Mark 6 (BOATCB2)

1 Yesu fi faako a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafo no ka ne ho. 2 Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fii ase kyerɛkyerɛ maa dodow a wobetiee no ho dwiriw wɔn.Wobisae se, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, dɛn nyansa na wɔde ama no a nti otumi yɛ anwonwade yi? 3 Ɛnyɛ duadwumfo no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no ni? Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuw no. 4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo kurom, nʼabusuafo mu, ne ne fi na onni anuonyam.” 5 Wantumi anyɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. 6 Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwonwa.Na Yesu kyinkyinii nkuraase kyerɛkyerɛe. 7 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi wɔ ahonhommɔne so. 8 Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn ni, “Mommfa biribiara nkura gye mo pema nko ara; mommfa aduan anaa kotoku anaa sika. 9 Bio, mommfa mpaboa foforo anaa atade foforo nka nea ɛhyɛ mo yi ho. 10 Baabiara a mobɛkɔ no, montena ofi baako pɛ mu. Monnsesa mo atenae. 11 Na sɛ morefi kurow bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw, mfa nni adanse.” 12 Asuafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wohyiaa no no sɛ ɔnsakra nʼadwene, ntwe ne ho mfi ne bɔne ho. 13 Na wotutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare. 14 Ɔhene Herode tee eyi, efisɛ na Yesu din atrɛw. Ebinom kae se, “Osuboni Yohane no na wasan aba nkwa mu bio, enti na otumi yɛ anwonwade a ɔyɛ yi.” 15 Ebinom nso susuw sɛ, Yesu yɛ Odiyifo Elia na wasan aba.Afoforo nso kae se, odiyifo foforo bi a ɔte sɛ tete adiyifo akɛse no bi na waba. 16 Herode kae se, “Dabi, ɛyɛ Osuboni Yohane a mitwaa ne ti no. Wanyan afi owu mu.” 17 Saa bere no na Herode asoma asraafo ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, efisɛ na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no aware. 18 Osuboni Yohane ka kyerɛɛ Herode se, “Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere.” 19 Asɛm a Yohane kae no anyɛ Herodia nso dɛ, ma onyaa ne ho menasepɔw kae se, ɛsɛ sɛ wokum Yohane. Nanso ɔrentumi nkum no gye sɛ Herode ama no tumi. 20 Na Herode de obu ma Yohane, efisɛ na onim sɛ ɔyɛ onipa trenee. Eyi nti ɔbɔɔ ne ho ban. Bere biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yeraw no nanso eyi nyinaa akyi no, ɔde ntoboase tiee no. 21 Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo. 22 22-23 Herodia babea bɛsaw kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. Herode de ntam ka kyerɛɛ ababaa no se, “Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼaheman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!” 24 Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa no Osuboni Yohane ti!” 25 Ababaa yi de ahoɔhare san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mepɛ sɛ wode Osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me mprempren ara!” 26 Eyi maa ɔhene no werɛ howee, nanso esiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no nti, wammu bɔ a ɔhyɛɛ ne babea no so. 27 Herode somaa nʼasraafo no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkotwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kotwaa Osuboni Yohane ti, 28 na ɔde too prɛte mu brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na. 29 Bere a Yohane asuafo no tee nea asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kosiee no wɔ ɔboda bi mu. 30 Asomafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛɛ ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31 Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yɛntwe yɛn ho mfi nnipakuw yi ho na yɛnkɔhome kakra.” Nea ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wonnya kwan mpo na wɔadidi. 32 Yesu ne nʼasuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. 33 Nanso bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn ma wotuu mmirika faa mpoano hɔ kotwaa wɔn ho. 34 Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia wɔ hɔ. Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wohu. 35 Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha. 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni.” 37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma wɔn aduan nni.”Wobisaa no se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram asia akatua. Yɛnsɛe sika a ɛte saa mfa mma wɔn brodo nni ana?” 38 Yesu bisaa wɔn se, “Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.”Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wɔwɔ brodo anum ne mpataa abien.” 39 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw wɔ sare no so. 40 Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi yɛ ɔha na bi yɛ aduonum. 41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! 43 Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum; 44 na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. 45 Adidi no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔnkɔtena ɔkorow no mu, na wonni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuw no kwan na watiw wɔn. 46 Akyiri no, ɔkɔɔ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae. 47 Anadwo no a asuafo no te ɔkorow mu adu asu no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. 48 Ohuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ wɔ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho. 49 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. 50 Wɔn nyinaa huu no.Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!” 51 Afei ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Asuafo no ho dwiriw wɔn, 52 efisɛ na wɔnte aduanma no ase, na wɔapirim wɔn koma. 53 Wotwaa asu no baa Genesaret na woduu hɔ no, wɔde ɔkorow no baa mpoano. 54 Na wosi fii ɔkorow no mu no, nnipa a wogyinagyina hɔ no huu no. 55 Wotuu mmirika kyinii nkurow a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare deda wɔn akɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. 56 Na nkuraa ase anaa nkurow so baabiara a ɔkɔe no, wɔde ayarefo beguu mmɔnten so, srɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.

In Other Versions

Mark 6 in the ANGEFD

Mark 6 in the ANTPNG2D

Mark 6 in the AS21

Mark 6 in the BAGH

Mark 6 in the BBPNG

Mark 6 in the BBT1E

Mark 6 in the BDS

Mark 6 in the BEV

Mark 6 in the BHAD

Mark 6 in the BIB

Mark 6 in the BLPT

Mark 6 in the BNT

Mark 6 in the BNTABOOT

Mark 6 in the BNTLV

Mark 6 in the BOATCB

Mark 6 in the BOBCV

Mark 6 in the BOCNT

Mark 6 in the BOECS

Mark 6 in the BOGWICC

Mark 6 in the BOHCB

Mark 6 in the BOHCV

Mark 6 in the BOHLNT

Mark 6 in the BOHNTLTAL

Mark 6 in the BOICB

Mark 6 in the BOILNTAP

Mark 6 in the BOITCV

Mark 6 in the BOKCV

Mark 6 in the BOKCV2

Mark 6 in the BOKHWOG

Mark 6 in the BOKSSV

Mark 6 in the BOLCB

Mark 6 in the BOLCB2

Mark 6 in the BOMCV

Mark 6 in the BONAV

Mark 6 in the BONCB

Mark 6 in the BONLT

Mark 6 in the BONUT2

Mark 6 in the BOPLNT

Mark 6 in the BOSCB

Mark 6 in the BOSNC

Mark 6 in the BOTLNT

Mark 6 in the BOVCB

Mark 6 in the BOYCB

Mark 6 in the BPBB

Mark 6 in the BPH

Mark 6 in the BSB

Mark 6 in the CCB

Mark 6 in the CUV

Mark 6 in the CUVS

Mark 6 in the DBT

Mark 6 in the DGDNT

Mark 6 in the DHNT

Mark 6 in the DNT

Mark 6 in the ELBE

Mark 6 in the EMTV

Mark 6 in the ESV

Mark 6 in the FBV

Mark 6 in the FEB

Mark 6 in the GGMNT

Mark 6 in the GNT

Mark 6 in the HARY

Mark 6 in the HNT

Mark 6 in the IRVA

Mark 6 in the IRVB

Mark 6 in the IRVG

Mark 6 in the IRVH

Mark 6 in the IRVK

Mark 6 in the IRVM

Mark 6 in the IRVM2

Mark 6 in the IRVO

Mark 6 in the IRVP

Mark 6 in the IRVT

Mark 6 in the IRVT2

Mark 6 in the IRVU

Mark 6 in the ISVN

Mark 6 in the JSNT

Mark 6 in the KAPI

Mark 6 in the KBT1ETNIK

Mark 6 in the KBV

Mark 6 in the KJV

Mark 6 in the KNFD

Mark 6 in the LBA

Mark 6 in the LBLA

Mark 6 in the LNT

Mark 6 in the LSV

Mark 6 in the MAAL

Mark 6 in the MBV

Mark 6 in the MBV2

Mark 6 in the MHNT

Mark 6 in the MKNFD

Mark 6 in the MNG

Mark 6 in the MNT

Mark 6 in the MNT2

Mark 6 in the MRS1T

Mark 6 in the NAA

Mark 6 in the NASB

Mark 6 in the NBLA

Mark 6 in the NBS

Mark 6 in the NBVTP

Mark 6 in the NET2

Mark 6 in the NIV11

Mark 6 in the NNT

Mark 6 in the NNT2

Mark 6 in the NNT3

Mark 6 in the PDDPT

Mark 6 in the PFNT

Mark 6 in the RMNT

Mark 6 in the SBIAS

Mark 6 in the SBIBS

Mark 6 in the SBIBS2

Mark 6 in the SBICS

Mark 6 in the SBIDS

Mark 6 in the SBIGS

Mark 6 in the SBIHS

Mark 6 in the SBIIS

Mark 6 in the SBIIS2

Mark 6 in the SBIIS3

Mark 6 in the SBIKS

Mark 6 in the SBIKS2

Mark 6 in the SBIMS

Mark 6 in the SBIOS

Mark 6 in the SBIPS

Mark 6 in the SBISS

Mark 6 in the SBITS

Mark 6 in the SBITS2

Mark 6 in the SBITS3

Mark 6 in the SBITS4

Mark 6 in the SBIUS

Mark 6 in the SBIVS

Mark 6 in the SBT

Mark 6 in the SBT1E

Mark 6 in the SCHL

Mark 6 in the SNT

Mark 6 in the SUSU

Mark 6 in the SUSU2

Mark 6 in the SYNO

Mark 6 in the TBIAOTANT

Mark 6 in the TBT1E

Mark 6 in the TBT1E2

Mark 6 in the TFTIP

Mark 6 in the TFTU

Mark 6 in the TGNTATF3T

Mark 6 in the THAI

Mark 6 in the TNFD

Mark 6 in the TNT

Mark 6 in the TNTIK

Mark 6 in the TNTIL

Mark 6 in the TNTIN

Mark 6 in the TNTIP

Mark 6 in the TNTIZ

Mark 6 in the TOMA

Mark 6 in the TTENT

Mark 6 in the UBG

Mark 6 in the UGV

Mark 6 in the UGV2

Mark 6 in the UGV3

Mark 6 in the VBL

Mark 6 in the VDCC

Mark 6 in the YALU

Mark 6 in the YAPE

Mark 6 in the YBVTP

Mark 6 in the ZBP