Mark 1 (BOATCB2)

1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni. 2 Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se,“Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.” 3 “Obi nne reteɛ mu wɔ sare so,‘Munsiesie ɔkwan mma Awurade,mommɔ akwan a ɛteɛ mma no.’ ” 4 Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ sare so, ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. 5 Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 6 Na Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nwi na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. 7 Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan. 8 Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!” 9 Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu. 10 Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara pɛ, ohuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so. 11 Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.” 12 Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so. 13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a na wuram mmoa na ɛka ne ho. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri no, abɔfo ba bɛsom no. 14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. 15 Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!” 16 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau. 17 Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.” 18 Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi. 19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, na ɔbaako nso de Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. 20 Ɔfrɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. Ntɛm ara na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi. 21 Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. 22 Nnipa no tee asɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no. 23 Amono mu hɔ ara na ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teɛɛ mu se, 24 “Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!” 25 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mua wʼano! Fi ne mu kɔ!” 26 Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe. 27 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!” 28 Saa anwonwade a ɔyɛe yi ho nsɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa. 29 Wofii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi. 30 Na Simon asebea da mpa so a atiridii akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31 Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara na atiridii no tu fii ne so ma ofii ase twɛn wɔn. 32 Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare. 33 Kurow mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano, 34 na Yesu saa ayarefo bebree yare. Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no. 35 Ahemadakye a na anim ntetewee no, Yesu sɔre fii fie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpae wɔ hɔ. 36 Simon ne wɔn a wɔka ne ho fii adi kɔhwehwɛɛ no, 37 na wohuu no no, wɔteɛɛ mu kae se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo!” 38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.” 39 Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso. 40 Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ama me ho afi.” 41 Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mepɛ! Wo ho mfi!” 42 Amono mu hɔ ara, ne ho fi maa ne ho tɔɔ no! 43 Yesu bɔɔ nʼano denneennen se, 44 “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.” 45 Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛmu rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti na baabiara a ɔbɛkɔ no onnyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn.

In Other Versions

Mark 1 in the ANGEFD

Mark 1 in the ANTPNG2D

Mark 1 in the AS21

Mark 1 in the BAGH

Mark 1 in the BBPNG

Mark 1 in the BBT1E

Mark 1 in the BDS

Mark 1 in the BEV

Mark 1 in the BHAD

Mark 1 in the BIB

Mark 1 in the BLPT

Mark 1 in the BNT

Mark 1 in the BNTABOOT

Mark 1 in the BNTLV

Mark 1 in the BOATCB

Mark 1 in the BOBCV

Mark 1 in the BOCNT

Mark 1 in the BOECS

Mark 1 in the BOGWICC

Mark 1 in the BOHCB

Mark 1 in the BOHCV

Mark 1 in the BOHLNT

Mark 1 in the BOHNTLTAL

Mark 1 in the BOICB

Mark 1 in the BOILNTAP

Mark 1 in the BOITCV

Mark 1 in the BOKCV

Mark 1 in the BOKCV2

Mark 1 in the BOKHWOG

Mark 1 in the BOKSSV

Mark 1 in the BOLCB

Mark 1 in the BOLCB2

Mark 1 in the BOMCV

Mark 1 in the BONAV

Mark 1 in the BONCB

Mark 1 in the BONLT

Mark 1 in the BONUT2

Mark 1 in the BOPLNT

Mark 1 in the BOSCB

Mark 1 in the BOSNC

Mark 1 in the BOTLNT

Mark 1 in the BOVCB

Mark 1 in the BOYCB

Mark 1 in the BPBB

Mark 1 in the BPH

Mark 1 in the BSB

Mark 1 in the CCB

Mark 1 in the CUV

Mark 1 in the CUVS

Mark 1 in the DBT

Mark 1 in the DGDNT

Mark 1 in the DHNT

Mark 1 in the DNT

Mark 1 in the ELBE

Mark 1 in the EMTV

Mark 1 in the ESV

Mark 1 in the FBV

Mark 1 in the FEB

Mark 1 in the GGMNT

Mark 1 in the GNT

Mark 1 in the HARY

Mark 1 in the HNT

Mark 1 in the IRVA

Mark 1 in the IRVB

Mark 1 in the IRVG

Mark 1 in the IRVH

Mark 1 in the IRVK

Mark 1 in the IRVM

Mark 1 in the IRVM2

Mark 1 in the IRVO

Mark 1 in the IRVP

Mark 1 in the IRVT

Mark 1 in the IRVT2

Mark 1 in the IRVU

Mark 1 in the ISVN

Mark 1 in the JSNT

Mark 1 in the KAPI

Mark 1 in the KBT1ETNIK

Mark 1 in the KBV

Mark 1 in the KJV

Mark 1 in the KNFD

Mark 1 in the LBA

Mark 1 in the LBLA

Mark 1 in the LNT

Mark 1 in the LSV

Mark 1 in the MAAL

Mark 1 in the MBV

Mark 1 in the MBV2

Mark 1 in the MHNT

Mark 1 in the MKNFD

Mark 1 in the MNG

Mark 1 in the MNT

Mark 1 in the MNT2

Mark 1 in the MRS1T

Mark 1 in the NAA

Mark 1 in the NASB

Mark 1 in the NBLA

Mark 1 in the NBS

Mark 1 in the NBVTP

Mark 1 in the NET2

Mark 1 in the NIV11

Mark 1 in the NNT

Mark 1 in the NNT2

Mark 1 in the NNT3

Mark 1 in the PDDPT

Mark 1 in the PFNT

Mark 1 in the RMNT

Mark 1 in the SBIAS

Mark 1 in the SBIBS

Mark 1 in the SBIBS2

Mark 1 in the SBICS

Mark 1 in the SBIDS

Mark 1 in the SBIGS

Mark 1 in the SBIHS

Mark 1 in the SBIIS

Mark 1 in the SBIIS2

Mark 1 in the SBIIS3

Mark 1 in the SBIKS

Mark 1 in the SBIKS2

Mark 1 in the SBIMS

Mark 1 in the SBIOS

Mark 1 in the SBIPS

Mark 1 in the SBISS

Mark 1 in the SBITS

Mark 1 in the SBITS2

Mark 1 in the SBITS3

Mark 1 in the SBITS4

Mark 1 in the SBIUS

Mark 1 in the SBIVS

Mark 1 in the SBT

Mark 1 in the SBT1E

Mark 1 in the SCHL

Mark 1 in the SNT

Mark 1 in the SUSU

Mark 1 in the SUSU2

Mark 1 in the SYNO

Mark 1 in the TBIAOTANT

Mark 1 in the TBT1E

Mark 1 in the TBT1E2

Mark 1 in the TFTIP

Mark 1 in the TFTU

Mark 1 in the TGNTATF3T

Mark 1 in the THAI

Mark 1 in the TNFD

Mark 1 in the TNT

Mark 1 in the TNTIK

Mark 1 in the TNTIL

Mark 1 in the TNTIN

Mark 1 in the TNTIP

Mark 1 in the TNTIZ

Mark 1 in the TOMA

Mark 1 in the TTENT

Mark 1 in the UBG

Mark 1 in the UGV

Mark 1 in the UGV2

Mark 1 in the UGV3

Mark 1 in the VBL

Mark 1 in the VDCC

Mark 1 in the YALU

Mark 1 in the YAPE

Mark 1 in the YBVTP

Mark 1 in the ZBP