Matthew 13 (BOATCB2)

1 Da no ara Yesu fii adi kɔtenaa mpoano. 2 Nnipakuw kyeree so wɔ hɔ a ɛmaa no kɔtenaa ɔkorow bi mu a na nnipakuw no nso gyinagyina mpoano hɔ. 3 Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mmebu mu se, “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. 4 Ogu so regu no, aba no bi guu ɔkwan mu maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa. 5 Bi nso koguu ɔbotan so. Ankyɛ na aba no fifii. 6 Esiane sɛ na dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so sua no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyewee. 7 Aba no bi nso guu nsɔe mu, na nsɔe no nyin no emiaa no. 8 Aba no bi guu asase pa mu. Enyin, sow aba mmɔho aduasa; bi aduosia na afoforo nso ɔha. 9 Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!” 10 Owiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn na daa wonam mmebu so kasa kyerɛ nnipa no?” 11 Yesu buaa wɔn se, “Mo de, wɔde Ɔsoro Ahenni ho ahintasɛm ama mo na wɔn de, wɔmmfa mmaa wɔn ɛ. 12 Nea ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ama abu no so. Na nea onni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam. 13 Nea enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn mmebu mu no ne sɛ, “Wohu de, nanso wonhu; wɔte de, na wɔnte ase. 14 Wɔn so na ɛnam ama Yesaia nkɔm a ɔhyɛe se, “ ‘Ɔte de, mobɛte, nanso morente ase; ohu de, mubehu, nanso morenhu no, aba mu. 15 Efisɛ ɔman yi koma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani behu ade, na wɔn aso ate asɛm na wɔn koma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.’ 16 Na mo de, wɔahyira mo ani efisɛ ehu ade; wɔahyira mo aso efisɛ ɛte asɛm. 17 Na me de, mereka akyerɛ mo se, adiyifo ne atreneefo pii pɛɛ sɛ wohu nea muhu no, nanso wɔanhu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte nea mote no, nanso wɔante. 18 “Afei muntie bɛ a ɛfa ogufo a okoguu aba wɔ nʼafum no no nkyerɛase. 19 Wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte ase no te sɛ aba a eguu ɔkwan mu no. Ɔbɔnefo no ba, behwim nea wɔadua wɔ wɔn koma mu no. 20 Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigye so mu. 21 Nanso asɛm no nnyina wɔ wɔn mu. Eyi nti ɛnkyɛ na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awu nti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa abaw. 22 Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapade ho dadwen nti ɛmma asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma. 23 Na aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, na wɔte ase. Wɔsow aba mmɔho aduasa; bi aduosia; na afoforo nso, ɔha.” 24 Yesu de bɛ foforo kaa asɛm se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ okuafo bi a oduaa aburow wɔ nʼafum. 25 Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa nwura fraa aburow a wadua no. 26 Aburow no renyin no, na nwura no nso renyin. 27 “Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’ 28 “Okuafo no buae se, ‘Ɔtamfo bi na oduae!’ “Apaafo no bisaa no se, ‘Wopɛ sɛ yekotutu saa nwura no ana?’ 29 “Obuaa wɔn se, ‘Dabi da!’ Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no. 30 Momma ne nyinaa nyin nkosi twabere na mama atwafo ayiyi nwura no afi aburow no mu ahyew no, na wɔde aburow no nso agu asan so.” 31 Yesu buu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafum. 32 Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ enyin a, ɛyɛ dutan kɛse ma nnomaa kosisi ne mman so.” 33 Obuu wɔn bɛ foforo se, “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.” 34 Yesu nam mmebu so ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. 35 Enti ɔhyɛɛ nea adiyifo no ahyɛ ho nkɔm no mma se:“Mɛkasa mmebu mu,na maka anwonwade mu ahintasɛm a efi adebɔ mfiase.” 36 Afei Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se ɔnkyerɛ wɔn bɛ a ɛfa nwura ne aburow ho no ase. 37 Yesu buaa wɔn se, “Me Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no. 38 Afuw no ne wiase, na aburow no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahenni no mma; nwura no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma. 39 Ɔtamfo a oduaa nwura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no yɛ wiase awiei; atwafo no ne abɔfo no. 40 “Sɛnea asɛnka no mu, wotutuu nwura no fii aburow no mu kɔhyew no no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase awiei. 41 Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi Ahenni no mu, 42 na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. 43 Na atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahenni no mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!” 44 Yesu toaa mmebu no so se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ademude bi a obi kohuu wɔ afuw bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no. 45 “Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ obi a odi nhene pa ho gua a ɔrehwehwɛ nhene pa atɔ. 46 Okonyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahode nyinaa de kɔtɔe!” 47 Yesu toaa so bio se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ obi a okoguu asau wɔ asu bi mu yii nsumnam ahorow bebree. 48 Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu na ɔtow nea enye no gui. 49 Saa ara na wiase awiei bɛyɛ. Abɔfo no bɛba abɛpaw abɔnefo no afi atreneefo no mu, 50 na wɔatow abɔnefo no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ. 51 “Mote ase?”Nʼasuafo no buaa no se, “Yiw.” 52 Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so se, “Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔabɛyɛ mʼasuafo no te sɛ ofiwura a wada nʼagyapade foforo ne dedaw nyinaa adi.” 53 Yesu wiee ne mmebu no, ofii faako a ɔwɔ hɔ no. 54 Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wotiee no no ho dwiriw wɔn. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na saa ɔbarima yi konyaa nyansa a ɔde yɛ anwonwade sɛɛ yi? 55 Ɛnyɛ dua dwumfo no ba no ni? Ɛnyɛ ne na ne Maria? Ɛnyɛ ne nua barimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? 56 Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na okonyaa eyinom nyinaa yi?” 57 Wɔn bo fuw no.Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo wɔ anuonyam baabiara, gye ne man mu anaa ne nkurɔfo mu!” 58 Esiane sɛ wɔannye no anni no nti, wanyɛ anwonwade bebree wɔ hɔ!

In Other Versions

Matthew 13 in the ANGEFD

Matthew 13 in the ANTPNG2D

Matthew 13 in the AS21

Matthew 13 in the BAGH

Matthew 13 in the BBPNG

Matthew 13 in the BBT1E

Matthew 13 in the BDS

Matthew 13 in the BEV

Matthew 13 in the BHAD

Matthew 13 in the BIB

Matthew 13 in the BLPT

Matthew 13 in the BNT

Matthew 13 in the BNTABOOT

Matthew 13 in the BNTLV

Matthew 13 in the BOATCB

Matthew 13 in the BOBCV

Matthew 13 in the BOCNT

Matthew 13 in the BOECS

Matthew 13 in the BOGWICC

Matthew 13 in the BOHCB

Matthew 13 in the BOHCV

Matthew 13 in the BOHLNT

Matthew 13 in the BOHNTLTAL

Matthew 13 in the BOICB

Matthew 13 in the BOILNTAP

Matthew 13 in the BOITCV

Matthew 13 in the BOKCV

Matthew 13 in the BOKCV2

Matthew 13 in the BOKHWOG

Matthew 13 in the BOKSSV

Matthew 13 in the BOLCB

Matthew 13 in the BOLCB2

Matthew 13 in the BOMCV

Matthew 13 in the BONAV

Matthew 13 in the BONCB

Matthew 13 in the BONLT

Matthew 13 in the BONUT2

Matthew 13 in the BOPLNT

Matthew 13 in the BOSCB

Matthew 13 in the BOSNC

Matthew 13 in the BOTLNT

Matthew 13 in the BOVCB

Matthew 13 in the BOYCB

Matthew 13 in the BPBB

Matthew 13 in the BPH

Matthew 13 in the BSB

Matthew 13 in the CCB

Matthew 13 in the CUV

Matthew 13 in the CUVS

Matthew 13 in the DBT

Matthew 13 in the DGDNT

Matthew 13 in the DHNT

Matthew 13 in the DNT

Matthew 13 in the ELBE

Matthew 13 in the EMTV

Matthew 13 in the ESV

Matthew 13 in the FBV

Matthew 13 in the FEB

Matthew 13 in the GGMNT

Matthew 13 in the GNT

Matthew 13 in the HARY

Matthew 13 in the HNT

Matthew 13 in the IRVA

Matthew 13 in the IRVB

Matthew 13 in the IRVG

Matthew 13 in the IRVH

Matthew 13 in the IRVK

Matthew 13 in the IRVM

Matthew 13 in the IRVM2

Matthew 13 in the IRVO

Matthew 13 in the IRVP

Matthew 13 in the IRVT

Matthew 13 in the IRVT2

Matthew 13 in the IRVU

Matthew 13 in the ISVN

Matthew 13 in the JSNT

Matthew 13 in the KAPI

Matthew 13 in the KBT1ETNIK

Matthew 13 in the KBV

Matthew 13 in the KJV

Matthew 13 in the KNFD

Matthew 13 in the LBA

Matthew 13 in the LBLA

Matthew 13 in the LNT

Matthew 13 in the LSV

Matthew 13 in the MAAL

Matthew 13 in the MBV

Matthew 13 in the MBV2

Matthew 13 in the MHNT

Matthew 13 in the MKNFD

Matthew 13 in the MNG

Matthew 13 in the MNT

Matthew 13 in the MNT2

Matthew 13 in the MRS1T

Matthew 13 in the NAA

Matthew 13 in the NASB

Matthew 13 in the NBLA

Matthew 13 in the NBS

Matthew 13 in the NBVTP

Matthew 13 in the NET2

Matthew 13 in the NIV11

Matthew 13 in the NNT

Matthew 13 in the NNT2

Matthew 13 in the NNT3

Matthew 13 in the PDDPT

Matthew 13 in the PFNT

Matthew 13 in the RMNT

Matthew 13 in the SBIAS

Matthew 13 in the SBIBS

Matthew 13 in the SBIBS2

Matthew 13 in the SBICS

Matthew 13 in the SBIDS

Matthew 13 in the SBIGS

Matthew 13 in the SBIHS

Matthew 13 in the SBIIS

Matthew 13 in the SBIIS2

Matthew 13 in the SBIIS3

Matthew 13 in the SBIKS

Matthew 13 in the SBIKS2

Matthew 13 in the SBIMS

Matthew 13 in the SBIOS

Matthew 13 in the SBIPS

Matthew 13 in the SBISS

Matthew 13 in the SBITS

Matthew 13 in the SBITS2

Matthew 13 in the SBITS3

Matthew 13 in the SBITS4

Matthew 13 in the SBIUS

Matthew 13 in the SBIVS

Matthew 13 in the SBT

Matthew 13 in the SBT1E

Matthew 13 in the SCHL

Matthew 13 in the SNT

Matthew 13 in the SUSU

Matthew 13 in the SUSU2

Matthew 13 in the SYNO

Matthew 13 in the TBIAOTANT

Matthew 13 in the TBT1E

Matthew 13 in the TBT1E2

Matthew 13 in the TFTIP

Matthew 13 in the TFTU

Matthew 13 in the TGNTATF3T

Matthew 13 in the THAI

Matthew 13 in the TNFD

Matthew 13 in the TNT

Matthew 13 in the TNTIK

Matthew 13 in the TNTIL

Matthew 13 in the TNTIN

Matthew 13 in the TNTIP

Matthew 13 in the TNTIZ

Matthew 13 in the TOMA

Matthew 13 in the TTENT

Matthew 13 in the UBG

Matthew 13 in the UGV

Matthew 13 in the UGV2

Matthew 13 in the UGV3

Matthew 13 in the VBL

Matthew 13 in the VDCC

Matthew 13 in the YALU

Matthew 13 in the YAPE

Matthew 13 in the YBVTP

Matthew 13 in the ZBP