 7 in the TNTIK

John 7 in the TNTIL

John 7 in the TNTIN

John 7 in the TNTIP

John 7 in the TNTIZ

John 7 in the TOMA

John 7 in the TTENT

John 7 in the UBG

John 7 in the UGV

John 7 in the UGV2

John 7 in the UGV3

John 7 in the VBL

John 7 in the VDCC

John 7 in the YALU

John 7 in the YAPE

John 7 in the YBVTP

John 7 in the ZBP