Luke 19 (BOATCB2)

1 Da bi a na Yesu retwa mu wɔ Yeriko no, 2 ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso. 3 Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ohu no, nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no. 4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako. 5 Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena.” 6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so. 7 Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no.” 8 Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.” 9 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba. 10 Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.” 11 Bere a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsan buu wɔn bɛ foforo de kyerɛɛ wɔn se, Onyankopɔn ahenni no abɛn. 12 Ɔkae se, “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom se ɔrekɔ na wɔakosi no ɔhene. 13 Ansa na ɔrebefi nʼakwantu no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara mina du ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’ 14 “Kurom hɔfo no tee nʼahenni no ho asɛm no, wotuu nnipa kohuu mpanyimfo no se wɔmpɛ no. 15 “Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no. 16 “Odwumayɛni a odii kan ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho du.’ 17 “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’ 18 “Odwumayɛni a ɔto so abien no ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho anum.’ 19 “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mede nkurow anum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’ 20 “Ɔfoforo nso bɛkae se, ‘Me wura wo sika mina du a wode maa me no, mede siei, ɛno ni. 21 Na misuro wo, efisɛ wo ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ wo dea no, wugye na nea wunnuae nso no, wutwa.’ 22 “Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na migyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ me dea no migye; nea minnuae no, mitwa. 23 Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebae yi menya ho nsiho.’ 24 “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a na wogyina hɔ no se, ‘Munnye sika no mfi ne nsam mfa mma nea ɔde ne de yɛɛ adwuma nyaa mmɔho du no.’ 25 “Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika bebree!’ 26 “Owura no kae se, ‘Merema mo ate ase sɛ, nea ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea ɔwɔ kakraa bi no, nea ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam. 27 Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra mʼanim ha na munkum wɔn!’ ” 28 Yesu kaa nsɛm yi wiee no, odii nʼasuafo no kan kɔɔ Yerusalem. 29 Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw so no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se, 30 “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me. 31 Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’ ” 32 Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no. 33 Bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan aboa no?” 34 Wobuaa wɔn se, “Ne ho hia Awurade.” 35 Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so. 36 Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so. 37 Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, nʼakyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se, 38 “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohɔ!” 39 Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ wʼakyidifo no na wommua wɔn ano!” 40 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.” 41 Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no, osu maa mu nnipa no se, 42 “Mo a anka asomdwoe yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan, nanso mo nsa renka da! 43 Nna bi bɛba a mo atamfo bɛba abɛtoa mo aka mo ahyɛ, 44 atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.” 45 Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se, 46 “Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’ ” 47 Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no akyere no akum no. 48 Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ bere nyinaa na nnipa akyere no so retie no.

In Other Versions

Luke 19 in the ANGEFD

Luke 19 in the ANTPNG2D

Luke 19 in the AS21

Luke 19 in the BAGH

Luke 19 in the BBPNG

Luke 19 in the BBT1E

Luke 19 in the BDS

Luke 19 in the BEV

Luke 19 in the BHAD

Luke 19 in the BIB

Luke 19 in the BLPT

Luke 19 in the BNT

Luke 19 in the BNTABOOT

Luke 19 in the BNTLV

Luke 19 in the BOATCB

Luke 19 in the BOBCV

Luke 19 in the BOCNT

Luke 19 in the BOECS

Luke 19 in the BOGWICC

Luke 19 in the BOHCB

Luke 19 in the BOHCV

Luke 19 in the BOHLNT

Luke 19 in the BOHNTLTAL

Luke 19 in the BOICB

Luke 19 in the BOILNTAP

Luke 19 in the BOITCV

Luke 19 in the BOKCV

Luke 19 in the BOKCV2

Luke 19 in the BOKHWOG

Luke 19 in the BOKSSV

Luke 19 in the BOLCB

Luke 19 in the BOLCB2

Luke 19 in the BOMCV

Luke 19 in the BONAV

Luke 19 in the BONCB

Luke 19 in the BONLT

Luke 19 in the BONUT2

Luke 19 in the BOPLNT

Luke 19 in the BOSCB

Luke 19 in the BOSNC

Luke 19 in the BOTLNT

Luke 19 in the BOVCB

Luke 19 in the BOYCB

Luke 19 in the BPBB

Luke 19 in the BPH

Luke 19 in the BSB

Luke 19 in the CCB

Luke 19 in the CUV

Luke 19 in the CUVS

Luke 19 in the DBT

Luke 19 in the DGDNT

Luke 19 in the DHNT

Luke 19 in the DNT

Luke 19 in the ELBE

Luke 19 in the EMTV

Luke 19 in the ESV

Luke 19 in the FBV

Luke 19 in the FEB

Luke 19 in the GGMNT

Luke 19 in the GNT

Luke 19 in the HARY

Luke 19 in the HNT

Luke 19 in the IRVA

Luke 19 in the IRVB

Luke 19 in the IRVG

Luke 19 in the IRVH

Luke 19 in the IRVK

Luke 19 in the IRVM

Luke 19 in the IRVM2

Luke 19 in the IRVO

Luke 19 in the IRVP

Luke 19 in the IRVT

Luke 19 in the IRVT2

Luke 19 in the IRVU

Luke 19 in the ISVN

Luke 19 in the JSNT

Luke 19 in the KAPI

Luke 19 in the KBT1ETNIK

Luke 19 in the KBV

Luke 19 in the KJV

Luke 19 in the KNFD

Luke 19 in the LBA

Luke 19 in the LBLA

Luke 19 in the LNT

Luke 19 in the LSV

Luke 19 in the MAAL

Luke 19 in the MBV

Luke 19 in the MBV2

Luke 19 in the MHNT

Luke 19 in the MKNFD

Luke 19 in the MNG

Luke 19 in the MNT

Luke 19 in the MNT2

Luke 19 in the MRS1T

Luke 19 in the NAA

Luke 19 in the NASB

Luke 19 in the NBLA

Luke 19 in the NBS

Luke 19 in the NBVTP

Luke 19 in the NET2

Luke 19 in the NIV11

Luke 19 in the NNT

Luke 19 in the NNT2

Luke 19 in the NNT3

Luke 19 in the PDDPT

Luke 19 in the PFNT

Luke 19 in the RMNT

Luke 19 in the SBIAS

Luke 19 in the SBIBS

Luke 19 in the SBIBS2

Luke 19 in the SBICS

Luke 19 in the SBIDS

Luke 19 in the SBIGS

Luke 19 in the SBIHS

Luke 19 in the SBIIS

Luke 19 in the SBIIS2

Luke 19 in the SBIIS3

Luke 19 in the SBIKS

Luke 19 in the SBIKS2

Luke 19 in the SBIMS

Luke 19 in the SBIOS

Luke 19 in the SBIPS

Luke 19 in the SBISS

Luke 19 in the SBITS

Luke 19 in the SBITS2

Luke 19 in the SBITS3

Luke 19 in the SBITS4

Luke 19 in the SBIUS

Luke 19 in the SBIVS

Luke 19 in the SBT

Luke 19 in the SBT1E

Luke 19 in the SCHL

Luke 19 in the SNT

Luke 19 in the SUSU

Luke 19 in the SUSU2

Luke 19 in the SYNO

Luke 19 in the TBIAOTANT

Luke 19 in the TBT1E

Luke 19 in the TBT1E2

Luke 19 in the TFTIP

Luke 19 in the TFTU

Luke 19 in the TGNTATF3T

Luke 19 in the THAI

Luke 19 in the TNFD

Luke 19 in the TNT

Luke 19 in the TNTIK

Luke 19 in the TNTIL

Luke 19 in the TNTIN

Luke 19 in the TNTIP

Luke 19 in the TNTIZ

Luke 19 in the TOMA

Luke 19 in the TTENT

Luke 19 in the UBG

Luke 19 in the UGV

Luke 19 in the UGV2

Luke 19 in the UGV3

Luke 19 in the VBL

Luke 19 in the VDCC

Luke 19 in the YALU

Luke 19 in the YAPE

Luke 19 in the YBVTP

Luke 19 in the ZBP